Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔfã 8 Nnianim Nsɛm

Ɔfã 8 Nnianim Nsɛm

Yehowa hyiraa Solomon na ɔmaa no nyansa bebree. Afei ɔmaa no sii asɔrefie no, nanso nkakrankakra Solomon gyaee Yehowa akyi di. Sɛ woyɛ ɔwofo a, kyerɛkyerɛ wo mma ma wonhu sɛnea abosonsomfo daadaa Solomon ma ogyaee Onyankopɔn akyi di. Wɔkyɛɛ ahenni no mu mmienu, na ahemfo bɔne maa ɔman no gyaee Yehowa som kɔsom abosom. Saa bere no nyinaa, wɔtaa Yehowa adiyifo pii a wodi nokware no, na wokum wɔn. Ɔhemmaa Yesebel maa wɔn a wɔwɔ atifi fam ahemman mu no gyaee Onyankopɔn som koraa. Saa bere no, na nneɛma nkɔ yiye koraa wɔ Israel. Nanso, na Israelfo no mu pii da so ara di Yehowa nokware. Wɔn mu bi ne Ɔhene Yehosafat ne odiyifo Elia.

IN THIS SECTION

ADESUA 44

Wosii Asɔrefie Maa Yehowa

Onyankopɔn penee Ɔhene Solomon adesrɛ so, na ɔmaa no hokwan akɛse.

ADESUA 45

Wɔkyɛɛ Ahenni Bi Mu

Israelfo pii gyaee Yehowa som.

ADESUA 46

Sɔhwɛ Bi Kɔɔ so wɔ Bepɔw Karmel So

Hena ne nokware Nyankopɔn no? Yehowa anaa Baal?

ADESUA 47

Yehowa Hyɛɛ Elia Den

Wohwɛ a wo nso, ɔbɛhyɛ wo den anaa?

ADESUA 48

Okunafo Bi Babarima San Baa Nkwa Mu

Wɔyɛɛ anwonwade mmienu wɔ fie baako mu!

ADESUA 49

Wɔtwee Ɔhemmaa Tirimɔdenfo Bi Aso

Yesebel yɛɛ n’adwene sɛ obekum Nabot na ama wawia ne bobeturo no! Yehowa huu ne bɔne no.

ADESUA 50

Yehowa Ko Maa Yehosafat

Ɔhempa Yehosafat bɔɔ Onyankopɔn mpae bere a atamfo bae sɛ wɔne Yudafo rebɛko no.