Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 16

Dɛn Na Yesu Bɛyɛɛ Wɔ Asaase So?

Dɛn Na Yesu Bɛyɛɛ Wɔ Asaase So?

Sɛ yɛka Yesu ho asɛm a, nea ɛba ebinom adwene mu ara ne abofra bi a wɔawo no ketekete a ɔda n’awofo srɛ so. Afoforo nso hu no sɛ na ɔyɛ odiyifo bi a ɔwɔ nyansa. Ebinom nso de, wɔte Yesu din a, ɔkwan a ɔfaa so wui no na ɛba wɔn adwene mu. Nanso, sɛ yɛhwɛ nea Yesu bɛyɛɛ wɔ asaase so anaa sɛnea ɔbɔɔ ne bra no a, yebetumi asua nneɛma pii afa ne ho. Nneɛma titiriw a Yesu bɛyɛɛ wɔ asaase so no, yebesusuw bi ho wɔ adesua yi mu, na yɛahwɛ sɛnea ɛbɛboa yɛn.

1. Adwuma titiriw bɛn na Yesu bɛyɛe?

Adwuma titiriw a Yesu bɛyɛe ne sɛ, ɔbɛkaa “Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no.” (Kenkan Luka 4:43.) Saa asɛmpa no ne sɛ, Onyankopɔn de ahenni anaa aban bi bɛba, na ebeyi nnipa haw nyinaa afi hɔ. a Yesu yeree ne ho kaa saa asɛmpa yi mfe mmiɛnsa ne fã; wantoto no ase koraa.—Mateo 9:35.

2. Dɛn nti paa na Yesu yɛɛ anwonwade ahorow?

Bible ka sɛ Onyankopɔn maa Yesu yɛɛ “nnwuma akɛse ne anwonwade ne nsɛnkyerɛnne.” (Asomafo Nnwuma 2:22) Bere a Yesu wɔ asaase so no, Onyankopɔn maa no tumi ma ɔde yɛɛ anwonwade ahorow pii. Bere bi, ɔmaa mframa kɛse bi a ɛrebɔ gyaee. Afei nso, ɔmaa nnipa pii aduan dii, ɔsaa ayarefo yare, na onyanee wɔn a wɔawuwu mpo. (Mateo 8:23-27; 14:15-21; Marko 6:56; Luka 7:11-17) Anwonwade ahorow a Yesu yɛe no kyerɛ sɛ ampa, Onyankopɔn na ɔsomaa no. Ɛsan ma yehu sɛ Yehowa wɔ tumi a ɔde beyi yɛn haw nyinaa afi hɔ.

3. Sɛnea Yesu bɔɔ ne bra no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

Yesu tiee Yehowa wɔ biribiara mu. (Kenkan Yohane 8:29.) Biribiara a n’Agya ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no, wampopo ne ti. Ɛmfa ho sɛ nkurɔfo sɔre tiaa no no, ɔyɛɛ aso tiee Yehowa ne nkwa nna nyinaa. Nea Yesu yɛe no ma yehu sɛ, sɛ yehyia ɔhaw a ano yɛ den mpo a, yebetumi akɔ so ara asom Onyankopɔn. Bible ka sɛ Yesu gyaa ‘yɛn nhwɛso sɛ yenni n’anammɔn akyi pɛɛ.’1 Petro 2:21.

SUA PII KA HO

Sɛnea Yesu kaa asɛmpa no ne anwonwade ahorow a ɔyɛe no, sua ho ade pii.

4. Yesu kaa asɛmpa no kyerɛɛ afoforo

Yesu nantew mfutukwan so twaa kwansin ɔhaha pii kɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ nkurɔfo. Monkenkan Luka 8:1. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Nnipa a na wɔba Yesu nkyɛn sɛ ɔnkyerɛkyerɛ wɔn no, wɔn nko ara na na ɔka asɛmpa no kyerɛ wɔn anaa?

  • Dɛn na Yesu yɛe sɛnea ɛbɛyɛ a obenya nkurɔfo aka asɛmpa no akyerɛ wɔn?

Onyankopɔn ka too hɔ sɛ Mesia no bɛka asɛmpa no akyerɛ afoforo. Monkenkan Yesaia 61:1, 2. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Ɔkwan bɛn so na Yesu maa saa nkɔmhyɛ yi baa mu?

  • Wohwɛ a ɛnnɛ, ehia sɛ nkurɔfo te saa asɛmpa yi?

5. Yesu de afotu a mfaso wɔ so mae

Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa a Yesu bɔɔ ho dawuru no da nkyɛn a, ɔmaa yɛn afotusɛm a yebetumi de abɔ yɛn bra. Yebehu saa afotusɛm no bi wɔ ne Bepɔw So Asɛnka no mu. Monkenkan Mateo 6:14, 34 ne 7:12. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Afotu pa bɛn na Yesu de mae wɔ kyerɛwnsɛm yi mu?

  • Sɛ nkurɔfo de saa afotu yi yɛ adwuma nnɛ a, wohwɛ a ɛbɛboa wɔn anaa?

6. Yesu yɛɛ anwonwade ahorow

Yehowa maa Yesu tumi ma ɔde yɛɛ anwonwade ahorow. Kenkan Marko 5:25-34 anaa hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho.

  • Ɔbea a na ɔyare no, dɛn na na ogye di?

  • Dɛn na ɛkaa wo koma wɔ saa anwonwade yi ho?

Kenkan Yohane 5:36. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Anwonwade a Yesu yɛe no ‘dii adanse’ sɛ ɔyɛ hena?

Wunim biribi?

Yesu ho nsɛm a yenim no, yebehu dodow no ara wɔ Mateo, Marko, Luka, ne Yohane nhoma no mu. Wɔfrɛ Bible mu nhoma nnan yi Nsɛmpa no. Wɔn a wɔkyerɛw Nsɛmpa nnan no, wɔn mu biara kaa nsɛm bi faa Yesu ho a enni ne yɔnko de mu. Enti sɛ yɛkan Nsɛmpa nnan no nyinaa a, ɛma yehu Yesu asetena mu nsɛm yiye.

  • MATEO

    Ɔno na odii kan kyerɛw Yesu ho nsɛm. Nneɛma a Yesu kyerɛkyerɛe, titiriw nea ɛfa Onyankopɔn Ahenni ho no, yebehu pii wɔ ne nhoma no mu.

  • MARKO

    Nsɛmpa nnan no, ne de no na ɛyɛ tiaa. Ɛka nneɛma pii a ɛyɛ anigye a Yesu yɛe no ho asɛm.

  • LUKA

    Ne nhoma no ma yehu sɛnea na mpaebɔ ho hia Yesu, ne sɛnea na mmea ho asɛm da ne koma so.

  • YOHANE

    Ne nhoma no ma yehu sɛnea na Yesu te. Efisɛ nneɛma a Yesu ne afoforo kaa ho asɛm ne nkɔmmɔ a ɔne ne nnamfonom bɔe no, yebehu pii wom.

EBINOM KA SƐ: “Yesu de, ɔno ara ne Onyankopɔn.”

  • Wudwen ho sɛn?

NEA YƐASUA

Yesu kaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa, na ɔyɛɛ anwonwade. Afei nso, otiee Yehowa wɔ biribiara mu.

Ntimu

  • Bere a Yesu baa asaase so no, adwuma titiriw bɛn na ɔbɛyɛe?

  • Anwonwade a Yesu yɛe no di adanse sɛ ɔyɛ hena?

  • Afotusɛm a mfaso wɔ so bɛn na Yesu de mae?

Fa Wei Si W’ani So

YƐ NHWEHWƐMU

Bere a Yesu reyɛ asɛnka adwuma no, dɛn na ɔkaa ho asɛm paa?

“Onyankopɔn Ahenni—Nea Enti a Ɛho Hia Yesu” (Ɔwɛn-Aban, October 1, 2014)

Kenkan saa asɛm yi, na wubehu nea enti a yebetumi agye adi paa sɛ anwonwade ahorow a Yesu yɛe no sii ankasa.

“Yesu Anwonwade No—Dɛn Na Wubetumi Asua Afi Mu?” (Ɔwɛn-Aban, July 15, 2004)

Sɛnea Yesu tuu ne ho mae boaa nkurɔfo no, ɔbarima bi suaa ho ade. Kenkan saa asɛm yi, na wubehu sɛnea ɛsesaa n’abrabɔ.

“Me Nko Ara Me Ho na na Medwene” (Ɔwɛn-Aban, October 1, 2014)

Nneɛma titiriw a Yesu yɛe wɔ n’asɛnka adwuma no mu no, sɛ wohwɛ asɛm a ɛwɔ ase ha yi a, wubehu sɛ yɛahyehyɛ no nnidiso nnidiso.

“Nneɛma Atitiriw a Esisii Yesu Asetena Mu Wɔ Asaase So” (Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase, Nkekaho A7)

a Adesua 31 kosi 33 mu no, yebesusuw Onyankopɔn Ahenni no ho akɔ akyiri.