Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 4A MU

“Bere a Migu So Rehwɛ Ateasefo No”

“Bere a Migu So Rehwɛ Ateasefo No”

Tete no, sɛ wokɔ Asiria ne Babilon a, wubehu sɛ wɔde mmoa ahoni asisi wɔn ahemfi ne wɔn asɔredan anim sɛ wɔde rebɔ ho ban. Ná saa ahoni no bi yɛ agyata ne anantwinini a wɔwɔ nnipa ti ne ntaban. Akyinnye biara nni ho sɛ, Hesekiel huu ahoni akɛse a ɛtete saa no bi. Sɛnea sɛ afoforo hu ahoni akɛse a ɛte saa a wɔn ho dwiriw wɔn no, ɛbɛyɛ sɛ Hesekiel nso, bere a ohui no, ne ho dwiriw no saa ara. Ná ahoni no bi tenten bɛyɛ anammɔn 20 anaa mita 6. Ɛmfa ho sɛnea ebia na saa ahoni yi yɛ hu fa no, na nkwa biara nni wɔn mu; abo na wɔde yɛɛ ahoni no.

Nanso, abɔde baanan a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no, na wɔyɛ “ateasefo.” Wei ma yehu sɛ nsonsonoe kɛse da ahoni no ne honhom abɔde no ntam koraa! Nea Hesekiel hui no nyaa ne so tumi ara ma ɔde asɛmfua “ateasefo” dii dwuma bɛboro mpɛn 10 wɔ nsɛm a ɔde fii ne nkɔmhyɛ ase no mu. (Hes. 1:5-22) Ateasefo baanan a na wɔbom di akɔneaba wɔ Onyankopɔn ahengua no ase no maa Hesekiel hui paa sɛ, Yehowa wɔ n’abɔde nyinaa so tumi. Ɛnnɛ nso, anisoadehu koro no ara ma yehu sɛ Yehowa anuonyam ne ne kɛseyɛ nni ano, na ɔno na odi biribiara so tumi.—1 Be. 29:11.