Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 5

Ma W’akenkan Mu Nna Hɔ

Ma W’akenkan Mu Nna Hɔ

1 Timoteo 4:13

NSƐNTITIRIW: Kenkan nea wɔakyerɛw no pɛpɛɛpɛ, na kenkan no den.

SƐNEA WOBƐYƐ NO:

  • Siesie wo ho yiye. Dwen ho hwɛ nea enti a wɔkyerɛw saa asɛm no. Sua sɛ wobɛka nsɛmfua dodow bi abom akan ne nyinaa, sen sɛ wobɛbobɔ nsɛmfua no din mmaako mmaako. Hwɛ sɛ woremfa nsɛmfua bi nhyehyɛ mu, woremmɔ bi ntra, anaa woremfa asɛmfua bi nhyɛ foforo ananmu. Fa kasa mu agyiraehyɛde a ɛwɔ akenkan no mu nyinaa di dwuma.

  • Bɔ asɛmfua biara din yiye. Sɛ wunnim sɛnea wɔbɔ asɛmfua bi a, hwɛ nsɛm asekyerɛ nhoma bi mu. Wubetumi nso abɔ akenkan no a wɔakyere agu afiri so atie, anaa wubetumi abisa obi a onim akenkan yiye ama waboa wo.

  • Kasa ma emu nna hɔ. Ɛyɛ a ma wo ti so, bue w’ano yiye, na tɔ wo bo ase bobɔ nsɛmfua din kama. Bɔ mmɔden kenkan ma nsɛmfua no mpue yiye.