Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 07

Yehowa Te Sɛn?

Yehowa Te Sɛn?

Sɛ obi bisa wo sɛ Yehowa Nyankopɔn te sɛn a, anka dɛn na wobɛka? Ebinom susuw sɛ Onyankopɔn sõ dodo, na ɔwɔ akyirikyiri, enti obiara rentumi mmɛn no. Ebinom nso dwen sɛ, Onyankopɔn te sɛ aprannaa anaasɛ anyinam. Ɛnde yemmisa sɛ, sɛn paa na Yehowa te? Yehowa ama yɛahu sɛnea ɔte wɔ n’Asɛm Bible mu, na wama yɛahu nso sɛ odwen yɛn ho paa.

1. Adɛn nti na yenhu Onyankopɔn?

“Onyankopɔn yɛ Honhom.” (Yohane 4:24) Yehowa wɔ nipadua, nanso ɛnte sɛ yɛn de yi. Ɔyɛ honhom, na ɔte soro. Baabi a ɔwɔ no, yɛrentumi mfa yɛn ani nhu no.

2. Suban ahorow a Yehowa wɔ no, emu bi ne nea ɛwɔ he?

Ɛwom sɛ yenhu Yehowa, nanso ɔyɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa. Ɔwɔ suban ahorow a ɛyɛ fɛ a ɛma nnipa tumi bɛn no. Bible ka sɛ: “Yehowa dɔ atɛntrenee, na ɔrennyaw n’anokwafo.” (Dwom 37:28) Afei nso, ɔwɔ “ayamhyehye ne mmɔborɔhunu” ma nnipa, titiriw wɔn a wɔrehu amane no. (Yakobo 5:11) “Yehowa bɛn wɔn a wɔn koma abubu; ogye wɔn a wɔn abam abu.” (Dwom 34:18) Wunim sɛ, nea yɛyɛ betumi ama Yehowa ani agye anaa wadi awerɛhow? Sɛ obi yɛ ade a enye a, ɛhaw Yehowa paa na ɛma odi awerɛhow. (Dwom 78:40, 41) Nanso sɛ obi yɛ adepa a, ɛma Yehowa ani gye, na ne koma tɔ ne yam.—Kenkan Mmebusɛm 27:11.

3. Dɛn na Yehowa yɛ de kyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn?

Suban a Yehowa wɔ nyinaa, nea ɛyɛ kɛse paa ne ɔdɔ. Nokwasɛm ne sɛ, “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yohane 4:8) Ɛnyɛ Bible no nko ara na ɛma yehu sɛ Yehowa dɔ yɛn. Yɛhwɛ nneɛma a wabɔ a, ɛno nso ma yehu sɛ ɔdɔ yɛn. (Kenkan Asomafo Nnwuma 14:17.) Wo de, hwɛ sɛnea ɔbɔɔ yɛn. Wama yɛn ani a yetumi de hu kɔla ahorow a ɛyɛ fɛ, na yetumi de yɛn aso tie nnwom a ɛyɛ dɛ. Afei nso, yetumi te aduan dɛ. Wei nyinaa ma yehu sɛ ɔpɛ sɛ yɛn ani gye.

SUA PII KA HO

Nneɛma a Yehowa yɛ no, tumi bɛn na ɔde yɛ? Hwɛ sɛ wubehu anaa? Afei hwɛ ɔkwan a Yehowa fa so da ne suban a ɛyɛ fɛ no adi kyerɛ yɛn.

4. Honhom kronkron yɛ Onyankopɔn tumi a ɔde yɛ ade

Sɛnea yɛde yɛn nsa yɛ adwuma no, saa ara na Onyankopɔn nso nam ne honhom kronkron so yɛ biribiara. Bible ma yehu sɛ honhom kronkron nyɛ nipa, na mmom ɛyɛ tumi a Onyankopɔn de yɛ n’adwuma. Monkenkan Luka 11:13 ne Asomafo Nnwuma 2:17. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Onyankopɔn ‘behwie’ ne honhom kronkron agu wɔn a wobisa no no so. Enti wohwɛ a, honhom kronkron yɛ onipa anaa ɛyɛ tumi a Onyankopɔn nam so yɛ ade? Adɛn nti na woreka saa?

Yehowa de ne honhom kronkron no yɛ nneɛma pii. Monkenkan Dwom 33:6 ne 2 Petro 1:20, 21. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Nneɛma a Yehowa de ne honhom kronkron ayɛ no, ebi ne nea ɛwɔ he?

5. Yehowa suban yɛ fɛ

Ɛwom, na Mose yɛ Onyankopɔn somfo a odi nokware. Nanso, na ɔpɛ sɛ ohu ne Bɔfo no yiye. Enti ɔsrɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Ma minhu w’akwan, sɛnea ɛbɛyɛ a mehu wo yiye.” (Exodus 33:13) Yehowa tiee Mose, na ɔma ohuu sɛnea ɔte. Monkenkan Exodus 34:4-6. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Yehowa suban bɛn na ɔdaa no adi kyerɛɛ Mose?

  • Yehowa suban no mu nea ɛwɔ he na w’ani gye ho?

6. Yehowa dwen ne nkurɔfo ho

Ná Hebrifo a wɔyɛ Onyankopɔn nkurɔfo no yɛ nkoa wɔ Egypt. Bere a Yehowa hui sɛ wɔrehu amane no, ɔtee nka sɛn? Bɔ ƆDIO no na mummue mo Bible nni akenkan no akyi, anaa monkenkan Exodus 3:1-10. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho.

  • Bible mu asɛm yi ma yehu sɛ, sɛ yɛrehu amane a, Yehowa te nka sɛn?—Hwɛ nkyekyɛm 7 ne 8.

  • Wugye di paa sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɔboa yɛn? Wohwɛ a obetumi aboa yɛn? Adɛn nti na woreka saa?

7. Yɛhwɛ nneɛma a Yehowa abɔ a, ɛma yehu sɛnea ɔte

Nneɛma a Yehowa abɔ no ma yehu sɛnea ɔte. Yi VIDEO no na monkenkan Romafo 1:20. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho.

  • Sɛ wohwɛ nneɛma a Yehowa abɔ a, ne suban ahorow bɛn na wuhu?

EBINOM KA SƐ: “Onyankopɔn nyɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa, na mmom ɔyɛ tumi bi a ɛwɔ baabiara.”

  • Wo nso, wudwen ho sɛn?

  • Adɛn nti na woreka saa?

NEA YƐASUA

Yehowa yɛ Honhom, na yɛrentumi mfa yɛn ani nhu no. Ɔwɔ suban a ɛyɛ fɛ pii, na nea ɛyɛ kɛse paa ne ɔdɔ.

Ntimu

  • Adɛn nti na yenhu Yehowa?

  • Dɛn ne honhom kronkron?

  • Suban ahorow a Yehowa wɔ no, ebi ne nea ɛwɔ he?

Fa Wei Si W’ani So

YƐ NHWEHWƐMU

Yehowa wɔ suban atitiriw nnan bi. Sua ho ade, na ɛbɛma woahu no yiye.

“Onyankopɔn Suban Te Sɛn?” (Ɔwɛn-Aban No. 1 2019)

Hwɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa wɔ baabi pɔtee a ɔte, na ɛnyɛ sɛ ɔwɔ baabiara.

“Onyankopɔn Wɔ Baabiara Anaa?” (Ɛwɔ jw.org)

Hwɛ nea enti a Bible frɛ honhom kronkron sɛ Onyankopɔn nsa.

“Dɛn Ne Honhom Kronkron?” (Ɛwɔ jw.org)

Ná ɔbarima bi a n’ani afura nnye nni sɛ Onyankopɔn dwen ne ho. Hwɛ nea ɛyɛe a ɔsesaa n’adwene.

“Mansusu Da Sɛ Me Paa Mɛtumi Aboa Nkurɔfo” (Ɔwɛn-Aban, October 1, 2015)