Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 16A MU

Yerusalem Gyina Hɔ Ma Kristoman Anaa?

Yerusalem Gyina Hɔ Ma Kristoman Anaa?

Bere bi a atwam no, yɛn nhoma ahorow kaa sɛ Yerusalem a anni nokware no gyina hɔ ma Kristoman. Nokwasɛm ne sɛ, bere a Yerusalemfo wae fii Yehowa ho no, sɛ yɛhwɛ nneɛma a na ɛrekɔ so wɔ kurow no mu te sɛ abosonsom ne nyansakorɔn a na abu so wɔ baabiara no a, ɛma yɛkae nea ɛrekɔ so wɔ Kristoman mu nnɛ no. Nanso, sɛ wohwɛ saa nhoma yi ne nhoma ahorow a yɛayɛ no nnansa yi mu a, worenhu sɛ yɛaka sɛ asɛm bi, onipa bi, anaa ade bi a ɛwɔ Bible mu gyina hɔ ma obi anaa biribi kɛse bi a ɛbɛba daakye, gye sɛ yɛahu adanse pefee a ɛkyerɛ saa wɔ Bible mu. Ɛnde, adanse pefee bi wɔ Kyerɛwnsɛm no mu a ɛkyerɛ sɛ Yerusalem gyina hɔ ma Kristoman anaa? Daabi.

Wo de, susuw nea edidi so yi ho hwɛ: Tete no, na Yerusalem yɛ baabi a wɔsom Yehowa nokwarem; akyiri yi na emufo wae fii nokware som ho. Kristoman de, ɔnsom Yehowa da. Efi bere a Kristoman yii ne ti bɛyɛ mfe 300 wɔ asomafo no wu akyi no, atosɛm nko ara na wakyerɛkyerɛ de abesi nnɛ.

Nea ɛka ho bio ne sɛ, bere a Babilonfo sɛee Yerusalem no, akyiri yi, Yehowa san gyee kurow no toom, na wɔsan som Yehowa wɔ hɔ. Nanso Kristoman de, Onyankopɔn nnyee no ntoom da, na sɛ wɔsɛe no wɔ ahohiahia kɛse no mu nso a, ɔrensɔre bio da.

Nea yɛasusuw asɛm yi ho abedu yi, dɛn na yebetumi aka? Sɛ yɛhwɛ sɛnea Bible nkɔmhyɛ a ɛfa Yerusalem a anni nokware ho no baam na yɛde toto nea ɛrekɔ so wɔ Kristoman mu nnɛ no ho a, ebia yebehu nneɛma bi a edi nsɛ. Nanso, ɛte sɛ nea adanse biara nni Kyerɛwnsɛm no mu a yebetumi agyina so aka sɛ Yerusalem gyina hɔ ma Kristoman.