Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔfã 4 Nnianim Nsɛm

Ɔfã 4 Nnianim Nsɛm

Yɛbɛka Yosef, Hiob, Mose ne Israelfo ho asɛm wɔ ɔfã yi mu. Wɔn nyinaa, Ɔbonsam ma wohuu amane. Nkurɔfo yɛɛ wɔn mu bi bɔne, wɔde ebinom too afiase, wɔyɛɛ ebinom nkoa, na afoforo nso wuwui. Nanso Yehowa faa akwan pii so bɔɔ wɔn ho ban. Sɛ woyɛ ɔwofo a, boa wo ba ma onhu sɛ saa nnipa yi huu amane bebree, nanso wɔannyae Yehowa som.

Yehowa de Ɔhaw Du baa Egyptfo no so. Ɛno maa nkurɔfo huu sɛ ɔwɔ ahoɔden sen Egyptfo anyame nyinaa. Ma wo ba no nhu sɛnea Yehowa bɔɔ ne nkurɔfo ho ban tete no ne sɛnea ɔbɔ ne nkurɔfo ho ban nnɛ.

IN THIS SECTION

ADESUA 14

Akoa Bi a Ɔyɛɛ Nea Onyankopɔn Pɛ

Yosef yɛɛ adepa, nanso ohyiaa ɔhaw a emu yɛ den. Adɛn ntia?

ADESUA 15

Yehowa Werɛ Amfi Yosef Da

Ɛwom sɛ na Yosef mmɛn n’abusuafo koraa deɛ, nanso Onyankopɔn ma ohuu sɛ ɔka ne ho.

ADESUA 16

Ná Hiob Yɛ Onipa Bɛn?

Bere a na nneɛma mu yɛ den ma Hiob mpo no, otiee Yehowa.

ADESUA 17

Mose Yɛɛ N’adwene sɛ Ɔbɛsom Yehowa

Bere a Mose yɛ abofra no, ne maame nyansa nti, wɔannya no ankum no.

ADESUA 18

Nwura a Ɛredɛw

Adɛn nti na ogya no anhyew nwura no?

ADESUA 19

Ɔhaw Mmiɛnsa a Edi Kan

Farao kɔfaa ɔhaw baa ne nkurɔfo so, efisɛ na ommu ade koraa. Ade ketewa bi a wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no, wanyɛ.

ADESUA 20

Ɔhaw Nsia a Edi Hɔ

Nsonsonoe bɛn na na ɛwɔ ɔhaw wei ne mmiɛnsa a edi kan no mu?

ADESUA 21

Ɔhaw a Ɛto so Du

Ɔhaw yi sɛee ade paa ma enti awiei koraa no, Farao a na ommu ade no maa Israelfo no kɔe.

ADESUA 22

Anwonwade Bi Sii Wɔ Po Kɔkɔɔ no Ho

Ɔhaw du no deɛ, Farao anwu. Nanso anwonwade a esii wɔ Po Kɔkɔɔ ho no deɛ, wohwɛ a, onyaa ne ti didii mu anaa?