Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 17

Ma W’atiefo Nte Asɛm No Ase

Ma W’atiefo Nte Asɛm No Ase

1 Korintofo 14:9

NSƐNTITIRIW: Boa w’atiefo ma wɔnte asɛm a woreka no ase.

SƐNEA WOBƐYƐ NO:

  • Sua wo dwumadi no yiye pa ara. Nea worekɔka ho asɛm no, bɔ mmɔden sɛ wobɛte ase yiye, na ama woatumi de w’ankasa wo nsɛm akyerɛkyerɛ mu ama emu ada hɔ.

  • Fa kasamu ntiantiaa di dwuma. Ɛwom, wubetumi de kasamu atenten adi dwuma, nanso sɛ woreka nsɛntitiriw bi a, fa kasamu ntiantiaa a emu da hɔ di dwuma.

  • Nsɛm a w’atiefo nte ase no, kyerɛkyerɛ mu. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mfa nsɛm a w’atiefo nte ase nni dwuma wɔ wo kasa mu. Sɛ ɛho behia sɛ woka asɛm bi a w’atiefo nte ase a, ɛnde kyerɛkyerɛ mu. Ebetumi ayɛ asɛmfua bi, Bible mu nnipa bi, sɛnea na tetefo susuw ade na wɔkari nneɛma, anaa tete amammerɛ bi.