Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔfã 12 Nnianim Nsɛm

Ɔfã 12 Nnianim Nsɛm

Yesu kaa ɔsoro Ahenni no ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo. Ɔsan kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmɔ mpae sɛ Onyankopɔn din ho ntew, n’Ahenni mmra, na n’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so. Sɛ woyɛ ɔwofo a, kyerɛkyerɛ wo ba ma onhu sɛnea saa mpaebɔ no fa yɛn ho. Yesu amma Satan ansɛe ɔne Onyankopɔn ntam. Yesu paw n’asomafo no, na ɔma wɔbɛyɛɛ Ahenni no mufo a wodi kan. Hyɛ no nsow sɛ, na Yesu mfa nokware som nni agorɔ koraa. Esiane sɛ na Yesu pɛ sɛ ɔboa nkurɔfo nti, ɔsaa ayarefo yare, ɔmaa wɔn a ɔkɔm de wɔn aduan dii, na mpo onyanee awufo baa nkwa mu bio. Yesu yɛɛ saa anwonwade yi de kyerɛɛ nea Ahenni no bɛyɛ ama nnipa.

IN THIS SECTION

ADESUA 74

Yesu Bɛyɛɛ Mesia

Yohane kaa sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Guammaa. Ná Yohane kyerɛ sɛn?

ADESUA 75

Ɔbonsam Sɔɔ Yesu Hwɛe

Ɔbonsam sɔɔ Yesu hwɛe mprɛnsa. Nneɛma mmiɛnsa bɛn na ɔde sɔɔ no hwɛe? Dɛn na Yesu yɛɛ wɔ ho?

ADESUA 76

Yesu Pamoo Nkurɔfo a Wɔregu Asɔrefie no Ho Fĩ

Adɛn nti na Yesu pamoo mmoa fii asɔrefie hɔ na opiapiaa wɔn a wɔsesa sika no apon guu fam?

ADESUA 77

Ɔbaa Bi a Ɔwɔ Abura Ho

Yesu ne Samariani baa bi kasae wɔ Yakob abura ho, na ɔbaa no ho dwiriw no. Adɛn ntia? Asɛm bi a Yesu nka nkyerɛɛ obiara da no, ɔka kyerɛɛ ɔbaa no. Ɛyɛ asɛm bɛn?

ADESUA 78

Yesu Kaa Ahenni no Ho Asɛm

Yesu too nsa frɛɛ n’akyidifo no bi sɛ ‘wommeyi nnipa.’ Akyiri yi, ɔtetee n’asuafo no mu 70 sɛ wɔnkɔka asɛmpa no.

ADESUA 79

Yesu Yɛɛ Anwonwade Pii

Baabiara a Yesu kɔe no, ayarefo baa ne kyɛn bɛpɛɛ ayaresa, na ɔsaa wɔn nyinaa yare. Abaayewa bi a owui mpo, onyanee no.

ADESUA 80

Yesu Yii Asomafo Dumienu

Dɛn nti na oyii wɔn? Wokae wɔn din?

ADESUA 81

Yesu Kɔɔ Asɛnka Wɔ Bepɔw So

Yesu kyerɛkyerɛɛ nnipakuw maa wosuaa biribi titiriw bi.

ADESUA 82

Yesu Kyerɛɛ N’asuafo Sɛnea Yɛbɔ Mpae

Nneɛma bɛn na Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔnkɔ so mmisa?

ADESUA 83

Yesu Maa Nnipa Mpempem Aduan Dii

Dɛn na anwonwade yi ma yehu fa Yesu ne Yehowa ho?

ADESUA 84

Yesu Nantew Nsu So

Wohwɛ a, asomafo no bɛte nka sɛn bere a wohuu anwonwade yi?

ADESUA 85

Yesu Saa Yare Homeda

Adɛn nti na ebinom ani annye nea Yesu yɛe no ho?

ADESUA 86

Yesu Nyanee Lasaro

Bere a Yesu huu sɛ Maria resu no, ɔno nso sui. Nanso ankyɛ na wɔn su no dan anigye.