Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 15

Fa Ahotoso Kasa

Fa Ahotoso Kasa

1 Tesalonikafo 1:5

NSƐNTITIRIW: Ma w’atiefo nhu wɔ wo kasa mu sɛ wugye di pa ara sɛ nea woreka no yɛ nokware, na wunim sɛ ɛho hia.

SƐNEA WOBƐYƐ NO:

  • Siesie wo ho yiye. Sua dwumadi no ara kosi sɛ wubehu sɛnea kyerɛwnsɛm ahorow no kyerɛkyerɛ nsɛm mu ma nsɛntitiriw no nyinaa hyia. Afei, hwɛ sɛ wubetumi de nsɛmfua kakraa bi abobɔ emu nsɛntitiriw no so anaa. Sɛnea nsɛm no betumi aboa w’atiefo no, ɛno na fa w’adwene si so. Bɔ mpae hwehwɛ honhom kronkron.

  • Ma wo nsɛm nkyerɛ sɛ wowɔ ahotoso. Sɛ́ anka wobɛfa nsɛm a wɔatintim no ara aka akyerɛ w’atiefo no, fa w’ankasa nsɛm kyerɛkyerɛ mu. Ma nsɛmfua a wode bedi dwuma no nkyerɛ sɛ wugye nea woreka no di.

  • Fi wo komam kasa, na kasa akokoduru so. Worekasa a, ma wo nne so kakra. Sɛ ɛnyɛ mfomso wɔ mo hɔnom sɛ wobɛhwɛ atiefo anim tẽẽ a, ɛnde yɛ no saa.