Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 12

Dwen W’atiefo Ho Na Da Tema Adi

Dwen W’atiefo Ho Na Da Tema Adi

1 Tesalonikafo 2:7, 8

NSƐNTITIRIW: Ma sɛnea wote nka ankasa nna adi wɔ wo kasa mu, na ma w’atiefo nhu sɛ wudwen wɔn ho.

SƐNEA WOBƐYƐ NO:

  • Dwen w’atiefo no ho. Kaakae ɔhaw ahorow a w’atiefo rehyia, na ɛno besiesie wo koma. Sɛnea wɔte nka no, bɔ mmɔden sɛ wubedwinnwen ho.

  • Hwɛ wo kasa yiye. Fa yɛ wo botae sɛ wobɛma w’atiefo koma atɔ wɔn yam, wobɛkyekye wɔn werɛ, na woahyɛ wɔn den. Ɛnsɛ sɛ wokeka nsɛm a ɛbɛhaw w’atiefo no, nkasa ntia wɔn a wɔnsom Yehowa no, na wɔn gyidi ahorow nso, nkasa ntia.

  • Ma w’atiefo nhu sɛ wɔn ho hia wo. Mfa wo kasa ntwiw w’atiefo anim, fa wo nipadua si nsɛm so dua sɛnea ɛfata, na ama w’atiefo ahu sɛ wudwen wɔn ho pa ara. Sɛnea woyɛ w’anim bere a worekasa no, hwɛ no yiye; ɛyɛ a ma w’anim nyɛ sereserew.