Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 14

Ma Nsɛntitiriw a Ɛwɔ Asɛm No Mu Nna Adi

Ma Nsɛntitiriw a Ɛwɔ Asɛm No Mu Nna Adi

Hebrifo 8:1

NSƐNTITIRIW: Boa w’atiefo ma wonni wo kasa no akyi, na ma wonhu no pefee sɛ asɛntitiriw biara a woreka ho asɛm no, ɛne wo kasa no botae hyia, na ɛne w’asɛmti no nso hyia.

SƐNEA WOBƐYƐ NO:

  • Hu wo kasa no botae. Wo kasa no atirimpɔw ne sɛn? Ɛrekyerɛkyerɛ asɛm bi mu? Ɛreboa w’atiefo ma wɔagye asɛm bi atom anaa wɔasesa wɔn adwene wɔ ho? Anaa ɛrekanyan wɔn ma wɔayɛ biribi? Sɛ wuhu botae no a, afei siesie wo kasa no ma ɛne no nhyia. Hwɛ hu sɛ nsɛntitiriw no nyinaa bɛboa wo ma woadu wo botae no ho.

  • Si wo kasa no asɛmti so dua. Twe adwene si asɛmti no so wɔ wo kasa no nyinaa mu. Nea ɛbɛboa ma woatumi ayɛ saa no, tĩ asɛmti no mu nsɛmfua titiriw no mu, anaa fa nsɛmfua foforo a ɛne no sɛ tĩ mu.

  • Ma wo nsɛntitiriw no mu nna hɔ, na mma ɛnyɛ bebree. Nsɛntitiriw a ɛne w’asɛmti no hyia a wubetumi akyerɛkyerɛ mu yiye wɔ bere a wɔde ama wo no mu no, ɛno nkutoo na ka ho asɛm. Nka nsɛntitiriw pii ho asɛm. Ka asɛntitiriw biara ma emu nna hɔ. Sɛ wufi asɛntitiriw baako so rekɔ foforo so a, gyina kakra. Afei nso sɛ wufi asɛntitiriw baako so rekɔ foforo so a, ka biribi a ɛbɛma atoa mu kama.