Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 3

Fa Nsɛmmisa Di Dwuma

Fa Nsɛmmisa Di Dwuma

Mateo 16:13-16

NSƐNTITIRIW: Fa nsɛmmisa a ɛfata di dwuma wɔ akwan ahorow yi so: Fa kanyan w’atiefo no anigye ma wɔnkɔ so mfa anigye ntie nea woreka no, fa di dwuma bere a wo ne wɔn resusuw nsɛm ho, na fa si nsɛntitiriw so dua.

SƐNEA WOBƐYƐ NO:

  • Kanyan w’atiefo no anigye na wɔakɔ so de anigye atie nea woreka no. Bisa nsɛm a ɛbɛkanyan atiefo no ama wɔama ho mmuae wɔ wɔn tirim, anaa ama wɔahwɛ nkyerɛkyerɛmu bi kwan.

  • Wo ne wɔn nsusuw nsɛm ho. Sɛ wo ne w’atiefo no resusuw nsɛm ho a, fa nsɛmmisa di dwuma na aboa atiefo no ma wɔadi nkyerɛkyerɛmu no akyi kosi sɛ wɔbɛte ase.

  • Si nsɛntitiriw so dua. Sɛ worebɛka asɛntitiriw bi a, di kan bisa asɛm bi ma ɛnkanyan atiefo no adwene. Sɛ wo ne w’atiefo susuw asɛnhia bi ho wie anaa wuwie wo nkyerɛkyerɛmu no nyinaa a, bisa nsɛm fa kaakae wɔn emu nsɛntitiriw no.