NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 6A MU
“Yi Wo Ti Nwi Ne W’abogyesɛ”
Hesekiel yɛɛ nneɛma bi a na ɛrenkyɛ koraa ebesisi wɔ Yerusalem ho ɔyɛkyerɛ
-
“Yi”
Atamfo bɛtow ahyɛ Yudafo no so akunkum wɔn
-
‘Kari na kyekyɛ mu’
Atemmu a na ɛreba no, na obi biara benya ne de
-
“Hyew”
Ebinom bewuwu wɔ kurow no mu
-
“Twitwa”
Wobekum ɔmanfo no bi wɔ kurow no akyi
-
“Pete”
Ebinom benya wɔn ti adidi mu, nanso wɔn asom rennwo wɔn
-
“Kyekyere”
Yehowa nkurɔfo a wokodii aman foforo so no, na wɔn mu binom bɛsan aba Yerusalem, na nokware som asan akɔ so