Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔfã 5 Nnianim Nsɛm

Ɔfã 5 Nnianim Nsɛm

Bere a Israelfo no twaa Po Kɔkɔɔ no, bosome mmienu akyi na woduu Bepɔw Sinai ho. Yehowa ne Israel man no yɛɛ apam wɔ hɔ. Apam no nti, Yehowa de wɔn yɛɛ ne man titiriw. Yehowa bɔɔ wɔn ho ban, na biribiara a wohia no, ɔde maa wɔn. Ɔmaa wɔn mana dii, na ɔmaa wɔn baabi pa nso tenae. Saa ara nso na wɔn ntade antetew. Sɛ woyɛ ɔwofo a, boa wo ba ma onhu nea enti a Yehowa de Mmara no maa Israelfo no, na ɔsan de ntamadan ne asɔfo maa wɔn. Si so dua ma onhu nea enti a sɛ yɛhyɛ bɔ a, ɛsɛ sɛ yedi so, ɛne nea enti a ɛsɛ sɛ yɛkɔ so brɛ yɛn ho ase, na yedi Yehowa nokware bere nyinaa.

IN THIS SECTION

ADESUA 23

Wɔhyɛɛ Yehowa Bɔ

Israelfo no hyɛɛ Onyankopɔn bɔ titiriw bi bere a na wɔregye wɔn ahome wɔ Bepɔw Sinai ase no.

ADESUA 24

Wɔanni Wɔn Bɔhyɛ So

Bere a Mose regye Nsɛm Du no, nkurɔfo no yɛɛ bɔne bi a emu yɛ duru.

ADESUA 25

Wosii Ntamadan a Wɔbɛsom Onyankopɔn Wom

Ná apam adaka no si ntamadan soronko yi mu.

ADESUA 26

Akwansrafo Dumienu

Ná ɛsono Yosua ne Kaleb, ɛnna ɛsono mmarima du a aka a wɔkɔhwɛɛ Kanaan asase no.

ADESUA 27

Wɔyɛɛ Asoɔden Tiaa Yehowa

Ná Kora, Datan, Abiram, ne mmarima 250 no nnim Yehowa yiye.

ADESUA 28

Balaam Afurum Kasae

Obi a na Balaam ntumi nhu no no, afurum no huu no.