Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔfã 9 Nnianim Nsɛm

Ɔfã 9 Nnianim Nsɛm

Ɔfã yi bɛma yɛahu mmofra, adiyifo, ne ahene a wonyaa gyidi kɛse wɔ Yehowa mu. Israelni abaayewa bi a na ɔwɔ Siria nyaa Yehowa diyifo mu gyidi sɛ obetumi asa Naaman yare. Odiyifo Elisa de ne ho too Yehowa so koraa sɛ ɔbɛbɔ ne ho ban afi asogyafo a wɔtan no no ho. Ɔsɔfo panyin Yehoiada bɔɔ abofra Yehoas ho ban fii ne nanabaa Atalia ho. Nea ɔyɛe yi, na anka ebetumi ama wɔakum no. Ná Ɔhene Hesekia gye di sɛ Yehowa begye Yerusalem. Enti bere a Asiriafo hunahunaa no mpo no, wansuro wɔn. Ɔhene Yosia yii abosonsom fii asase no so, na osiesiee asɔrefie no. Ɔboaa ɔman no maa wɔsan som Yehowa bio.

IN THIS SECTION

ADESUA 51

Sogyani Panyin ne Abaayewa Bi

Israelni abaayewa bi kaa Yehowa tumi kɛse ho asɛm kyerɛɛ ne maame a na ɔne no te, na anwonwade bi fii mu bae.

ADESUA 52

Yehowa Abɔfodɔm a Ɛredɛw sɛ Ogya

Nea ɛmaa Elisa somfo no huu sɛ ‘wɔn a wɔka wɔn ho no dɔɔso sen wɔn a wɔka Asiria asogyafo no ho.’

ADESUA 53

Yehoiada Daa Akokoduru Adi

Ɔsɔfo nokwafo bi siw ɔhemmaa tirimɔdenfo bi kwan.

ADESUA 54

Yehowa Nyaa Yona Ho Abotare

Ɛyɛɛ dɛn na apataa kɛse bi menee Onyankopɔn diyifo bi? Ɛyɛɛ dɛn na odiyifo no fii apataa no yam? Dɛn na Yehowa ma osuae?

ADESUA 55

Yehowa Bɔfo Bɔɔ Hesekia Ho Ban

Yudafo atamfo kaa sɛ Yehowa rentumi mmɔ ne nkurɔfo ho ban, nanso na ɛnyɛ nokware!

ADESUA 56

Ná Yosia Ani Gye Onyankopɔn Mmara Ho

Yosia bɛyɛɛ Yuda hene no, na wadi mfe nwɔtwe. Ɔboaa ne nkurɔfo no ma wɔsom Yehowa.