Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

DWOM 19

Awurade Anwummeduan

Awurade Anwummeduan

(Mateo 26:26-30)

  1. 1. O Ye-ho-wa, yɛn so-ro A-gya,

    Ɛn-nɛ yɛ da ti-t’riw am-pa!

    Yɛa-hu w’a-tɛn-tre-nee ne wo tu-mi kɛ-se.

    Yɛa-hu wo dɔ ne wo nyan-sa.

    Wo-maa I-srael-fo kum Twam guan no.

    Wo-nam ɛ-no so gyee wɔn nkwa.

    Na m-fe pii a-kyi, wo-de Kris-to maa yɛn.

    Ne mo-gya na ɔ-de gyee yɛn nkwa.

  2. 2. Sɛ ye-hu a-bo-doo ne n-sã,

    Ɛ-ma yɛ-kae wo dɔ kɛ-se.

    Wo-so-maa wo Dɔ-ba;

    ɔ-bɛ-yɛɛ nhwɛ-so pa.

    O-tiee wo; ɔ-yɛɛ w’a-pɛ-de.

    A-fe bia-ra yɛ-yɛ N-kae-di;

    Yɛ-kae wo Dɔ-ba Kris-to wu.

    Yɛ-da Kris-to a-se

    wɔ a-gye-de no ho.

    Wa-gye nni-pa a-fi o-wu mu.

  3. 3. A-fa-hyɛ yi da yɛn ko-ma so.

    Ɛ-no nti na yɛa-hyia mu ha.

    Wo ne Kris-to dɔ yɛn,

    ɛ-yɛ a-ni-gye-sɛm.

    Yɛ-wɔ a-ni-sɔ ma mo paa.

    A-fa-hyɛ yi ma yɛ-kam-fo wo,

    Na yɛ-hyɛ wo din a-nuo-nyam.

    Yɛ-bɛ-kɔ so a-fa Ye-su Kris-to kwan so.

    Ɛ-no na ɛ-bɛ-ma yɛa-nya nkwa.