Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔfã 2 Nnianim Nsɛm

Ɔfã 2 Nnianim Nsɛm

Tete no, adɛn nti na Yehowa de nsuyiri sɛee wiase? Bere a Onyankopɔn bɔɔ nnipa no, ankyɛ na nneɛma sesae. Ebinom fii ase yɛɛ bɔne, ɛnna ebinom nso yɛɛ adepa. Nnipa bi te sɛ Adam, Hawa ne wɔn ba Kain yɛɛ bɔne. Nanso nnipa kakraa bi te sɛ Habel ne Noa yɛɛ adepa. Saa bere no, nnipa pii yɛɛ bɔne paa ma Yehowa sɛee wiase. Adesua yi bɛma yɛahu sɛ, sɛ yɛyɛ adepa anaa adebɔne a, Yehowa hu. Ɔremma kwan mma bɔne ntena hɔ daa.

IN THIS SECTION

ADESUA 3

Adam ne Hawa Yɛɛ Onyankopɔn So Asoɔden

Ɛdɛn na ɛmaa dua baako yɛɛ soronko wɔ Eden turom? Ɛdɛn na ɛmaa Hawa dii aduaba no?

ADESUA 4

Abufuw Maa Obi Kum Nipa

Onyankopɔn ani sɔɔ Habel afɔre no, nanso n’ani ansɔ Kain deɛ. Kain huu saa no, ne bo fuwii, na ɔyɛɛ bɔne kɛse bi.

ADESUA 5

Noa Adaka

Bere a abɔfo bi fi soro baa asase so bɛwaree mmaa no, wɔne wɔn woo mma. Mmofra no bɛyɛɛ abran asisifo. Ná nneɛma bɔne rekɔ so wɔ baabiara. Nanso Noa deɛ, na ɔyɛ soronko. Ná ɔdɔ Onyankopɔn, na otiee no.

ADESUA 6

Nnipa Nwɔtwe Nyaa Nkwa Kɔɔ Wiase Foforo Bi Mu

Nsu tɔɔ nna mmaako mmaako 40 awia ne anadwo maa eyiri faa baabiara. Bere a Noa ne n’abusua kɔhyɛɛ adaka no mu no, edii bɛboro afe baako ansa na Yehowa reka akyerɛ wɔn sɛ wompue.