Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔfã 6 Nnianim Nsɛm

Ɔfã 6 Nnianim Nsɛm

Bere a Israelfo duu Bɔhyɛ Asase so no, ntamadan no bɛyɛɛ beae titiriw a wɔsom Onyankopɔn. Asɔfo na na wɔkyerɛkyerɛ Mmara no. Atemmufo nso na na wodi ɔman no anim. Ɔfã yi bɛma yɛahu sɛ, sɛ obi si gyinae bi anaasɛ ɔyɛ biribi a, etumi ka nnipa foforo paa. Ná ɛsɛ sɛ Israelni biara tie Yehowa na ɔma ne yɔnko nipa ho hia no. Kyerɛkyerɛ mu sɛ Debora, Naomi, Yosua, Hana, Yefta babaa no, ne Samuel bɔɔ bra pa. Kyerɛ sɛnea nnipa a wɔne wɔn tenae no nyaa wɔn so mfaso. Si so dua sɛ nnipa bi a na wɔnyɛ Israelfo mpo de wɔn ho bɔɔ Israelfo no, efisɛ na wonim sɛ Onyankopɔn ka wɔn ho. Wɔn mu bi ne Rahab, Rut, Yael, ne Gibeonfo no.

IN THIS SECTION

ADESUA 29

Yehowa Yii Yosua

Akwankyerɛ a Onyankopɔn de maa Yosua no, ɛnnɛ nso ebetumi aboa yɛn.

ADESUA 30

Rahab De Akwansrafo no Siei

Yeriko afasu no dwiriw gui. Ɛwom sɛ na Rahab fie no si ɔfasu no so deɛ, nanso ammubu.

ADESUA 31

Yosua ne Gibeonfo No

Yosua bɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ: “Owia, gyina!” Onyankopɔn tiei anaa?

ADESUA 32

Ɔkannifo Foforo ne Mmaa Mmienu a Wɔwɔ Akokoduru

Yosua wui no, Israelfo no fii ase som abosom. Ná wɔrebrɛ, nanso Yehowa nam Ɔtemmufo Barak, odiyifobaa Debora, ne Yael so boaa wɔn.

ADESUA 33

Rut ne Naomi

Mmaa mmienu bi a wɔn kununom awu resan akɔ Israel. Wɔn mu baako ne Rut. Ɔkɔyɛɛ adwuma wɔ afuw mu; ɛhɔ na Boas huu no.

ADESUA 34

Gideon Dii Midianfo So Nkonim

Bere a Midianfo maa Israelfo no ho kyeree wɔn no, Israelfo no su frɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn. Ɛyɛɛ dɛn na Gideon asogyafo kakra yi tumi dii wɔn atamfo a na wɔn dodow si 135,000 no so nkonim?

ADESUA 35

Hanah Bɔɔ Mpae Hwehwɛɛ Ɔbabarima

Ná Elkana de Hanah, Penina, ne mmofra no kɔ Silo kɔsom wɔ asɔrefie. Ɛhɔ na Hanah bɔɔ mpae hwehwɛɛ ɔbabarima. Afe akyi, Hanah woo Samuel!

ADESUA 36

Yefta Bɔhyɛ

Ɛbɔ bɛn na Yefta hyɛe, na adɛn ntia? Dɛn na Yefta babaa no yɛe wɔ ne papa bɔhyɛ no ho?

ADESUA 37

Yehowa ne Samuel Kasae

Ná Ɔsɔfo Panyin Eli mmabarima mmienu no som sɛ asɔfo wɔ asɔrefie hɔ, nanso wɔanni Onyankopɔn mmara so. Ná abofra Samuel yɛ soronko. Yehowa kasa kyerɛɛ Samuel.

ADESUA 38

Yehowa Maa Samson Ahoɔden

Onyankopɔn maa Samson ahoɔden ma ɔko tiaa Filistifo no. Nanso bere a Samson sii gyinae bɔne no, Filistifo no kyeree no.