Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

DWOM 117

Papayɛ

Papayɛ

(2 Beresosɛm 6:41)

  1. 1. O Ye-ho-wa, yɛn Nyan-ko-pɔn,

    Yɛ-kam-fo wo pa-pa-yɛ!

    Woa-hyi-ra yɛn a-ko-si daa.

    Na yɛa-hu wo kron-kron-yɛ.

    Wo mmɔ-b’rɔ-h’u dɔɔ-so ma yɛn,

    Na w’a-dom nso b’ro yɛn so.

    Wo-fa-ta sɛ yɛ-ko-tow wo.

    Yɛ-de a-ni-gye som wo.

  2. 2. W’a-som-fo som a-ni-gye mu.

    Na wɔ-sua wo pa-pa-yɛ.

    Wɔ-ka w’a-sɛm ky’rɛ o-bia-ra,

    Wɔn a-bra-bɔ nso yɛ fɛ.

    Woa-ma yɛn a-ky’rɛ-ky’rɛ-fo pa;

    Wɔ-da pa-pa-yɛ a-di.

    Wɔ-nam hon-hom kron-kron mmoa so,

    Wɔ-re-sow a-ba pa pii.

  3. 3. Ye-be-sua wo pa-pa-yɛ nnɛ;

    Su-ban pa, ɛ-ho wɔ nyam.

    Sɛ yɛ-yɛ o-bia-ra pa-pa,

    Ɛ-bɛ-hyɛ wo a-nuo-nyam.

    Yɛ-wɔ ɔ-dɔ ma a-nua-nom;

    Yɛ-bɛ-yɛ o-bia-ra yi’e.

    Yɛn nyi-naa be-sua wo su-ban;

    Pa-pa-yɛ ma a-ni-gye.