Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

DWOM 105

“Onyankopɔn Ne Dɔ”

“Onyankopɔn Ne Dɔ”

(1 Yohane 4:7, 8)

  1. 1. Ɔ-dɔ Nyan-ko-pɔn no frɛɛ yɛn

    Sɛ yɛ-mmra mme-hu ne kwan.

    Yɔn-ko-dɔ ne Nyan-ko-pɔn dɔ

    Bɛ-ma yɛa-yɛ nnwu-ma pa.

    Ɔ-dɔ ma Kris-to-fo da nsow;

    Ɛ-ma yɛ-bɔ ɔ-bra pa.

    Ye-be-sua A-w’ra-de dɔ no.

    Ɔ-dɔ kann na ye-be-nya.

  2. 2. Yɛ-wɔ dɔ ma no-kwa-re no.

    Yɛ-bɛ-som O-nyan-ko-pɔn.

    Wa-di kan a-kye-rɛ ne dɔ.

    Ɛ-ma yɛn nso yɛ-dɔ no.

    Ɔ-dɔ kann, ɛ-nyɛ a-hoɔ-yaw,

    Ne yam ye, ne bo nhaw no.

    Yɛ-bɛ-ma nni-pa a-hu sɛ,

    Yɛ-wɔ dɔ ma a-nua-nom.

  3. 3. Ɛ-mma ɔ-tan nni wo so da.

    Nya o-bia’a ho a-dwem-pa.

    Fa wo ho to Ye-ho-wa so.

    Ɔ-bɛ-ma woa-hu ne kwan.

    Dɔ Ye-ho-wa, dɔ wo yɔn-ko;

    Ɛ-bɛ-yɛ a-dan-se pa.

    Yɛ-bɛ-dɔ yɛn yɔn-ko nni-pa.

    Ye-be-sua Ye-ho-wa dɔ.