Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 1

‘Yehowa Wo Nyankopɔn Na Ɛsɛ Sɛ Wosom No’

‘Yehowa Wo Nyankopɔn Na Ɛsɛ Sɛ Wosom No’

MATEO 4:10

NEA ƐWOM: Nea enti a ɛsɛ sɛ wɔma nokware som so bio

1, 2. Afe 29 Y.B. rekɔ n’awiei no, na Yesu wɔ Yudea sare so. Ɛyɛɛ dɛn na okopuee hɔ, na dɛn na ɛtoo no wɔ hɔ? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ ti yi mfiase no.)

 AFE 29 Y.B. rekɔ awiei no, na Yesu wɔ Yudea sare so wɔ Po a Awu no atifi fam pɛɛ. Honhom kronkron na ɛde no kɔɔ hɔ. Saa bere no, na wabɔ asu ma wɔasra no. Ná abotan ne abon pii wɔ sare so hɔ. Yesu nkutoo kɔhyɛɛ hɔ adaduanan yɛɛ akɔnkyen bɔɔ mpae, na odwinnwen nneɛma ho. Ɛbɛyɛ sɛ saa bere no, Yehowa ne ne Ba no dii nkitaho de siesiee no maa nea na ɛda n’anim no.

2 Afei, bere a ɔkɔm ade Yesu ama wayɛ hahaaha no, Satan kɔɔ ne nkyɛn. Nea esii no ma yehu asɛntitiriw bi; ɛfa wɔn a wɔn ani gye nokware som ho nyinaa ho. Wo nso, woka ho bi.

“Sɛ Woyɛ Onyankopɔn Ba a . . .”

3, 4. (a) Asɛm bɛn na Satan ka de fii sɔhwɛ mmienu a edi kan no ase, na adwene bɛn na ɛbɛyɛ sɛ na ɔpɛ sɛ Yesu nya? (b) Ɛnnɛ nso, sɛn na Satan fa ɔkwan a ɛte saa ara so yɛ n’ade?

3 Kenkan Mateo 4:1-7. Adɛfɛdɛfɛsɛm a Satan ka de fii ne sɔhwɛ mmienu a edi kan no ase ne, “Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a.” Enti na Satan repɛ akyerɛ sɛ onnye nni sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba anaa? Ɛnte saa. Ná onim paa sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Abakan, efisɛ na Satan nso yɛ Onyankopɔn ba, nanso ɔbɛyɛɛ ɔbɔfo bɔne. (Kol. 1:15) Afei nso, akyinnye biara nni ho sɛ, asɛm a Yehowa fi soro kae bere a na wɔrebɔ Yesu asu no, na Satan nim. Yehowa kaa sɛ: “Oyi ne me Ba, nea medɔ no na magye no atom.” (Mat. 3:17) Ɛbɛyɛ sɛ na Satan pɛ sɛ Yesu nya adwene sɛ n’Agya nnwen ne ho, na ɔrentumi mfa ne ho nto n’Agya so. Sɔhwɛ a edi kan a Satan kaa sɛ Yesu nnan abo paanoo no, na ɛte sɛ nea Satan rebisa Yesu sɛ: ‘Woyɛ Onyankopɔn Ba. Adɛn nti na wo Papa mma wo aduan nni wɔ sare pradada yi so?’ Sɔhwɛ a ɛto so mmienu a Satan kaa sɛ Yesu nnyaa ne ho mfi asɔredan no atifi nkɔhwe fam no, na ɛte sɛ nea Satan rebisa Yesu sɛ: ‘Woyɛ Onyankopɔn Ba. Nanso wugye di paa sɛ wo Papa bɛbɔ wo ho ban esiane sɛ woyɛ ne ba nti?’

4 Ɛnnɛ nso, ɔkwan a ɛte saa ara so na Satan yɛ n’ade. (2 Kor. 2:11) Ansa na Satan bɛtow ahyɛ Onyankopɔn asomfo so no, ɔtwɛn ara kosi sɛ wɔbɛyɛ mmerɛw anaa wɔn abam bebu. Mpɛn pii no, ɔnam anifere kwan so tow hyɛ wɔn so. (2 Kor. 11:14) Ɔyere ne ho sɛ ɔbɛdaadaa yɛn ama yɛn adwene ayɛ yɛn sɛ Yehowa rentumi nnɔ yɛn da, anaa nea yɛbɛyɛ biara rensɔ n’ani. Afei nso, Satan de asi n’ani so sɛ ɔbɛma yɛanya adwene sɛ yɛrentumi mfa yɛn ho nto Yehowa so, na nea wahyɛ bɔ wɔ n’Asɛm mu sɛ ɔbɛyɛ ama yɛn no nso, ɔrenyɛ. Nanso ne nyinaa yɛ atoro. (Yoh. 8:44) Yɛbɛyɛ dɛn abɔ Satan nnaadaasɛm yi agu?

5. Nsɛm a Satan kae wɔ ne sɔhwɛ mmienu a edi kan no mu no, dɛn na Yesu yɛe wɔ ho?

5 Nsɛm a Satan kae wɔ ne sɔhwɛ mmienu a edi kan no mu no, ma yɛnhwɛ nea Yesu yɛe wɔ ho. Ná Yesu nim paa sɛ n’Agya dɔ no, na na ogye n’Agya di paa. Enti ɛhɔ ara na ɔfaa asɛm fii Onyankopɔn Asɛm mu de bɔɔ Satan asɛm no gui. Kyerɛwnsɛm a Yesu de dii dwuma no, na Onyankopɔn din Yehowa wom, na na ɛfata paa. (Deut. 6:16; 8:3) Onyankopɔn din no ma yenya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛma ne bɔhyɛ nyinaa abam ɔkwan biara so. Enti Onyankopɔn din a Yesu de dii dwuma no kyerɛ sɛ na ɔwɔ n’Agya mu ahotoso paa. a

6, 7. Anifere kwan a Satan nam so tow hyɛ yɛn so no, yɛbɛyɛ dɛn ako atia?

6 Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa Asɛm so na yedwinnwen nea Onyankopɔn din no kyerɛ ho a, anifere kwan a Satan nam so tow hyɛ yɛn so no, yebetumi ako atia. Kyerɛwnsɛm no ma yehu sɛ Yehowa dɔ n’asomfo, na n’ani ku wɔn ho, titiriw wɔn a wɔabotow. Yɛn nso, sɛ yehu sɛ nea Kyerɛwnsɛm no ka yi fa yɛn ho a, yebetumi abɔ Satan nnaadaasɛm a ɛne sɛ Yehowa rentumi nnɔ yɛn da no agu. (Dw. 34:18; 1 Pet. 5:8) Na sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem sɛ Yehowa din ne ne suban sɛ a, ɛbɛma yɛde yɛn ho ato no so korakora, efisɛ odi ne bɔhyɛ ahorow nyinaa so.—Mmeb. 3:5, 6.

7 Nanso yemmisa sɛ, Satan botae titiriw paa ne sɛn? Dɛn paa na ɔrepɛ afi yɛn hɔ? Sɔhwɛ a ɛto so mmiɛnsa a Satan de baa Yesu so no ma yenya nsɛmmisa yi ho mmuae.

‘Bɔ Wo Mu Ase Som Me’

8. Yɛhwɛ sɔhwɛ a ɛto so mmiɛnsa no a, dɛn na Satan kae a ɛma yehu nea na ehia no paa?

8 Kenkan Mateo 4:8-11. Sɔhwɛ a ɛto so mmiɛnsa no de, Satan de anifere ne adɛfɛdɛfɛsɛm too nkyɛn, na ɔkyerɛɛ ade pɔtee a ɔrepɛ afi Yesu hɔ. Satan de “wiase ahenni nyinaa ne emu anuonyam” kyerɛɛ Yesu (ɛbɛyɛ sɛ ɔde kyerɛɛ no wɔ anisoadehu mu); kɛtɛasehyɛ ne porɔwee a ɛwom no de, wamfa ankyerɛ no. Ɛnna afei ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Sɛ wobɔ wo mu ase som me a, mede eyinom nyinaa bɛma wo.” b Enti nea na ehia Satan paa ne sɛ Yesu bɛsom no! Ná Satan pɛ sɛ Yesu gyae n’Agya akyi di na ogye ɔno Satan tom sɛ ne nyame. Nea Satan yɛe sɛ ɔde bɛma Yesu no, anhwɛ a wobɛka sɛ na ɔpɛ sɛ nneɛma mu yɛ mmerɛw ma Yesu. Adɛn nti na yɛreka saa? Nea na Satan repɛ akyerɛ ne sɛ, na Yesu nsa betumi aka wiase tumi ne emu ahonyade nyinaa a na ɔrenhu amane biara; wɔremfa ahenkyɛw a wɔde nsɔe ayɛ nhyɛ no, wɔrenhwe no, na wɔremmɔ no asɛndua mu. Nea Satan kae no, ampa ara anka obetumi de ama Yesu. Yesu nso anka sɛ ɛnyɛ Satan na odi wiase aban ahorow so! (Yoh. 12:31; 1 Yoh. 5:19) Yebetumi aka paa sɛ, na Satan pɛ sɛ ɔyɛ nea obetumi biara ma Yesu gyae n’Agya akyi di na ogyae nokware som.

9. (a) Dɛn paa na Satan repɛ afi Onyankopɔn asomfo hɔ, na sɛn na ɔsɔ yɛn hwɛ? (b) Dɛn na woyɛ a ɛno nso kyerɛ sɛ woresom Onyankopɔn? (Hwɛ adaka a wɔato din “Dɛn Ne Ɔsom?”)

9 Ɛnnɛ nso, nea Satan pɛ paa ne sɛ yɛbɛsom no; sɛ́ ebia yenim sɛ yɛresom no anaa yennim. Satan ne “wiase yi nyame,” enti ɔno na nnipa a wɔwɔ ɔsom ahorow a ɛwɔ Babilon Kɛse no mu nyinaa resom no. (2 Kor. 4:4) Nnipa ɔpepepem pii wɔ atoro som mu, nanso ɛnsɔ Satan ani. Ɔpɛ sɛ ɔsɔ Onyankopɔn asomfo hwɛ ma wogyae Onyankopɔn apɛde yɛ. Nea ɛda Onyankopɔn asomfo koma so ne sɛ wɔbɛbɔ wɔn bra sɛ Kristofo, ɛmfa ho sɛ “trenee nti” wobetumi ahu amane no. Nanso, Satan mpɛ no saa. Mmom, ɔyɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛdaadaa yɛn ama yɛahwehwɛ ahonyade ne tumi wɔ ne wiase no mu. (1 Pet. 3:14) Sɛ yɛma kwan ma Satan nya yɛn ma yegyae nokware som de yɛn ho kɔhyɛ ne wiase no mu a, ɔkwan bi so no, na yɛrebɔ yɛn mu ase asom Satan, na na yɛde no reyɛ yɛn nyame. Yɛbɛyɛ dɛn agyina sɔhwɛ a ɛte saa ano?

10. Sɔhwɛ a ɛto so mmiɛnsa a Satan de baa Yesu so no, sɛn na Yesu yɛɛ n’ade wɔ ho, na adɛn nti na ɔyɛɛ saa?

10 Wo de, hwɛ sɛnea Yesu yɛɛ n’ade wɔ sɔhwɛ a ɛto so mmiɛnsa no ho. Ɔkyerɛe sɛ ogyina Yehowa afã pintinn, enti ntɛm ara na ɔpam Satan. Ɔkaa sɛ: “Fi me so kɔ, Satan!” Afei, sɛnea Yesu yɛe wɔ sɔhwɛ mmienu a edi kan no mu no, ɔfaa kyerɛwsɛm bi a Yehowa din wom fii Deuteronomium nhoma no mu. Ɔkaa sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ, ‘Yehowa wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wokotow no, na ɔno nko ara na ɛsɛ sɛ wosom no.’” (Mat. 4:10; Deut. 6:13) Enti Yesu amma wiase tumidi a ɛtena hɔ bere tiaa bi no annaadaa no, na saa ara nso na wampɛ sɛ odwudwo ne ho wɔ asetenam a ɔrenhu amane biara. Ohui sɛ n’Agya nkutoo na ɛfata sɛ ɔsom no, na sɛ ‘ɔbɔ ne mu ase som’ Satan pɛnkoro pɛ mpo a, ɛbɛkyerɛ sɛ ɔde ne ho ahyɛ Satan ase. Yesu gyinaa pintinn, na wamma kwan amma ɔbɔnefo Satan anyɛ ne nyame. Esiane sɛ Yesu anyɛ nea Satan pɛ nti, “Ɔbonsam gyaw no hɔ.”—Mat. 4:11. c

“FI ME SO KƆ, SATAN!” (Hwɛ nkyekyɛm 10)

11. Yɛbɛyɛ dɛn ako atia Satan na yɛagyina sɔhwɛ ahorow a ɔde ba yɛn so no ano?

11 Yebetumi ako atia Satan, na sɔhwɛ ahorow a wiase bɔne yi de ba yɛn so no nso, yebetumi agyina ano. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, yɛwɔ hokwan sɛ yɛyɛ nea yɛpɛ. Sɛnea Onyankopɔn de Yesu pɛ maa no no, yɛn nso ɔde yɛn pɛ ama yɛn. Enti Satan oo, nnipa oo, obiara ntumi nhyɛ yɛn sɛ yennyae nokware som. Sɛ ‘yɛde gyidi gyina hɔ pintinn ne Satan ko’ a, na ɛte sɛ nea yɛreka sɛ: “Fi me so kɔ, Satan!” (1 Pet. 5:9) Kae sɛ, esiane sɛ Yesu anyɛ nea Satan pɛ nti, ogyaw no hɔ kɔe. Saa ara na yɛn nso, Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Munsiw Ɔbonsam kwan na obeguan afi mo ho.”—Yak. 4:7.

Yebetumi asi gyinae sɛ yɛbɛko atia sɔhwɛ a Satan wiase no de ba yɛn so no (Hwɛ nkyekyɛm 11, 19)

Satan Kyi Nokware Som

12. Dɛn na Satan yɛe wɔ Eden de kyerɛe sɛ ɔno paa na okyi nokware som?

12 Bere a Satan de sɔhwɛ a etwa to no baa Yesu so no, Satan daa no adi sɛ ɔno na odii kan sɔre tiaa nokware som. Mfe mpempem pii a atwam no na ɔyɛɛ saa. Wei sii wɔ Eden turom hɔ; ɛhɔ na Satan dii kan kyerɛe sɛ ɔmpɛ sɛ obiara som Yehowa. Satan de Adam ne Hawa bɛhyɛɛ ne tumi ase bere a ɔdaadaa Hawa na ɔno nso maa Adam buu Onyankopɔn mmara so no. (Kenkan Genesis 3:1-5; 2 Kor. 11:3; Adi. 12:9) Ebetumi aba sɛ na wonnim sɛ Satan na ɔredaadaa wɔn, nanso yɛbɛka paa a, nea wɔyɛe no maa Satan bɛyɛɛ wɔn nyame, na wɔbɛyɛɛ n’asomfo. Bio nso, Satan nam asoɔden a ɔmaa Adam ne Hawa yɛe wɔ Eden no so sɔre tiaa Yehowa amansan tumidi anaa hokwan a Yehowa wɔ sɛ odi tumi no. Ɛnyɛ ɛno nko, ɔnam nea ɔyɛe no so sɔre tiaa nokware som. Adɛn nti na yɛreka saa?

13. Asɛm a asɔre wɔ amansan tumidi ho no, ɛfa nokware som ho sɛn?

13 Asɛm a asɔre wɔ amansan tumidi ho no, ɛfa nokware som ho. Amansan Hene a ‘ɔbɔɔ nneɛma nyinaa’ no, ɔno nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛsom no. (Adi. 4:11) Bere a Yehowa bɔɔ Adam ne Hawa no, na bɔne ne sintɔ biara nni wɔn ho. Ɔde wɔn kɔtenaa Eden turo no mu. Ná wabɔ ne tirim sɛ awiei koraa no, nnipa a wɔyɛ pɛ bɛhyɛ asaase so ma, na wɔayi wɔn yam asom no. Ná ɔsom a wɔde bɛma Onyankopɔn no bɛyɛ nokware som a efi koma a emu tew mu. (Gen. 1:28) Enti nea ɛmaa Satan kasa tiaa Yehowa amansan tumidi no ne sɛ na n’ani bere ɔsom a ɛsɛ sɛ wɔde ma Awurade Tumfo Yehowa nkutoo no.—Yak. 1:14, 15.

14. Bere a Satan sɔre tiaa nokware som no, odii nkonim anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

14 Bere a Satan sɔre tiaa nokware som no, odii nkonim anaa? Otumi maa Adam ne Hawa twee wɔn ho fii Onyankopɔn ho. Efi saa bere no, Satan ako atia nokware som, na wabɔ mmɔden sɛ ɔbɛtwe nnipa dodow biara a obetumi afi Yehowa Nyankopɔn ho. Yehowa asomfo a wɔtenaa ase ansa na Kristosom reba no mpo, Satan kɔɔ so ara sɔre tiaa wɔn. Asomafo no bere so no, Satan maa awaefo sɔree wɔ Kristofo asafo no mu, na ɛmaa nokware som gyigyae. Wei ma ɛyɛe sɛ nea nokware som ayera afi asaase so no. (Mat. 13:24-30, 36-43; Aso. 20:29, 30) Efi asomafo no wu akyi no, Babilon Kɛse no, wiase nyinaa atoro som ahemman no bunkam Yehowa asomfo so mfe pii. Nanso, Onyankopɔn tirim a ɔbɔe sɛ ɔbɛma nokware som akɔ so wɔ wiase nyinaa no, Satan ntumi nsɛee no. Sɛ Onyankopɔn bɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ biribi a, biribiara rentumi nsiw no kwan. (Yes. 46:10; 55:8-11) Asɛm no fa Yehowa din nso ho, na biribiara a ɔyɛ ne ne din hyia. Yehowa de, biribiara a ɔbɛbɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, sɛnea ɛte biara ɔbɛyɛ!

Yesu Taa Nokware Som Akyi

15. Anammɔn bɛn na Yehowa tui wɔ Eden sɛnea ɛbɛyɛ a atuatewfo no benya wɔn bɔne so akatua na afei ama Yehowa atirimpɔw abam?

15 Bere a Satan ne nnipa tew atua wɔ Eden no, Yehowa tuu anammɔn a ɛbɛma atuatewfo no anya wɔn bɔne so akatua, na afei ama Yehowa atirimpɔw abam. (Kenkan Genesis 3:14-19.) Bere a na Adam ne Hawa da so ara wɔ turom hɔ no, Yehowa buu wɔne Satan atɛn; ɔhyɛɛ ase wɔ nea odii kan yɛɛ bɔne no so, ɛnna ɔde kowiee nea otwa to no so. Enti odii kan buu Satan atɛn, owiei no na obuu Hawa atɛn, ɛnna afei obuu Adam nso atɛn. Ɛwom, Adam ne Hawa amfa wɔn ani anhu Satan, nanso ɔno na ofii atuatew no ase. Na bere a Yehowa rebu Satan atɛn no, ɔhyɛɛ nkɔm sɛ ‘aseni’ bi bɛba abesiesie ɔhaw a atuatew no akɔfa aba nyinaa. Ná ‘aseni’ a Yehowa ahyɛ ne ho bɔ no bedi dwuma titiriw bi ama Yehowa atirimpɔw a ɛfa nokware som ho no abam.

16. Atuatew a ɛkɔɔ so wɔ Eden no akyi no, dɛn na Yehowa yɛe a amma ne tirim a ɔbɔe no anyɛ kwa?

16 Atuatew a ɛkɔɔ so wɔ Eden no akyi no, Yehowa akɔ so de nneɛma agu akwan mu sɛnea ɛbɛyɛ a n’atirimpɔw a ɛfa nokware som ho no bɛbam. Sɛnea yebehu wɔ ti a edi hɔ no mu no, Yehowa yɛɛ nhyehyɛe a ɛbɛma nnipa a wɔnyɛ pɛ asom no nokware mu. (Heb. 11:4–12:1) Afei nso, nokware som a Yehowa bɛma so bio no, ɔde ne honhom kaa Bible akyerɛwfo bi ma wɔhyɛɛ ho nkɔm. Saa akyerɛwfo no bi ne Yesaia, Yeremia, ne Hesekiel. Nokware som a wɔbɛma so bio no yɛ biribi a Bible ka ho asɛm paa. Yesu Kristo na ɔbɛma ɛho nkɔmhyɛ nyinaa abam. Ɔno titiriw ne ‘aseni’ a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no. (Gal. 3:16) Wohwɛ asɛm a Yesu de bɔɔ Satan sɔhwɛ a ɛto so mmiɛnsa no gui no a, ɔkyerɛe pefee sɛ ɔno paa na ɔtaa nokware som akyi. Ampa, nokware som a wɔbɛma so bio no, Yesu na Yehowa apaw no sɛ ɔmma ɛho nkɔmhyɛ nyinaa mmra mu. (Adi. 19:10) Yesu na na ɔbɛma Onyankopɔn nkurɔfo ade wɔn ho afi atoro som ho na wama nokware som so bio.

Dɛn Na Wobɛyɛ?

17. Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Bible mu a ɛfa nokware som a wɔbɛma so bio ho no, adɛn nti na ɛda yɛn koma so?

17 Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Bible mu a ɛfa nokware som a wɔbɛma so bio ho no, sɛ wohwehwɛ mu a, w’ani begye, na ɛbɛhyɛ wo gyidi den. Saa nkɔmhyɛ no da yɛn koma so paa, efisɛ yɛrehwɛ kwan sɛ bere bi bɛba a abɔde a ɛwɔ soro ne asaase so nyinaa bɛbom de nokware som ama Awurade Tumfo Yehowa. Saa nkɔmhyɛ ahorow no ma yenya anidaso nso, efisɛ Bible mu nsɛm a ɛma yenya awerɛhyem na ɛka koma paa no, yehu bi wɔ nkɔmhyɛ ahorow yi mu. Ebi ne sɛ, Yehowa ahyɛ bɔ sɛ obenyan yɛn adɔfo a wɔawuwu afi awufo mu, ɔbɛma asaase nyinaa adan paradise, na yɛbɛtena ase daa a yɛrenyare bio. Yemmisa sɛ, yɛn mu hena na ne ho mpere no sɛ obehu sɛ saa nkɔmhyɛ no abam?—Yes. 33:24; 35:5, 6; Adi. 20:12, 13; 21:3, 4.

18. Dɛn na yebesusuw ho wɔ saa nhoma yi mu?

18 Hesekiel nhoma a ɛwɔ Bible mu no, yebesusuw emu nkɔmhyɛ ahorow ho wɔ nhoma yi mu. Saa nkɔmhyɛ no mu pii fa nokware som a wɔbɛma so bio no ho. Yɛbɛhwɛ sɛnea Hesekiel nkɔmhyɛ no fa Bible mu nkɔmhyɛ afoforo ho. Afei nso yebehu sɛnea Kristo bɛma saa nkɔmhyɛ ahorow no abam, ne sɛnea nkɔmhyɛ ahorow no fa yɛn ho.—Hwɛ adaka a wɔato din “Hesekiel Nhoma No Mu Nsɛntitiriw.”

19. Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ, na adɛn ntia?

19 Sɛnea yɛahu no, afe 29 Y.B. mu na Satan sɔɔ Yesu hwɛe wɔ Yudea sare so sɛ anka ɔbɛma Yesu agyae nokware som, nanso anyɛ yiye. Na yɛn nso ɛ? Satan asi ne bo paa sɛ ɔbɛma yɛagyae nokware som. (Adi. 12:12, 17) Yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛko atia otirimɔdenfo a ɔsɔ yɛn hwɛ no, ɛmmra sɛ nhoma yi bɛboa yɛn ama yɛahyɛ mu den. Afei momma yɛmfa yɛn kasa ne yɛn nneyɛe nkyerɛ sɛ yefi yɛn komam gye asɛm a edi so yi tom: ‘Yehowa wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wosom no.’ Yɛyɛ saa a, yebetumi ahwɛ kwan sɛ awiei koraa no, sɛ Yehowa atirimpɔw bam a, yɛn nso, yɛde yɛn ani behu. Yebehu sɛ abɔfo a wɔwɔ soro ne nnipa a wɔwɔ asaase so no nyinaa abom de nea ɛfata Yehowa paa rema no. Ɛno ne nokware som a efi koma a emu tew mu!

a Ebinom ka sɛ Yehowa din no kyerɛ “Nea Ɔma Ɛyɛ Hɔ.” Saa ntease no fata paa efisɛ ɛma yehu sɛ Yehowa ne Ɔbɔadeɛ no, na ɛsan ma yehu sɛ otumi yɛ nea wasusuw sɛ ɔbɛyɛ biara.

b Nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu kaa asɛm a Satan kae no ho asɛm sɛ: “Sɔhwɛ a edi kan koraa a Satan de nyaa Adam ne Hawa no . . . , na ɛne Yesu de no di nsɛ. Nea Satan de too wɔn anim paa ne sɛ, wɔmpaw sɛ wɔbɛyɛ nea ɔno Satan pɛ anaa wɔbɛyɛ nea Onyankopɔn pɛ. Enti onii a wɔbɛpaw sɛ wɔbɛyɛ n’apɛde no, ɔkwan bi so no, ɔno na na wɔresom no. Onyankopɔn nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛsom no, nanso Satan hoahoa ne ho sɛ ɔno ne onyame a ɛsɛ sɛ yɛsom no.”

c Ɛda adi sɛ bere a Mateo reka sɔhwɛ no ho asɛm no, ɔhyehyɛɛ no nnidiso nnidiso, nanso Luka Asɛmpa no anhyehyɛ no saa. Yɛnhwɛ nneɛma mmiɛnsa a enti yɛreka sɛ Mateo hyehyɛɛ no nnidiso nnidiso no. (1) Bere a Mateo rebɛka sɔhwɛ a ɛto so mmienu no ho asɛm no, ɔde asɛmfua “ɛnna” na efii ase. Ɛno kyerɛ sɛ, na sɔhwɛ no bi aba dedaw, na ɛno ne sɔhwɛ a na edi hɔ. (2) Sɛ wohwɛ sɔhwɛ mmiɛnsa a Satan de baa Yesu so no a, emu mmienu de, na ɛyɛ adɛfɛdɛfɛsɛm. Saa sɔhwɛ mmienu no na ɔde asɛm “Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a” fii ase. Enti ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ Satan dii kan dɛfɛdɛfɛɛ Yesu, na wannya no no, afei ɔde sii n’anim pen wɔ sɔhwɛ baako a aka no mu sɛ ommu Onyankopɔn mmara a edi kan no so. (Ex. 20:2, 3) (3) Asɛm a Yesu ka de bɔɔ sɔhwɛ no mu baako gui ne sɛ, “Fi me so kɔ, Satan!” Sɛnea Yesu bɔɔ saa sɔhwɛ yi gui no ma yehu sɛ na ɛno ne sɔhwɛ a ɛto so mmiɛnsa ne nea etwa to.—Mat. 4:5, 10, 11.