Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 21

“Wɔbɛfrɛ Kurow No Yehowa Wɔ Hɔ”

“Wɔbɛfrɛ Kurow No Yehowa Wɔ Hɔ”

HESEKIEL 48:35

NEA ƐWOM: Nea kurow no ne ntoboa no kyerɛ

1, 2. (a) Asaase no fã a na wobetwa ato hɔ no, dwuma titiriw bɛn na na wɔde bedi? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ ti yi mfiase no.) (b) Anidaso bɛn na anisoadehu no maa Yehowa nkurɔfo no nyae?

 ANISOADEHU a etwa to a Hesekiel nyae no mu no, Yehowa ma ohui sɛ wobetwa asaase no fã bi ato hɔ de adi dwuma titiriw bi. Ná wɔremfa saa asaase no mma Israel abusuakuw bi sɛ wɔn agyapade, mmom na wɔde bɛma Yehowa sɛ ntoboa. Yehowa san kaa kurow soronko bi ho asɛm kyerɛɛ Hesekiel, na na edin a ɛda kurow no so yɛ nwonwa. Saa nsɛm yi maa Yehowa nkurɔfo no nyaa anidaso titiriw bi. Ɛne sɛ: Sɛ wɔsan kɔtena wɔn asaase a ɛda wɔn koma so no so a, Yehowa ne wɔn bɛtena.

2 Hesekiel kaa ntoboa no ho asɛm kɔɔ akyiri. Momma yensusuw saa asɛm no ho, efisɛ Yehowa asomfo anokwafo a yɛwɔ hɔ nnɛ betumi asua nneɛma pii afi mu.

“Ntoboa Kronkron” Ne “Kurow No”

3. Asaase a Yehowa yi sii nkyɛn no, na mmeae nnum na ɛwɔ so. Sɛn na wɔfrɛɛ emu biara, na dɛn na na wɔde emu biara bɛyɛ? (Hwɛ adaka a wɔato din “Asaase a Mubetwa Ayɛ Ntoboa No.”)

3 Asaase a wotwa too hɔ no, woyii ne fã bi sii nkyɛn. Asaase no fã a woyi sii nkyɛn no, ɛwɔ afã nnan a ne nyinaa tenten yɛ pɛ. Efi atifi rekɔ anaafo yɛ basafa 25,000 (akwansin nwɔtwe anaa kilomita 13), na efi apuei rekɔ atɔe nso yɛ basafa 25,000. Saa asaase a ɛwɔ afã nnan yi, wɔfrɛɛ no “ntoboa mũ no nyinaa.” Wɔkyekyɛɛ asaase no mu mmiɛnsa. Ná baako wɔ atifi, baako wɔ mfinimfini, ɛnna baako wɔ anaafo. Wɔde ɔfã a ɛwɔ atifi no maa Lewifo no. Wɔde mfinimfini de no maa asɔfo no, na ɛhɔ ara nso na na wobesi asɔrefi no. Saa afã mmienu no na wɔfrɛɛ no “ntoboa kronkron” no. Ɔfã a ɛwɔ anaafo no, ɛno na na ɛyɛ ketewa, na wɔfrɛɛ no “asaase no fã a aka.” Ɛhɔ na wɔde yɛɛ “ɔmanfo asaase.” Saa asaase no so na na wɔbɛkyekye kurow no.—Hes. 48:15, 20.

4. Ntoboa a na wobeyi ama Yehowa ho kyerɛwtohɔ no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

4 Ntoboa a woyi maa Yehowa ho kyerɛwtohɔ no, dɛn na yebetumi asua afi mu? Wohwɛ kyerɛwtohɔ no a, wubehu sɛ Yehowa kaa sɛ wonni kan ntwa asaase no bi mma no sɛ ntoboa titiriw ansa na wɔakyɛ asaase no fã a aka no ama mmusuakuw no. Yehowa nam wei so kyerɛe sɛ, asaase no fã a na wobetwa ato hɔ sɛ ɛhɔ na wɔbɛsom no no, ɛsɛ sɛ wɔma ɛho hia wɔn paa. (Hes. 45:1) Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛnea na wɔbɛkyekyɛ asaase no, Yehowa nkurɔfo no suaa nneɛma pii fii mu. Ná ɛsɛ sɛ wodi kan twa bi ma Yehowa. Wei ma wohui sɛ, ɛsɛ sɛ wɔde Yehowa som di kan wɔ biribiara mu. Ɛnnɛ, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛde biribiara a ɛfa Yehowa som ho di kan. Enti nneɛma bi te sɛ Onyankopɔn Asɛm a yebesua, Kristofo nhyiam a yɛbɛkɔ, ne asɛnka adwuma no de, ɛnsɛ sɛ yɛtoto no ase koraa. Sɛ yesua biribi fi nea Yehowa kae sɛ wɔnyɛ no mu a, yɛde ne som bedi kan wɔ yɛn asetenam da biara da.

“Kurow No Bɛda Mfinimfini”

5, 6. (a) Kurow no, na ɛbɛyɛ henanom dea? (b) Dɛn na kurow no rentumi nnyina hɔ mma, na adɛn nti na yɛreka saa?

5 Kenkan Hesekiel 48:15. “Kurow no” ne asaase a atwa ho ahyia no, dɛn na ɛma yehu? (Hes. 48:16-18) Anisoadehu no mu no, Yehowa ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ: ‘Kurow no asaase bɛyɛ Israel fi nyinaa dea.’ (Hes. 45:6, 7) Enti, kurow no ne asaase a atwa ho ahyia no, na ɛnka “ntoboa kronkron” a na ‘wobetwa ama Yehowa’ no ho. (Hes. 48:9) Seesei a yɛahu sɛ kurow no ne asaase a atwa ho ahyia no nka ntoboa kronkron no ho no, momma yɛnhwɛ kurow no ho nneɛma bi ne nea yebetumi asua afi mu.

6 Sɛ yebehu nneɛma bi a yebetumi asua afa kurow no ho a, ɛsɛ sɛ yedi kan hu nea kurow no rentumi nnyina hɔ mma. Ɛrentumi nnyina hɔ mma Yerusalem kurow no a wɔsan kyekyee a na asɔrefi si mu no. Adɛn nti na yɛreka saa? Efisɛ kurow a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no, na asɔrefi biara nsi mu. Afei nso, na ennyina hɔ mma kurow foforo bi a ɛwɔ asaase a Israelfo no san kɔtenaa so no so. Adɛn ntia? Efisɛ bere a Israelfo no san kɔɔ wɔn asaase so no, nkurow a wɔkyekyee no, emu biara nni hɔ a na ɛte sɛ kurow a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no, na saa ara na wɔn asefo nso ankyekye kurow bi a ɛte saa. Afei nso, na kurow no rentumi nnyina hɔ mma kurow bi a ɛwɔ soro. Adɛn ntia? Efisɛ asaase a wɔkyekyee kurow no wɔ so no, na ɛyɛ “baabi a obiara tumi kɔ [anaa ɛnyɛ asaase kronkron].” Saa kurow no, wɔankyekye wɔ asaase a na wɔatwa ato hɔ ama Yehowa som nkutoo no so.—Hes. 42:20.

7. Kurow a Hesekiel hui no, na ɛyɛ kurow bɛn, na ɛbɛyɛ sɛ egyina hɔ ma dɛn? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ ti yi mfiase no.)

7 Ɛnde, kurow a Hesekiel hui no, na ɛyɛ kurow bɛn? Momma yɛnhyɛ no nsow sɛ, anisoadehu a Hesekiel huu asaase no wom no, ɛno ara mu nso na ohuu kurow no. (Hes. 40:2; 45:1, 6) Onyankopɔn Asɛm ma yehu sɛ, asaase no gyina hɔ ma honhom fam asaase bi, enti kurow no nso bɛyɛ honhom fam kurow. Ɛnde yemmisa sɛ, sɛ yɛte asɛmfua “kurow” a, dɛn na ɛba yɛn adwene mu? Nea ɛba yɛn adwene mu ne nnipakuw bi a wɔabom te faako na wɔwɔ nhyehyɛe ahorow a ɛboa ma nneɛma kɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ hɔ. Kurow a Hesekiel hui no, na biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ wom, na na n’afã nnan no nyinaa tenten yɛ pɛ. Enti ɛbɛyɛ sɛ kurow no gyina hɔ ma asoɛe bi a ɛhwɛ toto nneɛma.

8. Henanom na asoɛe a ɛhwɛ toto nneɛma no hwɛ wɔn so, na adɛn nti na yɛreka saa?

8 Henanom na saa asoɛe no hwɛ wɔn so? Anisoadehu a Hesekiel nyae no ma yehu sɛ, saa kurow no yɛ adwuma wɔ honhom fam asaase no so. Enti Onyankopɔn nkurɔfo na saa asoɛe no kyerɛ wɔn kwan. Anisoadehu no kyerɛe sɛ, baabi a wɔkyekyee kurow no, obiara tumi kɔ hɔ, anaa ɛnyɛ asaase kronkron. Ɛno nso kyerɛ sɛn? Ɛkyerɛ sɛ, kurow no gyina hɔ ma asoɛe bi a ɛwɔ asaase so, na mmom ɛnyɛ nea ɛwɔ soro. Saa asoɛe no yɛ adwuma de boa wɔn a wɔwɔ honhom fam paradise no mu nyinaa.

9. (a) Saa asoɛe yi a ɛwɔ asaase so no, henanom na wɔwom nnɛ? (b) Dɛn na Yesu bɛyɛ wɔ Mfirihyia Apem no mu?

9 Asoɛe yi a ɛhwɛ toto nneɛma wɔ asaase so no, henanom na wɔwom? Wohwɛ anisoadehu a Hesekiel nyae no a, wubehu sɛ onii a ɔda aban asoɛe no ano no, wɔfrɛɛ no “obirɛmpɔn.” (Hes. 45:7) Ná ɔyɛ ɔhwɛfo wɔ kurow no mu, nanso na ɔnyɛ ɔsɔfo anaa Lewini. Enti obirɛmpɔn yi ma yɛn adwene kɔ ahwɛfo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu so, titiriw wɔn a wɔmfaa honhom nsraa wɔn no. Ahwɛfo yi ka “nguan foforo” no ho. Wɔyɛ Kristo ahenni a ɛwɔ soro no asomfo a wɔwɔ asaase so. Wɔbrɛ wɔn ho ase, na Onyankopɔn nkurɔfo a wɔhwɛ wɔn so no, wodwen wɔn ho. (Yoh. 10:16) Mfirihyia Apem nniso a ɛreba no mu no, Yesu bɛpaw “mpanyimfo” a wɔfata de nnwuma ahyehyɛ wɔn nsa wɔ “asaase nyinaa so.” (Dw. 45:16) Mpanyimfo no bɛboa Onyankopɔn nkurɔfo wɔ Mfirihyia Apem no mu, na akwankyerɛ a ɔsoro Ahenni no de bɛma wɔn na wɔde bɛyɛ wɔn adwuma no.

“Yehowa Wɔ Hɔ”

10. Kurow no din de sɛn, na awerɛhyem bɛn na ɛma obi nya?

10 Kenkan Hesekiel 48:35. Kurow no din de “Yehowa Wɔ Hɔ.” Saa din yi, ɛma awerɛhyem sɛ, obiara a ɔbɛtena kurow no mu no bɛte nka sɛ Yehowa wɔ hɔ. Saa kurow no a Yehowa de kyerɛɛ Hesekiel no, na ɛda asaase no mfinimfini. Enti na ɛte sɛ nea Yehowa reka akyerɛ ne nkurɔfo no sɛ: ‘Me ne mo bɛtena bio!’ Saa asɛm yi ka koma paa!

11. Hesekiel anisoadehu a ɛfa kurow no ne kurow no din ho no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

11 Hesekiel nkɔmhyɛ no fã yi, dɛn na yebetumi asua afi mu? Kurow no din ma Onyankopɔn asomfo nya awerɛhyem sɛ, Yehowa ka n’asomfo anokwafo a wɔwɔ asaase so nnɛ no ho, na ɔne wɔn bɛtena daa. Kurow no din san ma yehu nokwasɛm titiriw bi. Ɛne sɛ: Ɛnyɛ nea enti a wɔkyekyee kurow no ne sɛ wɔde tumi bɛhyɛ nnipa bi nsa, na mmom sɛ́ ɛbɛhwɛ atoto nneɛma sɛnea Yehowa pɛ; ɔdɔ ne ntease mu. Ɛho nhwɛso ne sɛ, Yehowa mfa nhyɛɛ asoɛe no nsa sɛ ɛnkyekyɛ asaase no mu sɛnea wɔn ankasa pɛ. Mmom, Yehowa hwɛ kwan sɛ asaase anaa hokwan biara a ɔde ama obi no, wɔn a wɔwɔ asoɛe no mu no bɛhwɛ de obiara de ama no. ‘Mmɔborɔwafo’ mpo, na ɛsɛ sɛ wɔde wɔn de ma wɔn.—Mmeb. 19:17; Hes. 46:18; 48:29.

12. (a) Ade foforo bɛn na ɛda nsow wɔ kurow no ho, na dɛn na ɛma yehu? (b) Anisoadehu no fã yi, ade titiriw bɛn na ahwɛfo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu betumi asua afi mu?

12 Kurow a ne din de “Yehowa Wɔ Hɔ” no, ade foforo bɛn na ɛda nsow wɔ ho? Nkurow a na ɛwɔ hɔ tete no, na wɔto afasu twa ho hyia de bɔ ho ban, na na wɔmma ɛho apon nnɔɔso. Nanso saa kurow yi de, ɛwɔ apon 12! (Hes. 48:30-34) Apon pii a ɛdeda kurow no ano no (kurow no afã nnan no mu biara wɔ apon mmiɛnsa) ma yehu sɛ, mpanyimfo a wɔhwɛ kurow no so no, Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa tumi bɛn wɔn, na bere biara a wohia mpanyimfo no, wɔn nsa ka wɔn. Afei nso, apon 12 a ɛdeda kurow no ho no ma yehu sɛ obiara, kyerɛ sɛ, “Israel fi nyinaa” tumi kɔ mu. (Hes. 45:6) Sɛnea apon pii deda kurow no ano a enti obiara tumi kɔ mu no, ahwɛfo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu betumi asua biribi titiriw afi mu. Ɛne sɛ, Yehowa pɛ sɛ wɔyɛ nkurɔfo a honhom fam paradise no mufo tumi bɛn wɔn. Afei nso, sɛ wɔn mu bi hia ahwɛfo no a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ den sɛ wɔn nsa bɛka wɔn.

Ahwɛfo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu no, obiara tumi bɛn wɔn, na bere biara a obi behia wɔn nso, ne nsa ka wɔn (Hwɛ nkyekyɛm 12)

Onyankopɔn Nkurɔfo ‘Bɛba Abɛsom’ Na ‘Wɔayɛ Kurow No Mu Adwuma’

13. Yehowa kaa nkurɔfo bi a na wɔbɛyɛ nnwuma ahorow ho asɛm. Dɛn na ɔka faa adwuma a wɔn mu biara bɛyɛ ho?

13 Asaase a na wɔbɛkyekyɛ ho anisoadehu a Hesekiel nyae no, ohuu nneɛma pii wom. Momma yɛnsan nkɔ so bio, na yɛnhwɛ nneɛma foforo bi a Hesekiel hui. Yehowa kaa nkurɔfo bi a wɔbɛyɛ nnwuma ahorow ho asɛm. Asɔfo no, na ‘wɔbɛsom wɔ kronkronbea hɔ.’ Wɔn na na wɔbɛbɔ afɔre ahorow na wɔakɔ Yehowa anim akɔsom no. Lewifo no nso, na ‘wɔbɛsom wɔ asɔrefi hɔ.’ Wɔn na na ‘wɔbɛhwɛ asɔrefi hɔ ayɛ emu som adwuma nyinaa ne biribiara a ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ hɔ.’ (Hes. 44:14-16; 45:4, 5) Afei nso, na adwumayɛfo bi bɛyɛ adwuma de aboa kurow no. Henanom ne saa adwumayɛfo yi?

14. Sɛ yɛhwɛ adwumayɛfo a na wɔbɛyɛ adwuma de aboa kurow no a, dɛn na ɛma yɛkae?

14 Adwumayɛfo a na wɔbɛyɛ adwuma de aboa kurow no, na wofi “Israel mmusuakuw nyinaa” mu. Adwuma bɛn na na wɔbɛyɛ de aboa kurow no? Ná wɔn adwuma ne sɛ wɔbɛdɔw mfuw ama ‘kurow no mu adwumayɛfo adi mu nnɔbae.’ (Hes. 48:18, 19) Adwuma a na adwumayɛfo no yɛ no, ɛma yɛkae hokwan bi a yɛn nso yɛanya nnɛ anaa? Yiw. Ɛnnɛ, yɛn a yɛwɔ honhom fam paradise no mu nyinaa anya hokwan sɛ yɛbɛboa Kristo nuanom a wɔasra wɔn no ama wɔayɛ adwuma a ɛhyɛ wɔn nsa no. Afei nso, yɛanya hokwan sɛ yɛbɛboa “nnipakuw kɛse” no mufo a Yehowa de ahyɛ wɔn nsa sɛ wonni nneɛma anim no. (Adi. 7:9, 10) Ɔkwan titiriw baako a yɛbɛfa so aboa anuanom yi ne sɛ yebefi yɛn komam atie akwankyerɛ a akoa nokwafo no de ma yɛn no.

15, 16. (a) Ade foforo bɛn na ɛwɔ Hesekiel anisoadehu no mu a yebetumi asua biribi afi mu? (b) Nnwuma bɛn na yɛanya hokwan reyɛ a ɛte sɛ nea na adwumayɛfo no bɛyɛ no?

15 Ade foforo wɔ Hesekiel anisoadehu no mu a ɛboa yɛn ma yehu biribi fa asɛnka adwuma a yɛreyɛ no ho. Ɛyɛ dɛn? Yehowa kyerɛe sɛ, wuyi Lewifo no si nkyɛn a, mmusuakuw 12 a aka no bɛyɛ adwuma wɔ mmeae mmienu: asɔrefi no adiwo hɔ ne kurow no asaase a wodua nnɔbae wɔ so no so. Saa mmeae yi mu biara no, dɛn na na wɔbɛyɛ wɔ hɔ? Asɔrefi no adiwo hɔ no, na mmusuakuw no nyinaa bɛba hɔ abɛbɔ afɔre de ‘asom’ Yehowa. (Hes. 46:9, 24) Kurow no asaase no nso, na mmusuakuw no nyinaa bɛba so abɛyɛ mfuw de aboa kurow no. Dɛn na yebetumi asua afi adwumayɛfo yi hɔ?

16 Nnwuma a na adwumayɛfo no bɛyɛ wɔ Hesekiel anisoadehu no mu no, ɛnnɛ nnipakuw kɛse no mufo anya hokwan reyɛ nnwuma bi a ɛte saa. Wɔbɔ ayeyi afɔre de som Yehowa “wɔ n’asɔrefi.” (Adi. 7:9-15) Akwan a wɔfa so bɔ ayeyi afɔre ne sɛ wɔyɛ asɛnka adwuma no. Afei nso, wɔkɔ Kristofo nhyiam a wɔma mmuae, na wɔto nnwom de yi Yehowa ayɛ. Saa nneɛma yi a wɔyɛ de som Yehowa no, wobu no sɛ ɛno na ɛho hia paa wɔ wɔn asetena mu. (1 Be. 16:29) Weinom da nkyɛn a, nneɛma foforo pii wɔ hɔ a Onyankopɔn nkurɔfo bebree yɛ de boa ahyehyɛde no. Ebi ne sɛ, wɔboa ma wosisi Ahenni Asa ne Betel adan ahorow, na wosiesie saa adan yi nso. Afei nso, nnwuma foforo pii a Yehowa ahyehyɛde no yɛ no, wɔboa ma ɛkɔ so. Ebinom nso de wɔn sika boa. Enti yɛbɛka a, nnwuma ahorow a wɔyɛ yi nyinaa, ɛte sɛ nea wɔreyɛ mfuw wɔ asaase no so, na wɔyɛ ne nyinaa de ‘hyɛ Onyankopɔn anuonyam.’ (1 Kor. 10:31) Wɔde nsi ne anigye na ɛyɛ saa nnwuma yi, efisɛ wonim sɛ “afɔrebɔ a ɛtete saa no sɔ” Yehowa ani paa. (Heb. 13:16) Saa nnwuma yi, woayere wo ho reyɛ bi anaa?

Hesekiel kaa nnwuma bi a na ɛbɛkɔ so wɔ kurow no apon ano ho asɛm. Dɛn na yebetumi asua afi mu? (Hwɛ nkyekyɛm 14-16)

“Yɛretwɛn Ɔsoro Foforo Ne Asaase Foforo”

17. (a) Anisoadehu a Hesekiel nyae no, sɛn na ebenya mmamu kɛse daakye? (b) Adwuma a asoɛe no bɛyɛ wɔ Mfirihyia Apem no mu no, henanom na wobenya so mfaso?

17 Anisoadehu a Hesekiel nyae a ɛfa ntoboa no ho no, ebenya mmamu kɛse daakye anaa? Yiw! Wo de hwɛ: Hesekiel hui sɛ asaase no fã a wɔfrɛ no “ntoboa kronkron” no, na ɛda asaase no mfinimfini. (Hes. 48:10) Saa ara na Armagedon akyi no, ɛmfa ho baabiara a yɛbɛtena wɔ asaase so no, Yehowa ne yɛn bɛtena. (Adi. 21:3) Mfirihyia Apem no mu no, Yehowa bɛpaw asoɛe bi wɔ asaase so. Wɔn a wɔwɔ saa asoɛe no na Onyankopɔn de bɛhyɛ wɔn nsa sɛ wɔnhwɛ mmoa ne nkurɔfo. Adwuma a asoɛe no bɛyɛ wɔ Mfirihyia Apem no mu no, emu bɛtrɛw akɔ wiase baabiara. Wɔde akwankyerɛ pa bɛma wɔn a wɔyɛ “asaase foforo” no mufo nyinaa.—2 Pet. 3:13.

18. (a) Adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ biribiara a saa asoɛe no bɛyɛ no, ɛne Onyankopɔn apɛde behyia? (b) Awerɛhyem bɛn na kurow no din ma yenya?

18 Adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ biribiara a saa asoɛe no bɛyɛ no, ɛne Onyankopɔn apɛde behyia pɛpɛɛpɛ? Efisɛ Onyankopɔn Asɛm ma yehu pefee sɛ, saa asoɛe anaa kurow a ɛwɔ asaase so a ɛwɔ apon 12 no, ɛte sɛ kurow bi a ɛwɔ soro a ɛno nso wɔ apon 12. Saa kurow no ne Yerusalem Foforo no, na egyina hɔ ma 144,000 a wɔne Kristo bedi ade no. (Adi. 21:2, 12, 21-27) Wei ma yehu sɛ gyinae biara a Onyankopɔn Ahenni no besi wɔ soro no, ɛno ara na asoɛe a ɛwɔ asaase so no bɛhwɛ de ayɛ adwuma. Anokwa, kurow no din a ɛne “Yehowa Wɔ Hɔ” no, ɛma yɛn mu biara nya awerɛhyem sɛ nokware som ase betim, na ebenya nkɔso daa wɔ Paradise. Daakye papa bi da yɛn anim ampa!