Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

DWOM 42

Onyankopɔn Somfo Mpaebɔ

Onyankopɔn Somfo Mpaebɔ

(Efesofo 6:18)

  1. 1. So-ro A-gya, O-tum-foɔ Ye-ho-wa,

    Yɛ-ko-tow wo, yɛ-hyɛ wo din a-nuo-nyam.

    Wo-yɛ nea ɛ-sɔ w’a-ni bia-ra.

    Yɛ-wɔ gyi-di, w’A-he-nni no bɛ-ba.

    Wo bɔ-hyɛ nyi-naa bɛ-bam;

    Ɛ-ma a-ko-ma-tɔ-yam.

  2. 2. Wo-dom yɛn daa, A-gya yɛ-da w’a-se.

    Wu-dwen yɛn ho, na yɛa-be-hu w’a-yam-ye.

    N-kwa nsu-ti, wo-ne hann fi-bea,

    Wo-ma yɛn gyi-di, nim-deɛ ne nyan-sa.

    Yɛ-de a-se-da ma wo.

    W’a-kwan nyi-naa, yɛ-kam-fo.

  3. 3. Wia-se mu haw ma ye-di a-w’rɛ-how.

    Nan-so w’A-sɛm no ma yɛn a-ni-da-so.

    Yɛ-de m-pae-bɔ a-ba w’a-nim.

    Wu-be-tie yɛn; yɛ-wɔ wo mu gyi-di.

    Boa ma yɛ-nyɛ w’a-pɛ-de,

    Na ye-nni wo no-kwa-re.