Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔfã 3 Nnianim Nsɛm

Ɔfã 3 Nnianim Nsɛm

Nsuyiri no akyi no, nnipa kakraa bi na Bible bɔɔ wɔn din sɛ wɔsom Yehowa. Saa nkurɔfo no bi ne Abraham a wɔbɛfrɛɛ no Yehowa adamfo no. Adɛn nti na wɔfrɛɛ no Yehowa adamfo? Sɛ woyɛ ɔwofo a, boa wo ba ma onhu sɛ Yehowa pɛ n’asɛm paa, na ɔpɛ sɛ ɔboa no. Abraham, Lot, Yakob, ne mmarima foforo a wɔsom Yehowa ka kyerɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn. Yɛn nso yebetumi ayɛ saa. Yebetumi agye adi sɛ nea Yehowa aka biara, ɔbɛyɛ.

IN THIS SECTION

ADESUA 7

Babel Abansoro Tenteenten

Nnipa bi yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkyekye kurow kɛse anaa wobesisi dan na wɔasi abansoro tenteenten ama ne tenten akodu soro. Adɛn nti na Onyankopɔn maa wɔn kasa sesae prɛko pɛ?

ADESUA 8

Abraham ne Sara Tiee Onyankopɔn

Adɛn nti na Abraham ne Sara tu fii wɔn kurom kodii atutena wɔ Kanaan asase so?

ADESUA 9

Afei Deɛ, Wɔawo Ɔbabarima!

Na Onyankopɔn bɛyɛ dɛn ama ɛbɔ a wahyɛ Abraham no abam? Abraham ba bɛn na na ɛbɛfa ne so abam—Isak anaa Ismael?

ADESUA 10

Kae Lot Yere No

Onyankopɔn maa ogya ne sufre tɔ guu Sodom ne Gomora so. Ɛyɛɛ dɛn na wɔsɛee nkurow mmienu no? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkae Lot yere no?

ADESUA 11

Gyidi Ho Sɔhwɛ

Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ: ‘Mesrɛ wo, fa wo ba koro no kɔ Moria asase so kɔbɔ afɔre wɔ mmepɔw no mu ma me.’ Ná Abraham bɛyɛ dɛn agyina gyidi ho sɔhwɛ yi ano?

ADESUA 12

Yakob Nyaa Agyapade No

Isak ne Rebeka woo mmabarima mmienu. Ná wɔyɛ ntafo. Wɔfrɛ wɔn Esau ne Yakob. Esau na wodii kan woo no, enti na obenya agyapade soronko bi. Adɛn nti na ɔde sesaa aduan?

ADESUA 13

Yakob ne Esau Siesiee Wɔn Ntam

Ɛyɛɛ dɛn na Yakob nyaa nhyira fii ɔbɔfo hɔ? Ɔkwan bɛn na Yakob faa so siesiee ɔne Esau ntam?