Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔfã 7 Nnianim Nsɛm

Ɔfã 7 Nnianim Nsɛm

Ɔfã yi bɛka Ɔhene Saul ne Ɔhene Dawid asetena mu nsɛm. Nsɛm a yɛrebɛka yi nyinaa sisii bɛyɛ mfe 80 ntam. Mfiase no, na Saul brɛ ne ho ase, na na osuro Onyankopɔn. Nanso ankyɛ na ɔsesae. Afei deɛ, na ontie Yehowa bio. Wei maa Yehowa poo no. Bere bi akyi no, Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ Dawid na ɔbɛyɛ Israel hene a odi hɔ enti ɔnkɔsra no ngo. Ahoɔyaw nti, Saul bɔɔ mmɔden mpɛn pii sɛ obekum Dawid. Nanso Dawid anyɛ biribiara amfa antua no ka. Ná Saul ba Yonatan nim sɛ Yehowa na apaw Dawid, enti odii Dawid nokware, na ɔtaa n’akyi. Dawid yɛɛ bɔne ahorow bi a emu yɛ duru, nanso wampo Yehowa nteɛso da. Sɛ woyɛ ɔwofo a, boa wo ba ma onhu sɛ, ɛho hia sɛ bere nyinaa odi Yehowa nhyehyɛe akyi.

IN THIS SECTION

ADESUA 39

Israel Hene a Odi Kan

Onyankopɔn maa Israelfo no atemmufo sɛ wonni wɔn anim. Nanso Israelfo no kaa sɛ wɔpɛ ɔhene. Samuel sraa Saul sɛ ɔhene a odi kan, nanso akyiri yi Yehowa poo Saul. Adɛn ntia?

ADESUA 40

Dawid ne Goliat

Yehowa paw Dawid sɛ ɔnyɛ Israel hene a odi hɔ. Dawid kyerɛɛ nea enti a ɔfata sɛ Yehowa paw no.

ADESUA 41

Dawid ne Saul

Adɛn nti na mmarima yi mu baako tan ne yɔnko? Nea wɔtan no no, ɔyɛɛ n’ade sɛn?

ADESUA 42

Yonatan Wɔ Akokoduru na Ɔyɛ Ɔnokwafo

Ɔhene ba no ne Dawid faa adamfo denneennen.

ADESUA 43

Ɔhene Dawid Yɛɛ Bɔne

Obi yɛɛ bɔne, na ɛkɔfaa ɔhaw pii bae.