Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 10B MU

“Nnompe a Awo Wosee” Ne ‘Adansefo Baanu’—Nsonsonoe Bɛn Na Ɛwom?

“Nnompe a Awo Wosee” Ne ‘Adansefo Baanu’—Nsonsonoe Bɛn Na Ɛwom?

AFE 1919 mu no, nkɔmhyɛ mmienu bi a edi nsɛ baa mu. Baako fa “nnompe a awo wosee” ho, ɛnna foforo no nso fa ‘adansefo baanu’ bi ho. “Nnompe a awo wosee” ho nkɔmhyɛ no ka bere tenteenten bi ho asɛm (na na ɛyɛ mfehaha pii). Saa bere tenteenten no baa awiei bere a Onyankopɔn nkurɔfo bebree baa nkwa mu no. (Hes. 37:2-4; Adi. 11:1-3, 7-13) ‘Adansefo baanu’ ho nkɔmhyɛ no ka bere tiawa bi (a ɛbaa mu fi afe 1914 awiei de besi afe 1919 mfiase) ho asɛm. Saa bere tiawa no baa awiei bere a Onyankopɔn nkurɔfo kakraa bi baa nkwa mu no. Wɔn a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ mmienu no nyinaa mu no, na ɛte sɛ nea wɔawuwu na wɔanya owusɔre. Nkɔmhyɛ mmienu no nyinaa baa mu wɔ yɛn bere yi so, wɔ afe 1919 mu. Saa afe no, Yehowa maa n’asomfo a wɔasra wɔn no ‘sɔre gyinagyinaa wɔn anan so,’ wɔdee wɔn ho fii Babilon Kɛse no ho, na Yehowa boaboaa wɔn ano baa asafo a na wasan ayɛ no foforo no mu.—Hes. 37:10.

Nanso hyɛ no nsow sɛ, sɛnea nkɔmhyɛ mmienu no mu biara baa mu no, nsonsonoe titiriw bi wom. “Nnompe a awo wosee” ho nkɔmhyɛ no, ɛfa sɛnea na wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo nyinaa bɛsan aba nkwa mu no ho. Nanso ‘adansefo baanu’ a wɔsan baa nkwa mu no de, ɛfa wɔn mu kakraa bi ho. Wɔn na na wodi nneɛma anim wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu, na wɔn nso na wɔpaw wɔn sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no.—Mat. 24:45; Adi. 11:6. a

‘Obon Kɛse a . . . Nnompe Ayɛ Mu Ma’—Hes. 37:1

  1. AFE 100 Y.B. AKYI

    Efi asomafo no wu akyi pɛɛ reba no, na ɛte sɛ nea wɔakum Kristofo a wɔasra wɔn asafo no, enti na “nnompe” ahyɛ “obon kɛse” no mu ma

  2. AFE 1919 MFIASE

    1919: “Nnompe a awo wosee” no nyaa nkwa bere a Yehowa maa wɔn a wɔasra wɔn no nyinaa fii Babilon Kɛse no mu na ɔboaboaa wɔn ano baa asafo a na wasan ayɛ no foforo no mu no

‘Adansefo Baanu’—Adi. 11:3

  1. AFE 1914 AWIEI

    ‘wofuraa awerɛhow ntama’ kaa asɛm no

    1914: ‘Adansefo baanu’ no ‘furaa awerɛhow ntama’ kaa asɛm no mfe mmiɛnsa ne fã. Saa bere no baa awiei no, wokunkum wɔn wɔ sɛnkyerɛnne kwan so

  2. ná ɛte sɛ nea wɔawuwu

  3. AFE 1919 MFIASE

    1919: ‘Adansefo baanu’ no nyaa nkwa bere a wɔpaw wɔn a wɔasra wɔn no mu kakraa bi a na wodi nneɛma anim wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu sɛ wɔnsom sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no

a Hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛbaa Ɔwɛn-Aban March 2016 no mu.