DWOM 20
Wode Wo Dɔba no Maa Yɛn
-
1. Ye-ho-wa, A-gya pa,
Yɛ-hyɛ wo a-nuo-nyam.
A-gye-de no a-ma
Yɛn a-ni-da-so.
Yɛ-bɛ-kam-fo wo din
Wo Dɔ-ba Kris-to nti.
A-kyɛ-de pa bɛn ni!
Yɛn nso yɛ-bɛ-dɔ wo.
(NNYESO)
Wo-de wo Dɔ-ba no
A-ma nni-pa nyi-naa.
Ye-ho-wa, yɛ-da w’a-se
sɛ wo-de wo Dɔ-ba maa yɛn.
-
2. W’a-yam-ye ne wo dɔ,
A-twe yɛn a-bɛn wo.
A-ma yɛn a-ni-gye.
Wo-yɛ yɔn-ko pa.
Nea ɛ-sen b’ri-bia-ra,
Wo-so-maa wo Dɔ-ba.
O-be-wu gyee yɛn nkwa.
A-kã yɛn ko-ma paa.
(NNYESO)
Wo-de wo Dɔ-ba no
A-ma nni-pa nyi-naa.
Ye-ho-wa, yɛ-da w’a-se
sɛ wo-de wo Dɔ-ba maa yɛn.
(AWIEI)
Ye-ho-wa, A-gya pa, yɛ-bɛ-ky’rɛ a-ni-sɔ.
Yɛ-dɔ wo, e-fi-sɛ wo-de wo Dɔ-ba maa yɛn.
(Hwɛ Yoh. 3:16; 15:13 nso.)