Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 10

Wokɔ Yehowa Adansefo Nhyiam a Ɛbɛboa Wo Sɛn?

Wokɔ Yehowa Adansefo Nhyiam a Ɛbɛboa Wo Sɛn?

Obi ato nsa afrɛ wo akɔ Yehowa Adansefo nhyiam pɛn? Sɛ wonkɔɔ bi da a, da a edi kan a wobɛyɛ w’adwene sɛ wobɛkɔ no, ebia wo yam bɛhyehye wo kakra. Ebia wubebisa sɛ: ‘Dɛn na ɛkɔ so wɔ hɔ? Adɛn nti na nhyiam a ɛte saa ho hia? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mekɔ bi?’ Adesua yi bɛboa wo ama woahu sɛ, sɛ wo ne afoforo hyiam som Onyankopɔn a, ɛbɛma woabɛn no, na wubenya mfaso pii nso.

1. Adɛn nti paa na yehyiam som?

Bible kyerɛwfo bi kyerɛɛ nea enti paa a yehyiam som. Ɔkaa sɛ: “Asafo kɛse mu na meyi Yehowa ayɛ.” (Dwom 26:12) Saa ara na ɛnnɛ nso Yehowa Adansefo yɛ. Wɔn ani gye ho paa sɛ wobehyiam asom Onyankopɔn. Wokɔ wiase baabiara a, nnawɔtwe biara wohyiam to nnwom, na wɔbɔ mpae yi Onyankopɔn ayɛ. Afe no mu nso, ɛwom ara a wɔyɛ nhyiam akɛse.

2. Woba yɛn nhyiam a, nneɛma bɛn na wubesua?

Woba yɛn nhyiam a, wubehu sɛ nea yesua nyinaa fi Bible mu, na ‘yɛkyerɛkyerɛ mu ma emu da hɔ fann.’ (Kenkan Nehemia 8:8.) Woba a, wubesua Yehowa ne ne suban ahorow a ɛyɛ fɛ no ho ade. Sɛ wuhu sɛnea Onyankopɔn dɔ wo no a, ɛbɛma woabɛn no. Afei nso wobɛba abehu sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɔboa wo ma esi wo yiye.—Yesaia 48:17, 18.

3. Sɛ woba yɛn nhyiam a, sɛn na nkurɔfo a wubehyia wɔn wɔ hɔ no bɛboa wo?

Yehowa ka kyerɛ yɛn sɛ ‘obiara nkanyan ne yɔnko mma ɔnna ɔdɔ adi na ɔnyɛ nnwuma pa. Na yennnyae sɛ yɛne yɛn ho behyiam.’ (Hebrifo 10:24, 25) Woba yɛn nhyiam ase a wubehu sɛ, wɔn a wɔwɔ hɔ no dodɔ wɔn ho. Wubehu nso sɛ nnipa a ɛwɔ hɔ no te sɛ wo ara; wɔn nso ani gye ho sɛ wobesua nneɛma pii afa Onyankopɔn ho. Wobɛte sɛ wɔreka Bible mu nsɛm a ɛhyɛ nkuran. (Kenkan Romafo 1: 11, 12.) Wɔn a wubehu wɔn no bi yɛ awarefo, na ebi nso nwaree. Ɔhaw a wohyia no, wubetumi ne wɔn mu bi abɔ nkɔmmɔ ahu nea ɛboa wɔn ma wotumi gyina ano. Nea enti a Yehowa pɛ sɛ yehyiam daa som no no dɔɔso; emu kakraa bi na yɛaka ho asɛm wɔ ha yi.

SUA PII KA HO

Hwɛ nea ɛkɔ so wɔ Yehowa Adansefo nhyiam ase, ne nea enti a mfaso wɔ so sɛ wobɛkɔ bi.

4. Nea ɛkɔ so wɔ Yehowa Adansefo nhyiam ase

Bere a Kristosom fii ase no, na Kristofo hyiam daa som Yehowa. (Romafo 16:3-5) Monkenkan Kolosefo 3:16. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Bere a Kristosom fii ase no, sɛ wohyiam a, dɛn na na wɔyɛ de som Yehowa?

Ɛnnɛ nso, Yehowa Adansefo hyiam daa wɔ wɔn Ahenni Asa so. Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea wɔyɛ wɔ wɔn nhyiam ase a, hwɛ VIDEO yi. Afei monhwɛ Yehowa Adansefo asafo nhyiam ho mfoni a ɛwɔ ti yi mu no. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho.

  • Nneɛma bɛn na Kolosefo 3:16 ka ho asɛm a Yehowa Adansefo yɛ wɔ wɔn Ahenni Asa so?

  • Ade foforo bi wɔ hɔ a wohyɛɛ no nsow wɔ video anaa mfoni no mu a w’ani gye ho wɔ Yehowa Adansefo nhyiam ho anaa?

Monkenkan 2 Korintofo 9:7. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Adɛn nti na Yehowa Adansefo nnyigye sika wɔ wɔn nhyiam ase?

Ma onii a ɔne wo sua ade no nkyerɛ wo nea yebesua wɔ yɛn nhyiam a edi hɔ no ase

  • Nneɛma a ɔkaa ho asɛm no, emu nea ɛwɔ he na w’ani gye ho anaa wohwɛ a ɛbɛboa wo paa?

Wunim Biribi?

Wokɔ jw.org a, wubetumi ahwehwɛ mmeae a Yehowa Adansefo hyiam wɔ wiase baabiara. Afei nso, wubetumi ahwehwɛ da ne bere pɔtee a wohyiam nso.

  1. A. Nea ɛkɔ so wɔ yɛn nhyiam ase: Yetie ɔkasa, yɛyɛ ɔyɛkyerɛ, na yɛhwɛ video nso. Yɛto dwom bɔ mpae de fi nhyiam biara ase, na yɛto dwom bɔ mpae nso de wie

  2. B. Dwumadi no fã bi nso, ɛyɛ a yɛfrɛ atiefo ma wɔn nso kyerɛ wɔn adwene

  3. D. Awarefo, wɔn a wɔnwaree, nkwakoraa ne mmerewa, ne mmofra nyinaa, obiara tumi ba bi

  4. E. Woba a, yɛrennye wo sika ansa na woawura mu. Yennyigye kɔlɛhyen nso

5. Ehia sɛ wumia w’ani na woatumi akɔ asafo nhyiam

Yɛmfa Yesu abusua sɛ nhwɛso. Afe biara, na wɔkɔ Yerusalem kodi afahyɛ. Sɛ wofi wɔn kurom Nasaret rekɔ a, na wɔde bɛyɛ nnansa na ɛnantew twa kwan a ɛyɛ mmepɔw-mmepɔw no. Monkenkan Luka 2:39-42. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Sɛ wɔretu saa kwan no akɔ Yerusalem a, wohwɛ a na ɛyɛ mmerɛw?

  • Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wumia w’ani kɔ asafo nhyiam?

  • Wohwɛ a, mfaso wɔ so sɛ wubemia w’ani akɔ? Adɛn nti na woreka saa?

Bible ma yehu sɛ ɛho hia paa sɛ yehyiam som Yehowa. Monkenkan Hebrifo 10:24, 25. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ asafo nhyiam daa?

EBINOM KA SƐ: “Ɛho nhia sɛ wo ne afoforo bɛbom asom Onyankopɔn. Wusua wo Bible wɔ fie a, ɛno ara ye.”

  • Kyerɛwsɛm anaa Bible mu nhwɛso bɛn na ɛma yehu nea Yehowa pɛ?

NEA YƐASUA

Wokɔ asafo nhyiam a, ɛbɛboa wo ma Yehowa ho nimdeɛ a wowɔ no ayɛ kɛse. Ɛbɛboa wo ma wo ne n’adamfofa mu ayɛ den, na wubenya hokwan ne afoforo nso abom asom no.

Ntimu

  • Adɛn nti na Yehowa hyɛ yɛn nkuran sɛ ɛyɛ a yenhyiam nsom no?

  • Wokɔ Yehowa Adansefo nhyiam a, dɛn na wubesua wɔ hɔ?

  • Nea woaka yi akyi no, mfaso bɛn bio na wokɔ a wubetumi anya?

Fa Wei Si W’ani So

YƐ NHWEHWƐMU

Sɛ wo yam hyehye wo sɛ wobɛkɔ asafo nhyiam nso ɛ? Ná owura bi nso te nka saa ara. Hwɛ nea ɛboaa no maa n’ani begyee asafo nhyiam ho.

Nkyia no De, Yɛn Werɛ Mfi Da (4:16)

Hwɛ nea ɛmaa aberante bi ani gyee asafo nhyiam ho, ne nea ɔyɛe a amma wannyae kɔ.

Ná M’ani Gye Asafo Nhyiam Ho Paa! (4:33)

Ná ɔbarima bi ka akorɔmfo werɛmfo kuw bi ho. Bere a ɔkɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam no, hwɛ sɛnea n’abrabɔ sesae.

“Me Tuo De, Mankɔ Annya Hɔ Da” (Ɔwɛn-Aban, July 1, 2014)