Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 16

“Hyɛ Wɔn Moma So Agyirae”

“Hyɛ Wɔn Moma So Agyirae”

HESEKIEL 9:4

NEA ƐWOM: Yebehu sɛnea wɔhyɛɛ anokwafo a na wɔwɔ Hesekiel bere so no agyirae maa nkwagye. Afei, yɛbɛhwɛ sɛnea biribi a ɛte saa bɛkɔ so wɔ yɛn bere yi so

1-3. (a) Adɛn nti na Hesekiel ho dwiriw no, na dɛn na ohu faa Yerusalem sɛe no ho? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

 HESEKIEL ahu biribi wɔ anisoadehu mu ama ne ho adwiriw no paa! Ɛne sɛ, wahu akyiwade paa a Yudafo awaefo no reyɛ wɔ Yerusalem asɔrefi hɔ. a Baabi a anka wɔsom Yehowa nokwarem wɔ Israel no, ɛhɔ na afei de saa atuatewfo no agu ho fĩ yi. Nanso, ɛnyɛ asɔrefi no nko ara na na wɔagu ho fĩ. Ná amumɔyɛ ahyɛ Yuda asaase no so ma, na na nkurɔfo no agye nsam koraa. Nea na Yudafo no reyɛ no hyɛɛ Yehowa abufuw paa, enti ɔka kyerɛɛ Hesekiel sɛ: “Me ne wɔn bedi no abufuw so.”—Hes. 8:17, 18.

2 Ɛyɛɛ Hesekiel yaw paa sɛ Yehowa rebehwie n’abufuw agu Yerusalem ne n’asɔrefi a bere bi na ɛyɛ kronkron no so, na wasɛe ne nyinaa pasaa! Akyinnye biara nni ho sɛ, Hesekiel bisaa ne ho sɛ: ‘Dɛn na ɛbɛto anokwafo a wɔwɔ kurow no mu? Wobegye wɔn nkwa anaa? Sɛ wobegye wɔn a, ɔkwan bɛn na wɔbɛfa so agye wɔn?’ Ankyɛ koraa na Hesekiel nyaa mmuae no. Bere a ɔtee atemmu a ano yɛ den a ɛreba Yerusalem so no, ankyɛ koraa na ɔtee sɛ obi reteɛm denneennen afrɛ wɔn a wɔde Onyankopɔn atemmu reba kurow no so no. (Hes. 9:1) Anisoadehu no rekɔ so no, odiyifo no huu biribi a ɛmaa ne koma tɔɔ ne yam paa. Ohui sɛ, ɛnyɛ obiara na wɔbɛsɛe no; wɔn a wɔfata no, wobegye wɔn nkwa!

3 Bere a wiase bɔne yi reba awiei no, ebia yɛn nso yebebisa yɛn ho sɛ, Henanom na wobegye wɔn nkwa wɔ ɔsɛe kɛse a ɛreba no mu? Ɛnde, momma yensusuw nsɛmmisa a edi hɔ yi ho: (1) Dɛn na edi hɔ a Hesekiel hui wɔ anisoadehu no mu? (2) Sɛn na anisoadehu no baa mu wɔ ne bere so? (3) Anisoadehu no, ɛfa yɛn bere yi ho sɛn?

‘Frɛ Wɔn a Wɔde Atemmu Reba No’

4. Anisoadehu no mu no, dɛn bio na Hesekiel tee, na dɛn na ohui?

4 Anisoadehu no mu no, dɛn bio na Hesekiel tee, na dɛn na ohui? (Kenkan Hesekiel 9:1-11.) Ohuu mmarima nson sɛ wofi ɔkwan a ɛda “atifi ponkɛse a ɛhwɛ atifi fam no” so reba. Ebia na ɛbɛn baabi a na ninkuntwe bosom no si, anaa baabi a na mmea bi te resu onyame Tamus no. (Hes. 8:3, 14) Mmarima nson no baa asɔrefi no adiwo a ɛwɔ mfinimfini no begyinagyinaa kɔbere afɔremuka no ho. Nanso, na ɛnyɛ afɔre na saa mmarima no rebɛbɔ. Nea ɛte ne sɛ, na Yehowa ani nsɔ afɔre a wɔbɔ wɔ asɔrefi hɔ no bio. Mmarima no mu nsia de, “ná wɔn mu biara kura dade a ɔde bɛsɛe ade.” Ɔbarima a ɔto so nson no de, na ɔyɛ soronko koraa. Ná ɔhyɛ nwera ataade, na na dade a wɔde sɛe ade biara nkura no. Mmom, na “ɔkyerɛwfo toa,” anaa sɛnea ase hɔ asɛm no kyerɛ no, “toa a wɔde adubiri gu mu” bɔ n’asen.

5, 6. Nkurɔfo a wɔhyɛɛ wɔn agyirae no, dɛn na yebetumi aka afa wɔn ho? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ ti yi mfiase no.)

5 Dɛn na na ɔbarima a ɔkyerɛwfo toa bɔ n’asen no bɛyɛ? Yehowa ankasa de adwuma kɛse bi hyɛɛ ne nsa sɛ: “Sen fa Yerusalem kurow no abɔnten so, na wɔn a wɔresi apini na wɔredi akyiwade a wɔreyɛ wɔ hɔ nyinaa ho abooboo no, hyɛ wɔn moma so agyirae.” Ɛbɛyɛ sɛ amonom hɔ ara na Hesekiel kaee sɛ bere bi na ɛsɛ sɛ Israelfo anokwafo a wɔyɛ awofo de mogya srasra wɔn fi pon atifi ne wɔn apongua ho de yɛ sɛnkyerɛnne na wɔankum wɔn mmakan. (Ex. 12:7, 22, 23) Ɛnde yemmisa sɛ, Hesekiel anisoadehu no mu no, adɛn nti na na ɔbarima a ɔkyerɛwfo toa bɔ n’asen no bɛhyɛ nkurɔfo agyirae? Ná ɛno nso bɛyɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ wɔn a wɔahyɛ wɔn agyirae wɔ wɔn moma so no benya nkwa wɔ ɔsɛe a ɛreba Yerusalem so no mu anaa?

6 Sɛ yebenya asɛmmisa yi ho mmuae a, ɛsɛ sɛ yehu nea na wobegyina so ahyɛ obi moma so agyirae. Nkurɔfo a na ‘wɔresi apini na wɔredi abooboo’ wɔ akyiwade a na ɛrekɔ so ‘wɔ kurow no mu’ ho no, wɔn na na ɛsɛ sɛ wɔhyɛ wɔn moma so agyirae. Ɛnde saa nkurɔfo no, dɛn na yebetumi aka afa wɔn ho? Baako ne sɛ, ɛnyɛ abosonsom a na ɛrekɔ so wɔ asɔrefi hɔ nko ara na na ama wɔn werɛ ahow, na mmom amumɔyɛ, ɔbrabɔne, ne nyansakorɔn a na ahyɛ Yerusalem ma no nso, na wɔredi ne nyinaa ho awerɛhow. (Hes. 22:9-12) Afei nso, yebetumi aka sɛ wɔmaa nkurɔfo hui sɛ wɔn ani nnye nea na ɛrekɔ so no ho. Wei ma yehu sɛ, nnipa komapafo a wɔte saa no, wɔn anom nsɛm ne wɔn nneyɛe maa obiara hui sɛ nokware som da wɔn koma so, na nneɛma a na ɛrekɔ so wɔ Yerusalem no nso, wokyi koraa. Ná Yehowa behu saa nkurɔfo a wɔfata no mmɔbɔ na wagye wɔn nkwa.

7, 8. Mmarima a na wokurakura nnade a wɔde sɛe ade no, sɛn na na wɔbɛyɛ wɔn adwuma no? Ɔbarima a ɔkyerɛwfo toa bɔ n’asen no, n’adwuma no kosii sɛn?

7 Ɛnde, mmarima nsia a na wokurakura nnade a wɔde bɛsɛe ade no, sɛn na na wɔbɛyɛ wɔn adwuma no? Hesekiel tee sɛ Yehowa rema wɔn akwankyerɛ sɛ: Sɛ ɔbarima a ɔkyerɛwfo toa bɔ n’asen no hyɛ nkurɔfo moma so agyirae wie a, munkum obiara, gye wɔn a wɔahyɛ wɔn moma so agyirae no. Yehowa de kaa ho sɛ: “Mumfi ase mfi me kronkronbea hɔ.” (Hes. 9:6) Wɔn a wobekunkum abɔnefo no, na wobefi ase wɔ Yerusalem asɔrefi hɔ pɛɛ; saa bere no, na asɔrefi no nyɛ kronkron wɔ Yehowa ani so bio. Wɔn a na wobedi kan akunkum wɔn ne “mpanyimfo a wɔwɔ asɔredan no anim no.” Mpanyimfo a yɛreka wɔn ho asɛm yi ne mpanyimfo 70 a na wɔrehyew aduhuam ama abosom wɔ asɔrefi hɔ no.—Hes. 8:11, 12; 9:6.

8 Ɔbarima a ɔkyerɛwfo toa bɔ n’asen no, n’adwuma no kosii sɛn? Bere a na Hesekiel gu so rehwɛ na ɔretie nea ɛrekɔ so no, ɔbarima a ɔkyerɛwfo toa bɔ n’asen no de n’amanneɛbɔ kɔtoo Yehowa anim. Ɔkaa sɛ: “Mayɛ sɛnea wokae no pɛpɛɛpɛ.” (Hes. 9:11) Ebia yebebisa yɛn ho sɛ: ‘Ewiee Yerusalemfo no sɛn? Bere a ɔsɛe no bae no, anokwafo bi nyaa nkwa anaa?’

Sɛn Na Anisoadehu No Baa Mu Wɔ Hesekiel Bere So?

9, 10. Anokwafo a wonyaa wɔn ti didii mu bere a wɔsɛee Yerusalem no, wɔn mu bi ne henanom, na dɛn na yebetumi aka afa wɔn ho?

9 Kenkan 2 Beresosɛm 36:17-20. Hesekiel nkɔmhyɛ no baa mu afe 607 A.Y.B. mu. Saa bere no na Babilon asraafo sɛee Yerusalem ne n’asɔrefi no. Ná Babilonfo no akɔyɛ sɛ “kuruwa wɔ Yehowa nsam,” kyerɛ sɛ, wɔn na Yehowa nam wɔn so hwiee n’abufuw guu Yerusalem a anni nokware no so na ɔtwee kurow no mufo aso. (Yer. 51:7) Yemmisa sɛ, wokunkum obiara kɛkɛ anaa? Daabi. Hesekiel anisoadehu no kyerɛe sɛ ɛnyɛ obiara na Babilonfo no bɛsɛe no.—Gen. 18:22-33; 2 Pet. 2:9.

10 Anokwafo bi nyaa wɔn ti didii mu. Wɔn mu bi ne Rekabfo no, Etiopiani Ebed-Melek, odiyifo Yeremia, ne ne kyerɛwfo Baruk. (Yer. 35:1-19; 39:15-18; 45:1-5) Sɛ yɛhwɛ Hesekiel anisoadehu no a, yebetumi aka sɛ ‘akyiwade a na wɔreyɛ wɔ Yerusalem nyinaa,’ na saa nkurɔfo yi ‘resi ho apini,’ na na ‘wɔredi ho abooboo.’ (Hes. 9:4) Ɛda adi sɛ, ansa na ɔsɛe no reba no, saa nkurɔfo no maa obiara hui sɛ nokware som da wɔn koma so, na nneɛma bɔne a na ɛrekɔ so wɔ Yerusalem no nso, wokyi koraa. Nea wɔyɛe no nti, na anidaso wɔ hɔ ma wɔn sɛ wobenya wɔn ti adidi mu.

11. Mmarima nsia a na wokurakura nnade a wɔde sɛe ade no ne ɔbarima a ɔkyerɛwfo toa bɔ n’asen no, wogyina hɔ ma henanom?

11 Anokwafo a wonyaa nkwa no, wohwɛ a, obi hyɛɛ da kyerɛkyerɛw ade guu wɔn moma so ankasa de hyɛɛ wɔn agyirae anaa? Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Hesekiel anaa odiyifo foforo bi kyinkyin Yerusalem hyehyɛɛ anokwafo no moma so agyirae. Wei nti, yebetumi aka sɛ na Hesekiel anisoadehu no reka biribi a na ɛrekɔ so wɔ ɔsoro ho asɛm, enti na nnipa rentumi mfa wɔn aniwa nhu. Anisoadehu no mu no, ɔbarima a na ɔkyerɛwfo toa bɔ n’asen no ne mmarima nsia a na wokurakura nnade a wɔde sɛe ade no, wogyina hɔ ma Yehowa asomfo anokwafo a wɔwɔ soro a wɔayɛ krado bere nyinaa sɛ wɔbɛyɛ n’apɛde no. (Dw. 103:20, 21) Enti akyinnye biara nni ho sɛ, bere a Yehowa de atemmu baa Yerusalem so no, ɔmaa n’abɔfo no hwɛe sɛ wɔrenkunkum obiara kɛkɛ; wɔhwɛ maa anokwafo no nyaa wɔn ti didii mu. Enti na akɔyɛ te sɛ nea abɔfo no rehyɛ saa nkurɔfo no moma so agyirae.

Hesekiel Anisoadehu No Fa Yɛn Bere Yi Ho Sɛn?

12, 13. (a) Adɛn nti na Yehowa hwiee n’abufuw guu tete Yerusalem so, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ Yehowa bɛyɛ biribi a ɛte saa wɔ yɛn bere yi so? (b) Yerusalem a anni nokware no gyina hɔ ma Kristoman anaa? Kyerɛkyerɛ mu. (Hwɛ adaka a wɔato din “Yerusalem Gyina Hɔ Ma Kristoman Anaa?”)

12 Onyankopɔn de atemmu bi a ɛso bi mmae da reba nnansa yi ara. Bible ka sɛ: “Ahohiahia kɛse a efi wiase mfiase besi nnɛ, ebi mmae da, na ebi nso remma bio bɛba.” (Mat. 24:21) Bere a yɛrehwɛ saa bere titiriw no kwan no, nsɛmmisa bi a ɛho hia sɔre. Ebi ne sɛ: Ɔsɛe a ɛreba no, ebinom benya nkwa anaa? Wɔn a wɔsom Yehowa nokwarem no, wɔbɛhyɛ wɔn agyirae ɔkwan bi so ama nkwagye anaa? Hesekiel anisoadehu a ɛfa ɔbarima a ɔkyerɛwfo toa bɔ n’asen ho no, ebenya mmamu wɔ yɛn bere yi so anaa? Nsɛmmisa mmiɛnsa no nyinaa ho mmuae yɛ yiw. Adɛn nti na yɛreka saa? Nea ɛbɛyɛ na yɛanya mmuae no, momma yɛnsan nhwɛ Hesekiel anisoadehu no bio.

13 Wokae nea enti a Yehowa hwiee n’abufuw guu tete Yerusalem so no? San hwɛ Hesekiel 9:8, 9. (Kenkan.) Ná Hesekiel suro sɛ ɔsɛe no ba a, wobekunkum “Israelfo a wɔaka nyinaa.” Bere a Yehowa huu saa no, ɔkyerɛɛ Hesekiel nneɛma nnan a enti atemmu no reba. Nea edi kan, na ɔman no “bɔne so papaapa.” b Nea ɛto so mmienu, Yuda asaase no, na ‘mogyahwiegu ahyɛ so ma.’ Nea ɛto so mmiɛnsa, Yerusalem a na ɛyɛ Yuda man no ahenkurow no, ‘na ɔporɔw ahyɛ hɔ ma.’ Nea ɛto so nnan, bɔne a na nkurɔfo no reyɛ no, nea na wɔde reyi wɔn ho ano ne sɛ Yehowa “nhu.” Enti wohwɛ a, nneɛma a na ɛrekɔ so wɔ tete Yerusalem a enti Yehowa bo fuw wɔn no, ɛnyɛ ɛno ara bi na ɛrekɔ so wɔ wiase nnɛ? Sɛnea na ɛte wɔ tete Yerusalem no, nkurɔfo a wɔwɔ wiase nnɛ no bra asɛe, wodi amumɔyɛsɛm, wɔbɔ nyansakorɔn, na wonni nokware. Yehowa nso de, yenim sɛ “ɔnsakrasakra.” Enti sɛ nea ɛkɔɔ so wɔ Hesekiel bere so no maa ne bo fuwii a, ɛnde nea ɛrekɔ so nnɛ no nso bɛhyɛ no abufuw paa. (Yak. 1:17; Mal. 3:6) Enti, mmarima nsia a wokurakura akode a wɔde sɛe ade ne ɔbarima a ɔkyerɛwfo toa bɔ n’asen no benya adwuma ayɛ wɔ yɛn bere yi so!

Mmarima nsia a wokurakura nnade a wɔde sɛe ade no benya adwuma ayɛ nnansa yi ara (Hwɛ nkyekyɛm 12, 13)

14, 15. Ansa na ɔsɛe bi bɛba no, Yehowa di kan bɔ nkurɔfo kɔkɔ. Ma ɛho nhwɛso.

14 Yemmisa sɛ, Hesekiel anisoadehu no, sɛn na ɛrenya mmamu nnɛ? Sɛ yɛhwɛ sɛnea anisoadehu no baa mu tete no a, ɛbɛma yɛahu nea ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan nnɛ, ne nea ɛbɛba daakye. Ɛnde, ma yɛnhwɛ nneɛma bi a asisi a ɛma yehu sɛ Hesekiel nkɔmhyɛ no renya mmamu. Yɛbɛsan ahwɛ nneɛma bi a ɛwɔ Hesekiel nkɔmhyɛ no mu a ɛbɛba mu daakye.

15 Sɛ ɔsɛe bi reba a, Yehowa di kan bɔ nkurɔfo kɔkɔ. Sɛnea yehui wɔ nhoma yi Ti 11 no, Yehowa de Hesekiel yɛɛ “Israel fi wɛmfo.” (Hes. 3:17-19) Efi afe 613 A.Y.B. no, Hesekiel bɔɔ Israel kɔkɔ pefee wɔ ɔsɛe a na ɛrebobɔ ba no ho. Afei Yesaia, Yeremia, ne adiyifo foforo nso bɔɔ nkurɔfo no kɔkɔ wɔ amanehunu a na ɛbɛba Yerusalem so no ho. (Yes. 39:6, 7; Yer. 25:8, 9, 11) Ɛnnɛ nso, Yehowa nam Kristo so de wɔn a wɔasra wɔn no mu kakraa bi redi dwuma titiriw bi. Baako ne sɛ, ɔnam wɔn so de honhom fam aduan rema n’asomfo. Nanso wei da nkyɛn a, ɔnam wɔn so rebɔ afoforo kɔkɔ wɔ ahohiahia kɛse a ɛrebobɔ ba no ho.—Mat. 24:45.

16. Yehowa nkurɔfo na wɔbɛhyɛ wɔn a wobegye wɔn nkwa no agyirae anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

16 Ɛnyɛ Yehowa nkurɔfo na wɔbɛhyɛ wɔn a wobegye wɔn nkwa no agyirae. Hyɛ no nsow sɛ wɔanka ankyerɛ Hesekiel sɛ ɔno ankasa nkyinkyin Yerusalem na ɔnhyɛ afoforo agyirae mma nkwagye. Yehowa nkurɔfo a yɛwɔ hɔ nnɛ nso, wɔnka nkyerɛɛ yɛn sɛ yɛnhyɛ wɔn a wɔfata nkwagye no agyirae. Mmom, yɛn adwuma ne sɛ yɛbɛka asɛmpa no. Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yenni saa adwuma yi ho agorɔ koraa? Ɛsɛ sɛ yɛde nsi ne ahokeka ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no, na yɛyere yɛn ho bɔ nkurɔfo kɔkɔ sɛ wiase bɔne yi awiei abɛn paa. (Mat. 24:14; 28:18-20) Enti sɛ nnipa a wɔwɔ koma pa betumi abɛsom Yehowa nokwarem a, adwuma a yɛyɛ no ka ho bi.—1 Tim. 4:16.

17. Dɛn na ɛsɛ sɛ nkurɔfo yɛ nnɛ na wɔafata sɛ wɔhyɛ wɔn agyirae daakye?

17 Sɛ nkurɔfo benya nkwa wɔ ɔsɛe a ɛreba no mu a, ɛnnɛ na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ sɛ wɔwɔ gyidi. Sɛnea yɛadi kan ahu no, wɔn a wonyaa wɔn ti didii mu wɔ ɔsɛe a ɛbaa Yerusalem so afe 607 A.Y.B. mu no, ansa na ɔsɛe no reba no, saa nkurɔfo no ma ɛdaa adi sɛ nokware som da wɔn koma so, na nneɛma bɔne a na ɛrekɔ so wɔ Yerusalem no nso, wokyi koraa. Saa pɛpɛɛpɛ na ɛte nnɛ. Ansa na ɔsɛe no bɛba no, nea ɛsɛ sɛ nkurɔfo yɛ ne sɛ ‘wobesi apini na wɔadi abooboo’ wɔ abɔnefosɛm a ɛrekɔ so wɔ wiase yi mu ho. Nea wei kyerɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ wodi ho yaw kɛse wɔ wɔn koma mu. Afei nso, ɛsɛ sɛ wɔma obiara hu sɛ wɔn ani nnye nea ɛrekɔ so no ho koraa. Saa ara na ɛsɛ sɛ wɔde wɔn anom nsɛm ne wɔn nneyɛe kyerɛ sɛ nokware som da wɔn koma so. Wɔbɛyɛ dɛn ayɛ saa? Ɛsɛ sɛ wotie asɛmpa a yɛka no, na wofi ase da Kristo suban no bi adi. Afei nso, ɛsɛ sɛ wohyira wɔn ho so ma Yehowa na wɔbɔ asu, na woyi wɔn yam boa Kristo nuanom no. (Hes. 9:4; Mat. 25:34-40; Efe. 4:22-24; 1 Pet. 3:21) Wɔn a wɔreyɛ saa nneɛma yi nnɛ, na wɔbɛkɔ so ara asom Yehowa nokwarem akosi sɛ ahohiahia kɛse no bɛba no, wɔn nko ara na wɔbɛhyɛ wɔn agyirae ama nkwagye.

18. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu Kristo bɛhyɛ wɔn a wɔfata no agyirae, na bere bɛn na ɔbɛyɛ saa adwuma no? (b) Anokwafo a wɔasra wɔn no, ɛho hia sɛ wɔhyɛ wɔn agyirae anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

18 Yesu na ɔbɛhyɛ wɔn a wɔfata no agyirae, na ɛbɛkɔ so wɔ soro. Hesekiel bere so no, abɔfo ka ho bi na wɔhyɛɛ anokwafo agyirae maa nkwagye. Ɔbarima a ɔkyerɛwfo toa bɔ n’asen no, yɛn bere yi so no, ɔno ne Yesu Kristo, bere a ‘waba n’anuonyam mu’ sɛ amanaman nyinaa Temmufo no. (Mat. 25:31-33) Ahohiahia kɛse no mu no, sɛ wɔsɛe atoro som wie a, saa bere no na Yesu bɛba n’anuonyam mu. c Saa bere titiriw yi na Yesu bebu nkurɔfo atɛn sɛ wɔyɛ nguan anaa wɔyɛ mpɔnkye. Ɛno akyi pɛɛ na Armagedon befi ase. “Nnipakuw kɛse” no, wɔbɛhyɛ wɔn agyirae sɛ wɔyɛ nguan. Wei kyerɛ sɛ, ‘wɔbɛkɔ daa nkwa mu.’ (Adi. 7:9-14; Mat. 25:34-40, 46) Anokwafo a wɔasra wɔn no nso ɛ? Wɔn de, ɛho nhia sɛ wɔhyɛ wɔn agyirae ma wotwa Armagedon. Mmom, wobenya wɔn ahyɛnsode a etwa to no ansa na wɔawu anaa ansa na ahohiahia kɛse no afi ase. Afei, ansa na Armagedon befi ase no, wɔbɛfa wɔn a wɔda so wɔ asaase so no akɔ soro.—Adi. 7:1-3.

19. Henanom na wɔbɛka Yesu ho ama wɔasɛe wiase bɔne yi? (Hwɛ adaka a wɔato din “Apinisi Ne Abooboodi, Nkurɔfo a Wɔhyɛ Wɔn Agyirae, Ɔsɛe—Bere Bɛn Ne Ɔkwan Bɛn So?”)

19 Ɔsoro Hene Yesu Kristo ne n’asafodɔm a wɔwɔ soro no na wɔbɛsɛe wiase bɔne yi. Hesekiel anisoadehu no mu no, ɔbarima a ɔhyɛ nwera ataade no wiee n’adwuma no ansa na mmarima nsia a wokurakura nnade a wɔde sɛe ade no fii ase kunkum nkurɔfo. (Hes. 9:4-7) Yɛn bere yi so nso, Yesu bebu nnipa a wɔwɔ amanaman nyinaa mu atɛn, na wahyɛ nkurɔfo a wɔte sɛ nguan no agyirae ama nkwagye ansa na ɔsɛe no afi ase. Afei, Yesu bedi ɔsoro asafodɔm no anim ama wɔasɛe wiase bɔne yi pasaa wɔ Armagedon ko no mu. Wɔn a wɔbom yɛ ɔsoro asafodɔm no, wɔne abɔfo kronkron no ne 144,000 a Yesu ne wɔn bedi ade no. Sɛ wɔsɛe wiase bɔne yi wie a, wobegye wɔn a wɔsom Yehowa nokwarem no akɔ wiase foforo a trenee te mu no mu.—Adi. 16:14-16; 19:11-21.

20. Hesekiel anisoadehu a ɛfa ɔbarima a ɔkyerɛwfo toa bɔ n’asen ho no, asuade bɛn na ɛwom?

20 Hesekiel anisoadehu a ɛfa ɔbarima a ɔkyerɛwfo toa bɔ n’asen ho no, yɛasua nneɛma pii afi mu, na ahyɛ yɛn gyidi den. Yɛn ani asɔ nea yɛasua no paa! Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa rensɛe atreneefo mfra abɔnefo da. (Dw. 97:10) Yɛahu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnɛ na ama wɔahyɛ yɛn agyirae ama nkwagye daakye. Yehowa asomfo de, yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi nyinaa aka asɛmpa no akyerɛ wɔn a wɔresi apini na wɔredi abɔnefosɛm a ɛrekɔ so wɔ Satan wiase yi mu ho abooboo no. Afei nso, yɛbɛkɔ so abɔ wɔn kɔkɔ wɔ ɔsɛe a ɛreba no ho. Wei bɛma yɛanya hokwan aboa “wɔn a wɔwɔ koma pa a ebetumi ama wɔanya daa nkwa no” ama wɔabɛka yɛn ho ama yɛasom Yehowa. Ɛno bɛma wɔafata sɛ wɔhyɛ wɔn agyirae na wogye wɔn nkwa kɔ Onyankopɔn wiase foforo a trenee te mu no mu.—Aso. 13:48.

a Hesekiel anisoadehu a ɛfa akyiwade a na nkurɔfo reyɛ wɔ asɔrefi hɔ ho no, ɛho asɛm wɔ nhoma yi Ti 5.

b Nhoma bi ka sɛ, Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase “bɔne” wɔ ha no, etumi kyerɛ sɛ ‘obi bɛhyɛ da ayɛ biribi a onim sɛ ɛnyɛ papa.’ Nhoma foforo nso ka sɛ, saa asɛmfua yi, “wɔtaa de yɛ adwuma bere a wɔreka mfomso a obi ayɛ atia Onyankopɔn ho asɛm.”

c Yebetumi aka sɛ, sɛ wɔsɛe Babilon Kɛse no a, ɛno nkyerɛ sɛ wobekunkum wɔn a wɔwɔ atoro som mu nyinaa amonom hɔ ara. Saa bere no, ebia nyamesom akannifo bi mpo bɛpo atoro som, na wɔbɛka sɛ wɔmfaa wɔn ho mmɔɔ atoro som da.—Sak. 13:3-6.