Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nhyiam titiriw bi a wɔyɛe afe 1919 no, na ɛyɛ adanse kɛse paa a ɛkyerɛ sɛ afei de wɔayi Onyankopɔn nkurɔfo afi Babilon Kɛse no mu

NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 9B MU

Adɛn Nti Na Ɛyɛ Afe 1919?

Adɛn Nti Na Ɛyɛ Afe 1919?

Adɛn nti na yɛka sɛ Onyankopɔn nkurɔfo dee wɔn ho fii Babilon Kɛse no ho afe 1919? Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Bible mu ne nsɛm bi a esisii mmere bi a atwam na ɛboa ma yehu saa.

Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Bible mu ne nsɛm bi a esisii mmere bi a atwam no ma yehu sɛ, afe 1914 na Yesu fii ase dii hene wɔ soro. Saa bere no na Satan wiase yi nna a edi akyiri no fii ase. Bere a Yesu bɛyɛɛ Ɔhene no, dɛn na ɔyɛe? Saa bere no ara na oyii n’asomfo a wɔwɔ asaase so no fii Babilon Kɛse no mu anaa? Ɔpaw “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no afe 1914 anaa? Ofii otwa adwuma kɛse no ase afe 1914 anaa?—Mat. 24:45.

Ɛda adi sɛ amma saa. Kae sɛ, Onyankopɔn de ne honhom kaa ɔsomafo Petro ma ɔkyerɛwee sɛ atemmu ‘befi ase wɔ Onyankopɔn fi.’ (1 Pet. 4:17) Saa ara nso na odiyifo Malaki hyɛɛ nkɔm sɛ, bere bi bɛba a Yehowa ne “apam no somafo” a ɔne Onyankopɔn Ba no, bɛba N’asɔrefi hɔ. (Mal. 3:1-5) Saa bere no, wobeyiyi Onyankopɔn nkurɔfo mu fĩ, na Onyankopɔn asomfo behyia sɔhwɛ ahorow. Nkɔmhyɛsɛm yi, ɛne nsɛm a esisii mmere bi a atwam hyia anaa?

Ɛne no hyia pɛpɛɛpɛ! Efi afe 1914 besi afe 1919 mfiase mu hɔ no, Yehowa Adansefo a saa bere no na wɔfrɛ wɔn Bible Asuafo no faa mmere a emu yɛ den mu. Wohyiaa sɔhwɛ ahorow, na woyiyii wɔn mu fĩ. Yɛnhwɛ nneɛma bi a ɛkɔɔ so saa bere no. Afe 1914 mu no, Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ asaase so no mu pii abam bui. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, na wɔrehwɛ kwan sɛ wiase yi bɛba awiei saa afe no, nanso amma saa. Eduu afe 1916 de, na asɛm no asɛe koraa, efisɛ Onua Charles T. Russell a na odi Onyankopɔn nkurɔfo anim no wui. Ná anuanom binom de Onua Russell ayɛ wɔn biribiara, enti Onua Joseph F. Rutherford a obesii Russell ananmu no, saa anuanom no sɔre tiaa no denneennen. Afe 1917 no, mpaapaemu baa Onyankopɔn nkurɔfo mu, na ɛkaa ketewaa bi anka ahyehyɛde no mu kyɛe. Afei afe 1918 mu no, asɔfo no piapiaa wiase atumfo ma wodii Onua Rutherford ne anuanom baason a wɔka no ho no asɛm, na wobuu wɔn atɛnkyea de wɔn koguu afiase. Asafo no adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn no nso, wɔtoo mu. Enti ɛda adi pefee sɛ, saa bere no, na wonnya nyii Onyankopɔn nkurɔfo mfii Babilon Kɛse no mu!

Nanso dɛn na esii afe 1919? Nneɛma sesae prɛko pɛ ma ɛyɛɛ nwonwa! Saa afe no mfiase pɛɛ na woyii Rutherford ne anuanom a wɔka no ho no fii afiase. Ɛhɔ ara na wɔkɔtoaa adwuma no so! Ntɛmpa ara na wɔyɛɛ nhyiam titiriw bi ho nhyehyɛe. Afei wofii ase tintim nsɛmma nhoma foforo bi a wɔtoo din The Golden Age (a seesei yɛfrɛ no Nyan!). Nea enti a wɔyɛɛ nsɛmma nhoma foforo yi ne sɛ wɔde bɛyɛ asɛnka adwuma no. Bio nso, wɔpaw ɔhwɛfo baako wɔ asafo biara mu sɛ ɔnyɛ nhyehyɛe a wɔde bɛkɔ asɛnka, na ɔmmoa mma asɛnka adwuma no nnya nkɔso. Saa afe no ara, wotintim Bulletin (a seesei yɛfrɛ no Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma) no. Nea enti a wɔyɛɛ saa nhoma yi ne sɛ ɛbɛboa anuanom ama wɔayɛ asɛnka adwuma no.

Ɛnde yemmisa sɛ, dɛn na ɛmaa nkɔso wei nyinaa bae? Ɛda adi paa sɛ, na Kristo ayi ne nkurɔfo afi Babilon Kɛse no mu. Ná wapaw n’akoa nokwafo ne ɔbadwemma no, na na otwa adwuma no nso afi ase. Nokwasɛm ne sɛ, na afe 1919 yɛ afe titiriw, na efi hɔ reba no, asɛnka adwuma no anya nkɔanim ama ayɛ nwonwa.