Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 04

Hena Ne Onyankopɔn?

Hena Ne Onyankopɔn?

Efi tete besi nnɛ nyinaa, nnipa asom anyame ahorow pii. Nanso Bible ka Onyankopɔn bi a ɔyɛ “kɛse sen anyame nyinaa” ho asɛm. (2 Beresosɛm 2:5) Ɔno ne hena? Na dɛn na ɛma ɔyɛ kɛse sen anyame foforo a aka a nnipa som wɔn no? Adesua yi bɛma woahu nea saa Onyankopɔn yi pɛ sɛ wuhu fa ne ho.

1. Onyankopɔn din de sɛn, na dɛn na ɛma yehu sɛ ɔpɛ sɛ yehu ne din no?

Onyankopɔn abɔ ne din akyerɛ yɛn wɔ Bible mu. Ɔno ara ka sɛ: “Mene Yehowa. Me din ne no.” (Kenkan Yesaia 42:5, 8.) Edin “Yehowa” no fi Hebri asɛmfua bi mu. Nhomanimfo pii susuw sɛ edin no asekyerɛ ne “Nea Ɔma Ɛyɛ Hɔ.” Yehowa pɛ sɛ yehu ne din. (Exodus 3:15) Yɛyɛ dɛn hu saa? Wama ne din no apue wɔ Bible mu bɛboro mpɛn 7,000! a Onii a ne din de Yehowa no, ɔno ne “nokware Nyankopɔn wɔ soro ne asaase so.”—Deuteronomium 4:39.

2. Dɛn na Bible ma yehu fa Yehowa ho?

Bible ka sɛ anyame a nnipa som wɔn nyinaa, Yehowa nko ara na ɔyɛ nokware Nyankopɔn. Adɛn ntia? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Yehowa wɔ tumi sen obiara, na ɔno nkutoo ne “Ɔsorosoroni a odi asaase nyinaa so.” (Kenkan Dwom 83:18.) Ɔno ne “ade nyinaa so Tumfo.” Ɛno kyerɛ sɛ biribiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ no, otumi yɛ. Afei nso, ɔno na ɔbɔɔ “nneɛma nyinaa.” Amansan yi ne biribiara a nkwa wom wɔ asaase so no, ɔno na ɔbɔe. (Adiyisɛm 4:8, 11) Yehowa nko ara na onni mfiase; ɔwɔ hɔ daa.—Dwom 90:2.

SUA PII KA HO

Onyankopɔn din ne n’abodin ahorow no, hwɛ sɛ wubehu nsonsonoe a ɛwom anaa. Bio nso, hwɛ nea enti a Onyankopɔn ama woahu ne din, ne ɔkwan a ɔfaa so yɛɛ no.

3. Onyankopɔn wɔ abodin bebree, nanso ne din yɛ baako pɛ

Wopɛ sɛ wuhu nsonsonoe a ɛda obi abodin ne ne din ntam a, hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho.

  • Nsonsonoe bɛn na ɛda abodin te sɛ “Awurade” ne edin ntam?

Bible ma yehu sɛ, nnipa som anyame pii ne awuranom pii. Kenkan Dwom 136:1-3. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Hena ne “anyame mu Nyankopɔn” ne “awuranom mu Awurade” no?

4. Yehowa pɛ sɛ wuhu ne din na wode frɛ no

Dɛn na ɛma wuhu sɛ Yehowa pɛ sɛ wuhu ne din? Monhwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho.

  • Wohwɛ a, Yehowa pɛ sɛ nkurɔfo hu ne din anaa? Adɛn nti na woreka saa?

Yehowa pɛ sɛ nkurɔfo de ne din frɛ no. Kenkan Romafo 10:13. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Adɛn nti na ɛho hia sɛ yɛde Yehowa din frɛ no?

  • Sɛ obi kae wo din na ɔde frɛ wo a, ɛyɛ a ɛma wote nka sɛn?

  • Wohwɛ a, sɛ yɛde Yehowa din frɛ no a, ɛma ɔte nka sɛn?

5. Yehowa pɛ sɛ wobɛyɛ n’adamfo

Awuraa bi a ofi Cambodia a ne din de Soten kaa sɛ, bere a ohuu Onyankopɔn din no, n’ani gye boroo so. Monhwɛ VIDEO no. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho.

  • Bere a Soten huu Onyankopɔn din no, ɛkaa no sɛn?

Ansa na wobɛfa obi adamfo no, wudi kan bisa ne din. Monkenkan Yakobo 4:8a. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Dɛn na Yehowa pɛ sɛ woyɛ?

  • Sɛ wuhu Onyankopɔn din na wode frɛ no a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛboa wo ama woabɛn no?

EBINOM KA SƐ: “Onyankopɔn de, sɛnea wobɛfrɛ no biara mfa ho.”

  • Wugye di sɛ Onyankopɔn din de Yehowa?

  • Sɛn na wobɛkyerɛkyerɛ mu ama obi ahu sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ yɛde ne din frɛ no?

NEA YƐASUA

Nokware Nyankopɔn koro pɛ no din de Yehowa. Ɔpɛ sɛ yehu ne din no na yɛde frɛ no, sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi afa no adamfo.

Ntimu

  • Sɛn na wobɛkyerɛkyerɛ mu ama obi ahu sɛ ɛsono Yehowa, ɛnna ɛsono anyame foforo a aka a nkurɔfo som wɔn no?

  • Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde Onyankopɔn din frɛ no?

  • Dɛn na ɛma wuhu sɛ Yehowa pɛ sɛ wofa no adamfo?

Fa Wei Si W’ani So

YƐ NHWEHWƐMU

Susuw adanse nnum a ɛma yehu paa sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no ho.

“Onyankopɔn Wɔ Hɔ Ampa?” (Ɛwɔ jw.org)

Adɛn nti na ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ Onyankopɔn nni mfiase nni awiei?

“Hena na Ɔbɔɔ Onyankopɔn?” (Ɔwɛn-Aban, August 1, 2014)

Sɛnea na wɔbɔ Onyankopɔn din tete no, sɛ yennim mpo a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ din no?

“Hena Ne Yehowa?” (Ɛwɔ jw.org)

Wohwɛ a, yebetumi de edin biara kɛkɛ afrɛ Onyankopɔn? Hwɛ nea enti a yebetumi aka sɛ ɔwɔ din baako pɛ.

“Edin Dodow Sɛn Na Onyankopɔn Wɔ?” (Ɛwɔ jw.org)

a Sɛ wopɛ sɛ wuhu pii fa nea Onyankopɔn din kyerɛ, ne nea enti a enni Bible nkyerɛase ahorow bi mu no a, hwɛ Nkekaho A4 a ɛwɔ Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase no mu no.