Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 11

Ma Wo Kasa Mu Nyɛ Hyew

Ma Wo Kasa Mu Nyɛ Hyew

Romafo 12:11

NSƐNTITIRIW: Ma wo kasa mu nyɛ hyew ma ɛnkanyan w’atiefo na empusuw wɔn.

SƐNEA WOBƐYƐ NO:

  • Ma ɛnka wo koma. Sɛ woresiesie wo dwumadi no a, dwinnwen ho hwɛ mfaso a ɛwɔ asɛm a worekɔka no so. Sua wo dwumadi no yiye pa ara na ama woatumi afi wo komam akasa.

  • Dwen w’atiefo no ho. Asɛm a worekɔkenkan anaa worekɔkyerɛkyerɛ mu no, dwinnwen ho hwɛ sɛnea w’atiefo benya so mfaso. Hwehwɛ akwan horow a wobɛfa so ayɛ wo dwumadi no ama w’atiefo anya asɛm no ho anisɔ kɛse.

  • Ma wo kasa mu nyɛ hyew. Worekasa a ma anigye mmra mu. Sɛnea wode wo nipadua si nsɛm so dua ne sɛnea woyɛ w’anim no, ma emfi wo komam na atiefo nhu sɛnea wote nka.