Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 15

Hena Ne Yesu?

Hena Ne Yesu?

Nnipa a wɔagye din paa wɔ wiase no, Yesu ka ho. Nanso sɛ wubisa nkurɔfo pii sɛ ɔyɛ hena a, nea wɔka no ma wuhu sɛ wɔnhyɛ da nnim nipa ko a ɔyɛ ankasa. Obiara ne nea ɔka fa ne ho. Dɛn na Bible no ka fa Yesu ho?

1. Hena ne Yesu?

Yesu yɛ ɔbɔfo bi a ɔwɔ tumi paa, na ɔte soro. Yehowa Nyankopɔn dii kan bɔɔ no ansa na ɔrebɔ biribi foforo biara. Ɛno nti, Bible no ka sɛ ɔno ne “abɔde nyinaa mu abakan.” (Kolosefo 1:15) Bible no san ka sɛ Yesu ne Onyankopɔn “Ba a ɔwoo no koro.” Adɛn ntia? Efisɛ Onyankopɔn nko ara na ɔbɔɔ no. (Yohane 3:16) Ɔboaa n’Agya ma wɔbɔɔ nneɛma a aka nyinaa, na na mframa mfa wɔn ntam. (Kenkan Mmebusɛm 8:30.) Efi saa bere no besi nnɛ nyinaa, Yesu ne ne papa bɛn wɔn ho paa. Bible no frɛ no “Asɛm no,” efisɛ ɔyɛ Onyankopɔn kasamafo. Sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɔde ne nsɛm anaa n’akwankyerɛ to gua a, ɔde fa Yesu so, na ɔno nso ka no pɛpɛɛpɛ.—Yohane 1:14.

2. Adɛn nti na Yesu baa asaase so?

Bɛyɛ mfe 2,000 ni, Yehowa nam ne honhom kronkron so yɛɛ anwonwade bi. Nkwa a na Yesu wɔ wɔ soro no, oyi de bɛhyɛɛ ɔbaabun bi a na wɔfrɛ no Maria awotwaa mu. Wei nti, wotumi woo Yesu sɛ onipa. (Kenkan Luka 1:34, 35.) Yehowa ka too hɔ sɛ obi bɛba abɛyɛ Mesia, anaa Kristo, na wagye nnipa nkwa. a Bere a Yesu baa asaase so no na obedii saa dwuma no. Nkɔm a na Bible ahyɛ afa Mesia no ho nyinaa, Yesu ma ɛbaa mu. Wei maa nnipa hui sɛ ɔno ne “Kristo no, Onyankopɔn teasefo no Ba.”Mateo 16:16.

3. Yesu wɔ he seesei?

Bere a Yesu baa asaase so a owui no, wonyan no sɛ honhom ma ɔsan kɔɔ soro. Bere a ɔkɔɔ soro no, “Onyankopɔn pagyaw no maa no dibea kɛse.” (Filipifo 2:9) Enti seesei, Yesu wɔ tumi kɛse paa; ɔsoro ne asaase so nyinaa, wuyi Yehowa a, ɔno na ɔwɔ hɔ.

SUA PII KA HO

Hwehwɛ mu hu nipa ko a Yesu yɛ, ne nea enti a ehia sɛ wusua ne ho ade.

4. Ɛnyɛ Yesu ne ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no

Ɛwom, Yesu wɔ tumi paa wɔ soro, nanso Bible no ma yehu sɛ Yehowa yɛ ne Nyankopɔn ne n’Agya, na ɔhyɛ n’Agya no ase. Adɛn nti na yebetumi aka saa? Hwɛ VIDEO yi, na wubehu sɛ Bible kyerɛkyerɛ sɛ ɛsono ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn no, ɛnna ɛsono Yesu.

Kyerɛwsɛm a edidi so yi bɛboa wo ma woahu sɛ ɛsono Yehowa, ɛnna ɛsono Yesu. Monkenkan kyerɛwsɛm yi mu biara, na munsusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho.

Monkenkan Luka 1:30-32.

  • Dɛn na ɔbɔfo no kae a ɛma yehu sɛ ɛsono “Ɔsorosoroni” Yehowa Nyankopɔn, ɛnna ɛsono Yesu?

Monkenkan Mateo 3:16, 17.

  • Bere a Yesu bɔɔ asu wiei no, asɛm bɛn na nne a efi soro no kae?

  • Wohwɛ a, na ɛyɛ hena nne?

Monkenkan Yohane 14:28.

  • Agya ne ne ba, wɔn mu hena na wanyin na ɔwɔ tumi paa?

  • Yesu kaa sɛ Yehowa yɛ n’Agya. Wohwɛ a, saa asɛm no kyerɛ sɛn?

Monkenkan Yohane 12:49.

  • Wohwɛ a, Yesu adwene yɛ no sɛ ɔne n’Agya yɛ pɛ anaa? Wudwen ho sɛn?

5. Adanse ahorow a ɛkyerɛ sɛ na Yesu ne Mesia no

Sɛ wohwɛ Bible mu a, wubehu nkɔmhyɛ pii wom a ɛfa Mesia anaa nea Onyankopɔn ayi no sɛ ommegye nnipa no ho. Saa nkɔmhyɛ no na ɛboaa nkurɔfo ma wohuu onii ko a na ɔbɛyɛ Mesia no. Bere a Yesu baa asaase so no, ɔmaa nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa Mesia no ho nyinaa baa mu. Hwɛ VIDEO yi, na wubehu emu kakraa bi.

Monkenkan nkɔmhyɛ ahorow a ɛwɔ Bible mu yi. Muwie emu biara a, munsusuw nsɛmmisa a edi so no ho:

Kenkan Mika 5:2, na wubehu baabi a na wɔbɛwo Mesia no. b

  • Baabi a wɔwoo Yesu no maa saa nkɔmhyɛ yi baa mu anaa? —Mateo 2:1.

Kenkan Dwom 34:20 ne Sakaria 12:10 na wubehu nkɔmhyɛ ahorow bi a ɛfa Mesia no wu ho.

  • Nkɔmhyɛ ahorow yi baa mu anaa? —Yohane 19:33-37.

  • Wohwɛ a, Yesu ne ebinom hyehyɛɛ ho sɛnea ɛbɛyɛ a nkɔmhyɛ ahorow yi bɛbam anaa?

  • Nokwasɛm bɛn na wei ma wuhu fa Yesu ho?

6. Sɛ yesua Yesu ho ade a, yenya so mfaso

Bible ma yehu sɛ ɛho hia paa sɛ yesua Yesu ho ade, na yehu adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ ne nsa. Monkenkan Yohane 14:6 ne 17:3. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yesua Yesu ho ade?

Yesu abue kwan ama seesei yetumi fa Onyankopɔn adamfo. Ɔkyerɛkyerɛɛ nokware no, kyerɛ sɛ, ɔmaa nkurɔfo huu Yehowa ho nokwasɛm. Afei, sɛ yebetumi anya daa nkwa a, gye sɛ yɛnam no so

EBINOM KA SƐ: “Yehowa Adansefo nnye Yesu nni.”

  • Obi ka saa a, wubeyi ano sɛn?

NEA YƐASUA

Yesu yɛ honhom abɔde a ɔwɔ tumi paa. Ɔyɛ Onyankopɔn Ba, na ɔno ne Mesia no.

Ntimu

  • Adɛn nti na Bible frɛ Yesu “abɔde nyinaa mu abakan”?

  • Ansa na Yesu reba asaase so no, adwuma bɛn na na ɔyɛ?

  • Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yesu ne Mesia no?

Fa Wei Si W’ani So

YƐ NHWEHWƐMU

Kenkan saa nsɛm yi, na wubehu nneɛma afoforo a ɛkyerɛ sɛ Yesu ne Mesia no.

“Nkɔmhyɛ a Ɛfa Mesia No Ho Di Adanse Sɛ Na Yesu Ne Mesia No Anaa?” (Ɛwɔ jw.org)

Ɔkwan a nnipa fa so wo mma no, saa kwan no ara na Onyankopɔn faa so woo Yesu anaa? Hwɛ nea Bible no ka.

“Adɛn Nti Na Wɔfrɛ Yesu Sɛ Onyankopɔn Ba?” (Ɛwɔ jw.org)

Hwɛ nea enti a baasakoro nkyerɛkyerɛ no nnyina Bible so.

“Yesu Yɛ Onyankopɔn Anaa?” (Ɔwɛn-Aban, April 1, 2009)

Maame bi tɔɔ ne bo ase hwehwɛɛ mu huu nea Bible no ka fa Yesu ho. Kenkan saa asɛm yi, na wubehu sɛnea ɛsesaa n’abrabɔ.

“Yudani Bea Bi Kyerɛ Nea Enti a Ɔsan Susuw Ne Gyidi Ho Mu” (Nyan!, May 2013)

a Adesua 26 ne 27 mu no, yɛbɛhwɛ nea enti a ehia sɛ wogye nnipa nkwa, ne nea Yesu ayɛ a ebetumi agye yɛn.

b Hwɛ Nsɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu 2, na wubehu nkɔmhyɛ bi a ɛkyerɛ bere pɔtee a na Yesu bɛba asaase so.