Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

DWOM 124

Yebedi Nokware Daa

Yebedi Nokware Daa

(Dwom 18:25)

  1. 1. Ye-ho-wa yɛ ɔ-no-kwa-fo;

    No-kwa-rem yɛ-bɛ-som no.

    Yɛa-hyi-ra yɛn ho so ɛn-nɛ;

    Ye-be-di n’a-hyɛ-de so.

    N’a-fo-tu re-nni hua-mmɔ da.

    Ye-be-tie a-ko-si daa.

    Ɔ-no-kwa-fo ne Ye-ho-wa.

    Yɛ-bɛ-som no daa nyi-naa.

  2. 2. Di wo nua-nom no-kwa-re daa.

    Boa wɔn, a-ho-ky’re b’re mu.

    Dwen wɔn ho daa; gye wɔn di daa.

    Yɛ wɔn yi’e b’ri-bia-ra mu.

    Ye-be-di yɛn nua-nom ni daa;

    Ye-fi ko-mam dɔ wɔn paa.

    Bi-ble boa ma yɛ-yɛ baa-ko,

    Na yɛ-ne wɔn bɛ-som daa.

  3. 3. M-pa-nyim-fo hwɛ yɛn so yi’e;

    Wɔ Nyan-ko-pɔn som no mu.

    Sɛ wɔ-ma yɛn a-kwan-kye-rɛ,

    Ye-be-tie fi ko-ma mu.

    Ye-be-nya Ye-ho-wa nhyi-ra;

    A-som-dwoe bɛ-yɛ yɛn dea.

    Mo-mma ye-nni no-kwa-re daa.

    Yɛ-bɛ-yɛ Ye-ho-wa dea.