Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 14

“Eyi Ne Asɔrefi No Ho Mmara”

“Eyi Ne Asɔrefi No Ho Mmara”

HESEKIEL 43:12

NEA ƐWOM: Asɔrefi ho anisoadehu no—nea Hesekiel beresofo no sua fii mu, ne nea yebetumi asua afi mu nnɛ

1, 2. (a) Ti 13 mu no, dɛn na yesua faa asɔrefi ho anisoadehu a Hesekiel nyae no ho? (b) Nsɛmmisa mmienu bɛn na yebesusuw ho wɔ ti yi mu?

 ƐSONO asɔrefi a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no, ɛnna ɛsono honhom fam asɔrefi kɛse a ɔsomafo Paul kaa ho asɛm mfe pii akyi no. Yesuaa ho ade wɔ ti 13 no mu. Yɛsan huu nea enti a Yehowa de anisoadehu no maa Hesekiel. Ɛne sɛ, na ɛbɛma Onyankopɔn nkurɔfo ahu sɛ, sɛ wɔn som bɛsɔ n’ani a, ɛho hia sɛ wɔfa ɔkwan a ɔpɛ so som no. Sɛ wɔfa saa kwan no so nko ara a, ɛnna ɛbɛma wɔne Yehowa ntam asan ayɛ papa. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ nkyekyɛm baako pɛ mu no, Yehowa kaa asɛm bi mprenu de sii so dua sɛ ɔkwan a ɔpɛ sɛ yɛfa so som no no ho hia no. Asɛm a ɔkae ne sɛ: “Eyi ne asɔrefi no ho mmara.”Kenkan Hesekiel 43:12.

2 Afei nsɛmmisa mmienu bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesusuw ho. Nea edi kan: Asɔrefi ho anisoadehu no, ɛbɛyɛ sɛ ɛmaa Hesekiel beresofo no suaa nneɛma bi faa ɔkwan a Yehowa pɛ sɛ yɛfa so som no no ho. Nneɛma pɔtee bɛn na wosuae? Sɛ yetumi bua asɛm yi a, ɛbɛma yɛanya asɛmmisa a ɛto so mmienu no ho mmuae. Ɛne sɛ: Yɛn a yɛte wiase bɔne yi nna a edi akyiri mu no, dɛn na yɛn nso yebetumi asua afi anisoadehu no mu?

Nneɛma Bɛn Na Hesekiel Beresofo No Sua Fii Anisoadehu No Mu?

3. Asɔrefi a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no, na esi bepɔw tenten bi so. Adɛn nti na ɛbɛyɛ sɛ wei maa komapafo a wɔwɔ hɔ saa bere no ani wui wɔ wɔn bɔne ho?

3 Nea ɛbɛyɛ na yɛanya asɛmmisa a edi kan no ho mmuae no, momma yɛnhwɛ nneɛma titiriw bi a na ɛwɔ asɔrefi ho anisoadehu no mu. Bepɔw tenten no. Baabi a na asɔrefi no si wɔ Hesekiel anisoadehu no mu no, ɛbɛyɛ sɛ ɛmaa nkurɔfo no kaee nkɔm bi a ɛka koma a na Yesaia nso ahyɛ. Ná ɛfa nokware som a wɔbɛma so bio no ho. (Yes. 2:2) Yemmisa sɛ, Yehowa fi a na esi bepɔw tenten so no, dɛn na nkurɔfo no sua fii mu? Ɛma wohui sɛ ɛsɛ sɛ wɔma nokware som so, na ɛsɛ sɛ wɔma ɛho hia wɔn sen biribi foforo biara. Nea ɛte ne sɛ nokware som de, ɛkorɔn dedaw. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Onii a ɔhyehyɛɛ nokware som no, ‘wama ne ho so koraa atra anyame nyinaa.’ (Dw. 97:9) Nanso, Israelfo no de, na wɔtaa gu nokware som ho fĩ, na na wɔmfa nyɛ hwee. Wɔyɛɛ saa mfe pii. Nanso anisoadehu no mu de, na Onyankopɔn fi kronkron no si beae a ɛkorɔn, na wɔama so, na na ɛwɔ anuonyam. Ɛda adi sɛ, wei maa komapafo a wɔwɔ hɔ saa bere no ani wui wɔ wɔn bɔne ho.

4, 5. Asɔrefi no aponkɛse no, dɛn na ɛbɛyɛ sɛ Hesekiel beresofo no sua fii mu?

4 Aponkɛse no. Anisoadehu no mfiase hɔ baabi no, Hesekiel hui sɛ ɔbɔfo a ɔrekyerɛ no asɔrefi hɔ no resusuw asɔrefi no aponkɛse no. Ná saa aponkɛse no tenten yɛ anammɔn 100 anaa mita 30! (Hes. 40:14) Sɛ wuwura aponkɛse no mu a, wubehu awɛmfo mpia wɔ benkum ne nifa. Wɔn a wogyee bere hwɛɛ asɔrefi no plan no mu no, ɛbɛyɛ sɛ ntease bɛn na wonyae? Yehowa ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ: ‘Ɔkwan a wɔfa so ba asɔrefi hɔ no, hwɛ no yiye.’ Adɛn nti na ɔkaa saa? Efisɛ na nkurɔfo no de nnipa a “wontwaa wɔn koma twetia na wontwaa twetia ɔhonam mu” ba Onyankopɔn asɔrefi kronkron no mu. Wei maa Yehowa kaa sɛ: “Wogu m’asɔrefi ho fĩ.”—Hes. 44:5, 7.

5 Wɔn a na “wontwaa twetia ɔhonam mu” no, na wɔn bɔne ne sɛn? Ɛne sɛ, ahyɛde a emu da hɔ a Yehowa de mae wɔ Abraham bere so tɔnn no, na wɔabu so. (Gen. 17:9, 10; Lev. 12:1-3) Nanso wɔn a na wɔn bɔne sõ paa ne wɔn a na “wontwaa wɔn koma twetia” no. Wɔn de, na wɔasen wɔn kɔn, na na wɔmfa Yehowa akwankyerɛ nyɛ hwee. Anka ɛnsɛ sɛ wɔma saa nkurɔfo no kwan koraa ma wɔba Yehowa asɔrefi kronkron no mu! Yehowa kyi wɔn a wɔyɛ nyaatwom, nanso na nyaatwomfo ahyɛ n’asɔrefi hɔ ma. Enti aponkɛse ne awɛmfo mpia a na ɛwɔ asɔrefi a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no, ɛmaa nkurɔfo no hui sɛ, na nneɛma a ɛte saa renkɔ so bio! Sɛ wobetumi awura Onyankopɔn fi hɔ a, na ɛsɛ sɛ wɔde Yehowa akwankyerɛ a ɛkorɔn no bɔ wɔn bra. Ɛno nko ara na na ɛbɛma Yehowa agye wɔn som atom.

6, 7. (a) Ɔfasu a na atwa asaase no ho ahyia no, dɛn na na Yehowa pɛ sɛ ne nkurɔfo no sua fi mu? (b) Kan no, dɛn na na Yehowa nkurɔfo yɛ de gu n’asɔrefi no ho fĩ? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

6 Ɔfasu a na atwa asaase no ho ahyia. Asɔrefi a Hesekiel hui no, ade foforo a ɛda nsow wɔ ho ne sɛ, asaase a na esi so no, na wɔato ɔfasu atwa ho ahyia. Hesekiel kaa sɛ ɔfasu no, na ɔfã biara tenten yɛ demmire 500, anaa anammɔn 5,100. Wei yɛ mita 1,555; ɛreyɛ adu kwansin baako! (Hes. 42:15-20) Nanso, na asɔrefi no ho adan ne ɛho adiwo no nyinaa si asaase no fã ketewaa bi so. Saa asaase no afã nnan no, sɛ wususuw ɔfã biara a, na ɛyɛ basafa 500, kyerɛ sɛ anammɔn 850 anaa mita 259. Enti na asaase tɛtrɛɛ da asɔrefi no ho, ɛnna wɔato ɔfasu no atwa asaase no ho ahyia. a Adɛn nti na na ɛte saa?

7 Yehowa kaa sɛ: “Afei ma wonyi wɔn aguamammɔ ne wɔn ahemfo afunu no mfi me nkyɛn nkɔ akyirikyiri, na mɛtena wɔn mu daa.” (Hes. 43:9) “Ahemfo afunu” a ɔkaa ho asɛm no, ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ abosonsom ho asɛm na na ɔreka. Enti asɔrefi a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no, wohwɛ sɛnea na asaase a atwa ho ahyia no sõ no a, na ɛte sɛ nea Yehowa reka akyerɛ nkurɔfo no sɛ: “Momfa saa nneɛma fĩ no nkɔ akyirikyiri. Mma mommfa mmɛn ha baabiara.” Enti sɛ wɔma wɔn som ho tew a, na Yehowa bɛma wɔahu sɛ ɔwɔ wɔn mu.

8, 9. Mmarima a wodi nneɛma anim no, Yehowa kaa wɔn anim denneennen. Dɛn na ɛbɛyɛ sɛ nkurɔfo no sua fii mu?

8 Mmarima a wodi nneɛma anim no, ɔkaa wɔn anim denneennen. Ade foforo a Yehowa yɛe ne sɛ, esiane sɛ na ɔdɔ mmarima a wodi nneɛma anim no nti, ɔde afotu a emu yɛ den maa wɔn. Ɔde nteɛso a emu yɛ den maa Lewifo a wɔtwee wɔn ho fii ne ho bere a nkurɔfo no kɔsom abosom no. Sadok mma no de, ɔbɔɔ wɔn aba so, efisɛ ‘wɔhwɛɛ ne Kronkronbea hɔ bere a Israelfo twee wɔn ho fii ne ho no.’ Enti Lewifo a wɔtwee wɔn ho no oo, Sadok mma no oo, Yehowa de nea obiara yɛe ho akatua maa no; ɔdaa atɛntrenee ne mmɔborɔhunu adi kyerɛɛ wɔn nyinaa. (Hes. 44:10, 12-16) Israel abirɛmpɔn no nso, ɔde nteɛso a emu yɛ den maa wɔn.—Hes. 45:9.

9 Enti Yehowa maa emu daa hɔ fann sɛ, sɛnea mmarima a wodi nneɛma anim no di wɔn asɛyɛde ahorow ho dwuma no, wobebu ɛho akontaa akyerɛ no. Wɔn nso, na wɔmpaa afotu ne nteɛso ho. Wɔn paa na na ɛsɛ sɛ wɔde Yehowa akwankyerɛ yɛ adwuma, na ayɛ nhwɛso ama afoforo.

10, 11. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Yudafo a wɔsan baa wɔn kurom no, wɔn mu bi suaa biribi fii Hesekiel anisoadehu no mu?

10 Yudafo a wɔsan baa wɔn kurom no, wosuaa biribi fii Hesekiel anisoadehu no mu anaa? Nokwasɛm ne sɛ, mmarima ne mmea anokwafo a na wɔwɔ hɔ saa bere no, yɛrentumi nkyerɛ adwene pɔtee a anisoadehu no ma wonyae. Nanso nea Yudafo a wɔsan bae no yɛe, ne adwene a afei wonyae wɔ Yehowa som ho no, Onyankopɔn Asɛm ka ho asɛm pii. Wɔde nnyinasosɛm a ɛwɔ Hesekiel anisoadehu mu no yɛɛ adwuma anaa? Ɔkwan bi so no, yebetumi aka sɛ wɔyɛɛ saa. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, anyɛ hwee koraa no, na wɔn aso yɛ mmerɛw sen wɔn nananom atuatewfo a wɔtenaa ase ansa na wɔde wɔn rekɔ Babilon no.

11 Mmarima anokwafo te sɛ Hagai ne Sakaria a na wɔyɛ adiyifo, Esra a na ɔyɛ ɔsɔfo ne ɔkyerɛwfo, ne Nehemia a na ɔyɛ amrado no nyinaa bɔɔ mmɔden kyerɛkyerɛɛ nkurɔfo no. Sɛ wode nnyinasosɛm a wɔde kyerɛkyerɛɛ nkurɔfo no toto nea ɛwɔ Hesekiel anisoadehu no mu ho a, wubehu sɛ edi nsɛ. (Esra 5:1, 2) Wɔkyerɛkyerɛɛ nkurɔfo no sɛ ɛsɛ sɛ wɔma nokware som so, na ɛsɛ sɛ wɔma ɛho hia wɔn sen honam fam nneɛma ne nneɛma a wɔn ankasa ani gye ho. (Hag. 1:3, 4) Wɔde wɔn nan sii fam hwɛe sɛ sɛnea Yehowa pɛ sɛ yɛsom no no, saa pɛpɛɛpɛ na nkurɔfo no bɛyɛ. Sɛ nhwɛso no, Esra ne Nehemia kaa nkurɔfo no anim denneennen sɛ mmea a wofi aman foforo so a wɔakɔwareware wɔn no, wɔmpam wɔn, efisɛ na wɔama nkurɔfo no ne Yehowa ntam resɛe. (Kenkan Esra 10:10, 11; Neh. 13:23-27, 30) Abosonsom nso, dɛn na wɔyɛe wɔ ho? Ansa na wɔretu ɔman no afi wɔn asaase so no, na wɔtaa som abosom, nanso ɛbɛyɛ sɛ wɔsan baa wɔn kurom no, na abosonsom yɛ wɔn tan koraa. Asɔfo ne abirɛmpɔn, anaa mpanyimfo no nso ɛ? Hesekiel anisoadehu no ma yehu sɛ, wɔn nso, Yehowa de afotu ne nteɛso maa wɔn. (Neh. 13:22, 28) Wɔn mu pii brɛɛ wɔn ho ase tiee afotu no.—Esra 10:7-9, 12-14; Neh. 9:1-3, 38.

Bere a Nehemia gu so ne nkurɔfo no reyɛ adwuma nyinaa, na ɔrekyerɛ wɔn sɛnea wɔbɛsom Yehowa nokware mu (Hwɛ nkyekyɛm 11)

12. Bere a Yudafo no san baa wɔn kurom no, akwan bɛn so na Yehowa hyiraa wɔn?

12 Yehowa nso hyiraa ne nkurɔfo no. Wɔne Onyankopɔn ntam yɛɛ kama, wonyaa apɔwmuden, na wonyaa asomdwoe. Ná biribi a ɛte saa kɔɔ so wɔ wɔn asaase no so akyɛ. (Esra 6:19-22; Neh. 8:9-12; 12:27-30, 43) Adɛn nti na Yehowa hyiraa wɔn saa? Efisɛ na nkurɔfo no afi ase resom Yehowa wɔ ɔkwan a ɔpɛ so. Wɔn mu pii de asuade a ɛwɔ asɔrefi a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no yɛɛ adwuma. Enti sɛ yɛbɔ no mua a, yebetumi aka sɛ Hesekiel asɔrefi ho anisoadehu no boaa ɔman no wɔ akwan titiriw mmienu so. (1) Ɛmaa Hesekiel beresofo no suaa nneɛma bi faa ɔkwan a Yehowa pɛ sɛ yɛfa so som no no ho, na ɛma wohuu nea wɔbɛyɛ de akyerɛ sɛ wɔresom no sɛnea ɔpɛ. (2) Ɛma wonyaa awerɛhyem sɛ wɔbɛma nokware som so bio. Ɛsan ma wohuu sɛnea sɛ wɔkɔ so som Yehowa nokware mu a, obehyira wɔn. Yɛn nso, yemmisa sɛ saa anisoadehu yi renya mmamu wɔ yɛn bere yi so anaa?

Dɛn Na Yebetumi Asua Afi Hesekiel Anisoadehu No Mu Nnɛ?

13, 14. (a) Yɛyɛ dɛn hu sɛ yɛn bere yi mu nso, Hesekiel asɔrefi ho anisoadehu no renya mmamu? (b) Akwan mmienu bɛn so na yenya anisoadehu no so mfaso nnɛ? (Hwɛ adaka 13A a wɔato din, “Ɛsono Asɔrefi No Mu Biara, Ɛnna Ɛsono Nea Emu Biara Kyerɛ” no nso.)

13 Enti yebetumi aka paa sɛ Hesekiel asɔrefi ho anisoadehu no fa yɛn ho nnɛ? Yiw! Kae sɛ Hesekiel anisoadehu no ne Yesaia nkɔmhyɛ bi di nsɛ. Hesekiel hui sɛ Onyankopɔn asɔrefi kronkron no si “bepɔw tenten bi so,” na Yesaia nso hyɛɛ nkɔm sɛ “Yehowa fi bepɔw betim wɔ mmepɔw atifi.” Yesaia hyɛɛ da kaa sɛ ne nkɔmhyɛ no bɛbam wɔ “awiei nna,” anaa “nna a edi akyiri” no mu. (Hes. 40:2; Yes. 2:2-4; ase hɔ asɛm; hwɛ Mika 4:1-4 nso.) Enti nkɔmhyɛ ahorow yi fa nna a edi akyiri no ho, na efii ase nyaa mmamu afe 1919. Nea enti a ɛte saa ne sɛ efi saa afe no reba no, wɔama nokware som so, te sɛ nea wɔde asi bepɔw tenten bi so. b

14 Ɛnde akyinnye biara nni ho sɛ, Hesekiel anisoadehu no fa nokware som a yɛde rema Yehowa nnɛ no ho. Sɛnea tete Yudafo a na wɔwɔ Babilon no nyaa anisoadehu no so mfaso no, yɛn nso, ɛboa yɛn wɔ akwan mmienu so. (1) Ɛboa yɛn ma yehu ɔkwan a yɛbɛfa so asom Yehowa sɛnea ɔpɛ. (2) Ɛma yenya awerɛhyem sɛ wɔbɛma nokware som so bio, na yebenya Yehowa nhyira.

Ɔkwan a Yehowa Pɛ Sɛ Yɛfa So Som No Nnɛ

15. Sɛ yɛresusuw asuade a ɛwɔ asɔrefi a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no ho a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?

15 Afei, ma yɛmfa yɛn adwene nsi nneɛma pɔtee bi a ɛwɔ Hesekiel anisoadehu no mu so. Fa no sɛ yɛakɔka Hesekiel ho ne no rekyinkyin asɔrefi a ɛyɛ nwonwa a ohui wɔ anisoadehu mu no mu. Kae sɛ, ɛnyɛ honhom fam asɔrefi kɛse no ho asɛm na yɛreka yi; mmom yɛrehwɛ sɛnea Hesekiel anisoadehu no fa yɛn som ho nnɛ. Dɛn na yebetumi asua afi mu?

16. Hesekiel anisoadehu no mu no, wosusuw nneɛma pii wɔ asɔrefi hɔ. Dɛn na yebetumi asua afi mu? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ ti yi mfiase no.)

16 Adɛn nti na ɔbɔfo no susuw nneɛma pii saa? Anisoadehu no mu no, Hesekiel hui sɛ ɔbɔfo a ne ho te sɛ kɔbere no atɔ ne bo ase resusuw asɔrefi no. Nneɛma a osusuwii no bi ne afasu no, aponkɛse no, awɛmfo mpia no, adiwo no, ne afɔremuka no. Sɛ worekenkan ɛho asɛm a, wubehu sɛ nneɛma a ɔbɔfo no susuwii wɔ asɔrefi hɔ de, buburigyaa. (Hes. 40:1–42:20; 43:13, 14) Nneɛma a ɔbɔfo no susuwii no dɔɔso paa de, nanso ɛkyerɛ yɛn nneɛma titiriw bi. Ná Yehowa de resi so dua sɛ ɔkwan a ɔpɛ sɛ yɛfa so som no no de, onni ho agorɔ, enti ɛyɛ ɔno na ɔkyerɛ yɛn sɛnea ɛsɛ sɛ yɛsom no, na ɛnyɛ nnipa. Wɔn a wɔka sɛ Onyankopɔn de yebetumi afa kwan biara a yɛpɛ so asom no no, wɔredaadaa wɔn ho paa. Afei nso, asɔrefi no a ɔbɔfo no tɔɔ ne bo ase susuwii no, na Yehowa nam so rema yɛn awerɛhyem sɛ, ke ara ne ke, wɔbɛma nokware som so bio. Sɛnea ɔbɔfo no susuw biribiara pɛpɛɛpɛ no, saa ara na Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow bɛbam pɛpɛɛpɛ. Enti Hesekiel nkɔmhyɛ no si so dua sɛ, ɔkwan biara so, wɔbɛma nokware som so bio wɔ nna a edi akyiri no mu.

Sɛnea ɔbɔfo no susuw asɔrefi no pɛpɛɛpɛ no, dɛn na wusua fi mu? (Hwɛ nkyekyɛm 16)

17. Asaase a asɔrefi no si so no, na ɔfasu atwa ho ahyia. Dɛn na ɛkae yɛn nnɛ?

17 Ɔfasu a na atwa asaase no ho ahyia. Yɛabehu sɛ Hesekiel anisoadehu no mu no, ohui sɛ asaase a na asɔrefi no si so no, wɔato ɔfasu bi atwa ho ahyia. Wei kaee Onyankopɔn nkurɔfo no sɛ, ɛnsɛ sɛ wogu Onyankopɔn fi ho fĩ, kyerɛ sɛ, biribiara a na ebegu wɔn som ho fĩ no, na ɛsɛ sɛ wɔtwe wɔn ho fi ho koraa. (Kenkan Hesekiel 43:7-9.) Ɛnnɛ nso, yehia saa afotu no ara bi! Babilon Kɛse no bunkam Onyankopɔn nkurɔfo so mfe pii. Bere a wɔdee wɔn ho no, Kristo paw akoa nokwafo ne ɔbadwemma no afe 1919. Efi saa bere no reba no, Onyankopɔn nkurɔfo abɔ mmɔden paa sɛ wɔbɛpo atoro nkyerɛkyerɛ ne amanne biara a efi abosonsom mu. Enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye paa sɛ, biribiara a ebegu yɛn som ho fĩ no, yɛrenkɔ ho koraa. Afei nso, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn honam fam adwuma anaa aguadi ho nsɛm ba yɛn Ahenni Asa so. Ɛmfata sɛ yɛde nneɛma a ɛtete saa frafra yɛn som.—Mar. 11:15, 16.

18, 19. (a) Asɔrefi a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no, dɛn na yebetumi asua afi n’aponkɛse no mu? (b) Sɛ obi pɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ Yehowa akwankyerɛ a edi mu no mfata a, dɛn na wobɛyɛ? Ma ɛho nhwɛso.

18 Aponkɛse no. Aponkɛse a Hesekiel hui no, sɛ yedwinnwen ho a, dɛn na yebetumi asua afi mu? Ɛda adi sɛ aponkɛse a ɛwɔ asɔrefi a Hesekiel hui no mu no, ɛmaa Yudafo no hui sɛ Yehowa pɛ sɛ wɔde n’akwankyerɛ a edi mu no bɔ wɔn bra. Sɛ saa na na ɛte tete no a, ɛnde ɛnnɛ nso ɛ? Yɛn de, yɛsom Yehowa wɔ ne honhom fam asɔrefi kɛse no mu. Enti saa bere yi paa na ɛho hia sɛ yɛma yɛn abrabɔ ho tew; ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nyaatwom. (Rom. 12:9; 1 Pet. 1:14, 15) Nna a edi akyiri yi mu no, Yehowa aboa ne nkurɔfo nkakrankakra ama wɔde n’akwankyerɛ reyɛ adwuma. c Sɛ nhwɛso no, sɛ obi yɛ bɔne na wannu ne ho a, wotu no fi asafo no mu. (1 Kor. 5:11-13) Ɛnyɛ ɛno nko, yɛabehu sɛ sɛ wuwura asɔrefi no aponkɛse no mu a, wubehu awɛmfo mpia wɔ benkum ne nifa. Wei kae yɛn sɛ ɛnnɛ, sɛ obi nni Onyankopɔn anim dom a, ɔrentumi mma honhom fam asɔrefi no mu mmɛsom Yehowa. Yɛmfa no sɛ ebia obi redi bɔne sie. Onipa a ɔte saa betumi aba Ahenni Asa so, nanso sɛ wansiesie ɔne Onyankopɔn ntam a, ɔrentumi nnya Yehowa anim dom. (Yak. 4:8) Ɔbrasɛe abu so wɔ wiase yi mu, nanso hwɛ sɛnea Yehowa rebɔ nokware som ho ban!

19 Bible ka too hɔ sɛ ansa na wiase awiei bɛba no, nnipa abrabɔ bɛkɔ so ara asɛe. Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Nnipabɔnefo ne nnaadaafo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, wɔbɛdaadaa nkurɔfo na nkurɔfo nso adaadaa wɔn.” (2 Tim. 3:13) Ade rekye a ade resa nyinaa, nkurɔfo redaadaa nnipa pii ama wɔanya adwene sɛ Yehowa akwankyerɛ a edi mu a ɔpɛ sɛ yɛde bɔ yɛn bra no yɛ katee dodo, atwam, anaa ɛmfata. Wo nso, wobɛma wɔadaadaa wo anaa? Wo de, fa no sɛ obi pɛ sɛ ɔma wunya adwene sɛ Onyankopɔn mmara a ɛfa ɔbarima ne ɔbarima nna anaa ɔbea ne ɔbea nna ho no mfata. Wo ne no bɛyɛ adwene? Anaa wo ne Yehowa Nyankopɔn bɛyɛ adwene? N’Asɛm ka no pefee sɛ wɔn a wɔbɔ saa bra no reyɛ “aniwude.” Onyankopɔn bɔ yɛn kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛsosɔ ɔbrasɛe so. (Rom. 1:24-27, 32) Sɛ biribi a ɛte saa ho asɛm sɔre a, ɛsɛ sɛ yetwa asɔrefi a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu ne n’aponkɛse no ho mfoni wɔ yɛn adwenem, na yɛkae sɛ: Ɛmfa ho nea wiase bɔne yi mu nnipa bɛyɛ biara no, ɔkwan a Yehowa pɛ sɛ yɛfa so som no no de, egyina nea egyina. Yɛne yɛn soro Agya no bɛyɛ adwene na yɛayɛ nea ɛteɛ anaa?

Sɛ yɛde yɛn ho hyɛ nokware som mu a, ɛkyerɛ sɛ yɛrebɔ “ayeyi afɔre”

20. Nneɛma bɛn na ɛwɔ Hesekiel anisoadehu no mu a ɛhyɛ “nnipakuw kɛse” no mufo nkuran?

20 Adiwo no. Hesekiel hui sɛ asɔrefi no adiwo a ɛwɔ akyi hɔ no sõ. Ebia wei maa Hesekiel de n’adwene buu nnipa dodow a na wobetumi abehyiam wɔ hɔ de anigye asom Yehowa no. Ɛbɛyɛ sɛ ɛmaa n’ani gyei paa. Ɛnnɛ, Kristofo som Yehowa wɔ asɔrefi a ɛyɛ kronkron paa mu. “Nnipakuw kɛse” no mufo som Yehowa wɔ ne honhom fam asɔrefi no adiwo a ɛwɔ akyi hɔ no mu, na nneɛma pii wɔ Hesekiel anisoadehu no mu a ɛhyɛ wɔn nkuran. (Adi. 7:9, 10, 14, 15) Hesekiel hui sɛ na adidibea pii wɔ asɔrefi no adiwo hɔ, enti sɛ ɛba sɛ nkurɔfo ba bɛbɔ asomdwoe afɔre a, na wobetumi adi afɔrebɔde no bi wɔ hɔ. (Hes. 40:17) Enti ɔkwan bi so no, na ɛte sɛ nea wɔne Yehowa Nyankopɔn ato nsa redidi. Wei kyerɛ sɛ na asomdwoe wɔ wɔne Yehowa ntam! Wei fa yɛn ho sɛn nnɛ? Afɔre a Yudafo a na wɔhyɛ Mose Mmara no ase no bɔ no, ɛnyɛ ɛno bi na yɛbɔ. Nokware som a yɛde rema Yehowa nnɛ no, “ayeyi afɔre” na yɛbɔ ma no. Ɔkwan a yɛfa so yɛ saa no bi ne sɛ, yɛma mmuae wɔ asafo nhyiam ase, na yɛka yɛn gyidi ho asɛm wɔ asɛnka mu. (Heb. 13:15) Honhom fam aduan a Yehowa de ma yɛn no nso hyɛ yɛn den. Wei ma yɛte nka te sɛ Kora mma no. Wɔtoo dwom maa Yehowa sɛ: “Eye sɛ obi bɛtena wo fi adiwo da koro sen sɛ obedi nna apem wɔ baabi foforo biara.”—Dw. 84:10.

21. Hesekiel anisoadehu no ma yehu biribi a ɛfa asɔfodi no ho. Dɛn na Kristofo a wɔasra wɔn no betumi asua afi mu?

21 Asɔfodi no. Mmusuakuw a na emufo nyɛ asɔfo no, sɛ wɔrekɔ asɔrefi no adiwo a ɛwɔ akyi hɔ no a, na aponkɛse bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔfa mu. Hesekiel hui sɛ asɔfo ne Lewifo no nso, sɛ wɔrekɔ adiwo a ɛwɔ mfinimfini hɔ a, na saa aponkɛse no ara bi deda ano a ɛsɛ sɛ wɔfa mu kɔ. Wei fata paa efisɛ na ɛbɛma mmarima a wofi asɔfo abusuakuw mu no akae sɛ, ɔkwan a Yehowa pɛ sɛ yɛfa so som no no, saa kwan no ara na ɛsɛ sɛ wɔn nso fa so som no. Ɛnnɛ nso ɛ? Ɛwom, asɔfodi ho nhyehyɛe a na ɛwɔ hɔ tete no, ɛnte saa wɔ Onyankopɔn asomfo mu nnɛ. Nanso wɔka kyerɛ Kristofo a wɔasra wɔn no sɛ: “Moyɛ ‘abusua a wɔapaw mo, adehye asɔfokuw.’” (1 Pet. 2:9) Wɔn a na wɔsom sɛ asɔfo wɔ tete Israel no, na ɛsono adiwo a wɔsom wom. Ɛnnɛ, yɛrentumi nka sɛ ɛsono baabi a Kristofo a wɔasra wɔn no hyiam som Onyankopɔn, ɛnna ɛsono baabi a Yehowa asomfo a aka no nso hyiam som no. Nanso wɔn a wɔasra wɔn no de, wɔne Yehowa wɔ abusuabɔ soronko efisɛ Onyankopɔn de wɔn ayɛ ne mma. (Gal. 4:4-6) Wɔn nso, wobetumi asua nneɛma pii afi Hesekiel anisoadehu no mu. Ade baako a wobetumi ahyɛ no nsow ne sɛ, Yehowa de afotu ne nteɛso maa asɔfo no nso. Ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa kae sɛ, yɛn nyinaa yɛ “kuw baako,” na “ɔhwɛfo baako” na ɔkyerɛ yɛn kwan.—Kenkan Yohane 10:16.

22, 23. (a) Obirɛmpɔn a Hesekiel anisoadehu no ka ne ho asɛm no, dɛn na asafo mu mpanyimfo betumi asua afi ne hɔ? (b) Anisoadehu no ho ade bɛn na ebia yebehu daakye?

22 Obirɛmpɔn no. Wohwɛ Hesekiel anisoadehu no a, wubehu sɛ na obirɛmpɔn no yɛ onipa titiriw. Ná omfi asɔfo abusuakuw no mu, enti asɔrefi hɔ no, na ɛsɛ sɛ odi asɔfo no akwankyerɛ so. Nanso yehu sɛ na odi nneɛma anim, na na ɔboa nkurɔfo no ma wɔn nsa ka nneɛma a wɔde bɛbɔ afɔre. (Hes. 44:2, 3; 45:16, 17; 46:2) Enti Kristofo mmarima a asɛyɛde hyehyɛ wɔn nsa wɔ asafo no mu no, wobetumi asuasua ne nhwɛso no. Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo ne ahwɛfo akwantufo yɛ osetie ma akoa nokwafo a wɔasra no no. (Heb. 13:17) Mpanyimfo no yɛ adwumaden de boa Onyankopɔn nkurɔfo ma wɔbɔ ayeyi afɔre wɔ Kristofo nhyiam ase ne asɛnka mu. (Efe. 4:11, 12) Afei nso, abirɛmpɔn a wɔde wɔn tumi sisii nkurɔfo no, Yehowa kaa wɔn anim, na mpanyimfo betumi asua biribi afi mu. (Hes. 45:9) Mpanyimfo no adwene nyɛ wɔn sɛ, wɔn de wonhia afotu ne nteɛso. Mmom, hokwan biara a wobenya sɛ Yehowa bɛtete wɔn ama wɔatumi ayɛ ahwɛfo adwuma no na wɔadi wɔn asɛyɛde ho dwuma yiye no, wɔn ani sɔ.—Kenkan 1 Petro 5:1-3.

23 Sɛ yɛkɔ Paradise a, Yehowa bɛkɔ so ara ama yɛanya ahwɛfo a wɔfata na wɔdɔ yɛn. Ne saa nti, asafo mu mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no, wogu so ara retete wɔn, na wei bɛboa wɔn mu pii ama wɔayɛ ahwɛfo a wɔfata a wɔbɛboa yɛn wɔ Paradise. (Dw. 45:16) Nneɛma a saa mmarima yi bɛyɛ de aboa yɛn wɔ wiase foforo no mu no, sɛ yedwinnwen ho a, ɛmma yɛn ani nnye anaa? Ebetumi aba sɛ bere a ɛsɛ mu no, Yehowa bɛma yɛate Hesekiel anisoadehu no ase akɔ akyiri. Nokware som a wɔbɛma so bio ho nkɔmhyɛ afoforo nso wɔ hɔ a, ebia yɛbɛte ase yiye. Ebetumi aba sɛ daakye yebehu nneɛma foforo a yebetumi asua afi Hesekiel anisoadehu no mu. Saa ara nso na ebia anisoadehu no bɛsan anya mmamu foforo a ennya nnaa adi seesei. Daakye na yebehu.

Asɔrefi no aponkɛse no ne n’adiwo no, dɛn na ɛma yehu fa yɛn som ho? (Hwɛ nkyekyɛm 18-21)

Sɛnea Yehowa Hyira Wɔn a Wɔsom No Nokware Mu

24, 25. Nneɛma bɛn na ɛwɔ Hesekiel anisoadehu no mu a ɛma yehu sɛnea Yehowa hyira wɔn a wɔsom no nokware mu?

24 Ne korakora no, ma yɛnhwɛ ade titiriw bi a esii wɔ Hesekiel anisoadehu no mu. Kae sɛ, asɔrefi a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no, Yehowa ankasa baa hɔ, na ɔhyɛɛ ne nkurɔfo no bɔ sɛ, sɛ wɔkɔ so ara som no wɔ ɔkwan a ɔpɛ so a, ɔno nso bɛkɔ so atena hɔ. (Hes. 43:4-9) Sɛ Yehowa ba asɔrefi hɔ a, na ɛbɛka ne nkurɔfo no sɛn, na nsakrae bɛn na na ɛde bɛba wɔn asaase no so?

25 Nneɛma mmienu bi wɔ anisoadehu no mu a ɛma yehu sɛnea Yehowa hyira wɔn a wɔsom no nokware mu: (1) Ná nsu bi sen fi asɔrefi no kronkronbea hɔ. Ɛrekɔ nyinaa na ɛde nkwa na ɛnam, na esiesiee asaase no; afei nso (2) na wɔakyekyɛ asaase no mu pɛpɛɛpɛ, na wuhu sɛ asɔrefi no si asaase no mfinimfini. Ɛnnɛ, saa nsɛm yi, yɛbɛte ase sɛn? Nea ɛte ne sɛ, yɛn bere yi so no, Yehowa aba honhom fam asɔrefi kɛse no mu abɛtew ho. Wapene so sɛ yɛnsom no wɔ saa asɔrefi no mu, na saa nhyehyɛe a wayɛ sɛ yɛmfa so nsom no no yɛ kronkron sen sɛnea na wɔsom no tete no. (Mal. 3:1-4) Nneɛma mmienu a ɛwɔ anisoadehu no mu a ɛma yehu sɛnea Yehowa behyira wɔn a wɔsom no nokwarem no, yebesusuw ho wɔ nhoma yi Ti 19 kosi 21.

a Sɛnea ɔfasu yi te no, na Yehowa de retwe adwene asi biribi a kan no na ne nkurɔfo yɛ de gu n’asɔrefi kronkron no ho fĩ so. Ɔkaa sɛ: “Wosii wɔn pon wɔ me pon ho na wɔde wɔn apongua sii m’apongua nkyɛn de yɛɛ akyiwade guu me din kronkron no ho fĩ; ɔfasu kɛkɛ na na etwa me ne wɔn ntam.” (Hes. 43:8) Tete Yerusalem no, ɔfasu kɛkɛ na na etwa Yehowa asɔrefi no ne ɔmanfo no adan ntam. Eduu baabi no, na nkurɔfo no mfa Yehowa akwankyerɛ a ɛyɛ papa no nyɛ adwuma bio. Wɔde wɔn afide ne wɔn abosonsom no baa Yehowa fi no nkyɛn pɛɛ. Ná ɛyɛ abofono paa!

b Nokware som a wɔbɛma so bio ho nkɔmhyɛ afoforo abam wɔ nna a edi akyiri yi mu, na Hesekiel asɔrefi ho anisoadehu no ne saa nkɔmhyɛ ahorow yi hyia. Sɛ nhwɛso no, fa Hesekiel 43:1-9 toto Malaki 3:1-5; Hesekiel 47:1-12 ne Yoel 3:18 ho, na hwɛ sɛnea edi nsɛ.

c Honhom fam asɔrefi no fii ase yɛɛ adwuma afe 29 Y.B. mu, bere a wɔbɔɔ Yesu asu na ofii ase yɛɛ adwuma sɛ Ɔsɔfo Panyin no. Nanso Yesu asomafo no wu akyi mfe pii no, na nnipa dodow no ara nsom Yehowa nokware mu. Efi afe 1919 reba paa na wɔama nokware som so.