DWOM 55
Munnsuro Wɔn!
-
1. Mon-kɔ a-nim m’A-dan-se-fo;
Mon-ka a-sɛm-pa no daa.
Mom-fa a-ko-ko-d’ru nka;
Mon-ka nky’rɛ nni-pa nyi-naa
Sɛ me Ba Kris-to di he-ne.
Wa-tow Sa-tan a-to fam.
Ɛ-ren-kyɛ ɔ-bɛ-ky’re Sa-tan;
Ye-be-nya a-bo-tɔ-yam.
(NNYESO)
O m’a-dɔ-fo mun-nsu-ro wɔn;
Me na mɛ-bɔ mo ho ban.
Wɔ-ren-tu-mi nyɛ b’ri-bia-ra.
Mo-som bo ma me am-pa.
-
2. Mo a-tam-fo no bɛ-dɔɔ-so;
Wɔ-bɛ-ma mo a-su-ro.
Wɔ-bɛ-s’re a-kye-rɛ mo,
Nan-so wɔ-bɛ-daa-daa mo.
Wɔ-de ɔ-tan bɛ-ba mo so,
Mo-mmma mo ko-ma nn-tu.
Mɛ-ko-ra m’a-no-kwa-fo so
A-ko-si nko-nim-di mu.
(NNYESO)
O m’a-dɔ-fo mun-nsu-ro wɔn;
Me na mɛ-bɔ mo ho ban.
Wɔ-ren-tu-mi nyɛ b’ri-bia-ra.
Mo-som bo ma me am-pa.
-
3. Mu-be-tu-mi a-hw’re mo nkwa
Nan-so ɛn-sɛ sɛ mu-suro.
Me w’rɛ mfii m’a-no-kwa-fo.
Me-de mo nkwa bɛ-ma mo.
Mɛ-hyɛ wo den wɔ baa-bia-ra.
Mɛ-boa wo a-ko-si daa.
Fa boa-se-tɔ di no-kwa-re,
Na mɛ-ma wo n-hyi-ra.
(NNYESO)
O m’a-dɔ-fo mun-nsu-ro wɔn;
Me na mɛ-bɔ mo ho ban.
Wɔ-ren-tu-mi nyɛ b’ri-bia-ra.
Mo-som bo ma me am-pa.
(Hwɛ Deut. 32:10; Neh. 4:14; Dw. 59:1; 83:2, 3 nso.)