Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 13

Ma Asuade a Ɛwɔ Asɛm No Mu Nna Adi

Ma Asuade a Ɛwɔ Asɛm No Mu Nna Adi

Mmebusɛm 3:21

NSƐNTITIRIW: Boa w’atiefo ma wonhu sɛnea asɛm a woreka no fa wɔn asetena ho, na boa wɔn ma wonhu sɛnea wɔde nea wɔresua no bɛyɛ adwuma.

SƐNEA WOBƐYƐ NO:

  • Dwen w’atiefo no ho. Dwinnwen nea enti a ɛho hia sɛ w’atiefo te asɛm a worekɔka no ho, na hwɛ sɛ asɛm no fã bɛn na ɛbɛboa wɔn pa ara.

  • Asɛm a woreka no nyinaa mu no, ma w’atiefo nhu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ. W’asɛm no mfiase pɛɛ no, ɛsɛ sɛ obiara a ɔretie wo no hu sɛ, ‘Asɛm yi de, ɛfa me ho.’ Worekyerɛkyerɛ asɛntitiriw biara mu a, ma atiefo nhu sɛnea wobetumi de asɛm no ayɛ adwuma. Mfa wo nsɛm no nwadawada; ka asuade pɔtee bi ho asɛm.