Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 24

Dɛn Na Bible Ka Fa Abɔfo Ho?

Dɛn Na Bible Ka Fa Abɔfo Ho?

Yehowa wɔ abusua bi, na ɔpɛ sɛ yehu wɔn yiye. Saa abusua no, ɔsoro abɔfo ka ho bi. Bible no frɛ wɔn “Onyankopɔn mma.” (Hiob 38:7) Dɛn na Bible no ka fa abɔfo ho? Adwuma bɛn na wɔyɛ? Abɔfo nyinaa na ɛka Onyankopɔn abusua no ho anaa?

1. Henanom ne abɔfo no?

Yehowa dii kan bɔɔ abɔfo no ansa na ɔrebɔ asaase. Abɔfo no te soro, na sɛnea yɛrentumi mfa yɛn ani nhu Yehowa no, saa ara na yɛrentumi mfa yɛn ani nhu abɔfo no, efisɛ wɔyɛ honhom. (Hebrifo 1:14) Abɔfo ɔpepem pii na ɛwɔ hɔ, na wɔn mu biara ne sɛnea ɔte. (Adiyisɛm 5:11) ‘Wotie Yehowa asɛm, na wodi n’ahyɛde so.’ (Dwom 103:20) Tete no, na Yehowa tumi soma abɔfo ma wɔde n’asɛm kɔma ne nkurɔfo. Ɛtɔ da na sɛ ne nkurɔfo ho kyere wɔn a, na ɔma abɔfo kɔboa wɔn anaa wotwitwa gye wɔn. Ɛnnɛ nso, wɔn a wɔpɛ sɛ wosua Onyankopɔn ho ade no, abɔfo no tumi kyerɛ Kristofo kwan ma wɔkɔ wɔn nkyɛn.

2. Hena ne Satan ne abɔfo bɔne a wɔka ne ho no?

Abɔfo no bi anni Yehowa nokware. Ɔbɔfo a odii kan yɛɛ Yehowa so asoɔden no, ɔno na “wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan, a ɔredaadaa asaase sofo nyinaa no.” (Adiyisɛm 12:9) Ná Satan pɛ sɛ odi afoforo so tumi, enti ɔyɛe ara ma nnipa mmienu a wodi kan no yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden, na akyiri yi otumi maa abɔfo no bi mpo bɛkaa ne ho. Saa abɔfo bɔne a wɔkɔkaa ne ho no na yɛfrɛ wɔn ahonhommɔne no. Yehowa pam wɔn fii soro baa asaase so, na daakye, ɔbɛsɛe wɔn.—Kenkan Adiyisɛm 12:9, 12.

3. Akwan bɛn na Satan ne ahonhommɔne no fa so daadaa yɛn?

Satan ne abɔfo bɔne no fa ahonhonsɛm so daadaa nnipa pii. Sɛ yɛka ahonhonsɛm a, ɛkyerɛ sɛn? Nea ɛkyerɛ ne sɛ obi ne ahonhom bedi nkitaho. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebinom kɔ wɔn a wɔhwɛ nsoromma mu ne adebisafo hɔ sɛ wɔrekɔhwɛ nea ebesi daakye. Afoforo nso kɔ asumanfo ne akɔmfo hɔ sɛ wɔrekɔhwehwɛ mmoa. Ebinom koraa de, sɛ wɔyare na wɔrekɔyɛ wɔn ho aduru a, nneɛma a wɔyɛ no, wɔde ahonhonsɛm frafra mu. Satan ne ahonhommɔne no ma nkurɔfo nya adwene sɛ wobetumi ne wɔn a wɔawuwu akasa. Nanso, Yehowa bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Monnkɔ akɔmfo anaa asumanfo nkyɛn.” (Leviticus 19:31) Nea enti a ɔde saa kɔkɔbɔ yi ama yɛn ne sɛ, ɔpɛ sɛ ɔbɔ yɛn ho ban fi Satan ne abɔfo bɔne no ho. Wɔyɛ Onyankopɔn atamfo, na wɔpɛ sɛ wopira yɛn.

SUA PII KA HO

Hwɛ nneɛma pa a abɔfo yɛ de boa yɛn, ne nea enti a ɛyɛ hu sɛ obi de ne ho bɛhyɛ ahonhonsɛm mu. Afei, hwɛ nea yɛyɛ a ɛbɛboa yɛn ama yɛabɔ yɛn ho ban afi Satan ne ahonhommɔne no ho.

4. Abɔfo boa nkurɔfo ma wosua Yehowa ho ade

Ɛwom, abɔfo nkɔ nkurɔfo nkyɛn nkɔka asɛmpa no nkyerɛ wɔn. Nanso wɔkyerɛ Onyankopɔn asomfo kwan ma wɔkɔ wɔn a wɔpɛ sɛ wosua Onyankopɔn ho ade no nkyɛn. Monkenkan Adiyisɛm 14:6, 7. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Adɛn nti na yehia abɔfo no mmoa na yɛatumi aka asɛmpa no?

  • Seesei woabehu sɛ, abɔfo betumi akyerɛ wo kwan akɔ nnipa a wɔpɛ sɛ wosua Bible no nkyɛn. Wei ma wote nka sɛn? Adɛn nti na woreka saa?

5. Twe wo ho fi ahonhonsɛm ho

Satan ne ahonhommɔne no yɛ Yehowa atamfo, na wɔmpɛ yɛn yiye. Monkenkan Luka 9:38-42. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Dɛn na ahonhommɔne tumi de yɛ nkurɔfo?

Yɛmpɛ sɛ yɛne ahonhommɔne benya twaka biara. Monkenkan Deuteronomium 18:10-12. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Nneɛma bɛn na obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔne ahonhommɔne redi nkitaho? Sɛ wohwɛ baabi a wote no a, nneɛma bɛn na nkurɔfo yɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔredi ahonhonsɛm?

  • Yehowa se biribiara a ɛfa ahonhonsɛm ho no, yɛntwe yɛn ho mfi ho. Saa asɛm no, wohwɛ a ntease wom? Adɛn nti na woreka saa?

Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho.

  • Wohwɛ a, eye sɛ Palesa de bansere too ne babea no nsa? Adɛn nti na woreka saa?

  • Dɛn na na ɛsɛ sɛ Palesa yɛ na ama watumi abɔ ne ho ban afi ahonhommɔne ho?

Nokware Kristofo bɔ mmɔden biara sɛ wobesiw ahonhommɔne kwan. Monkenkan Asomafo Nnwuma 19:19 ne 1 Korintofo 10:21. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Biribiara a yɛwɔ a ɛne ahonhommɔne wɔ biribi yɛ no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛsɛe no?

6. Wubetumi adi Satan ne ahonhommɔne no so nkonim

Satan na ɔda ahonhommɔne no ano. Nanso, abɔfo anokwafo no de, ɔbɔfo panyin Mikael na ɔyɛ wɔn panyin. Hena ne Mikael? Ɔno ara ne Yesu. Mikael wɔ tumi paa. Ma yɛnhwɛ nea enti a yɛreka saa. Monkenkan Adiyisɛm 12:7-9. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Kuw mmienu yi, wɔn mu hena na ɔwɔ tumi paa? Mikael ne n’abɔfo anaa Satan ne n’abɔfo?

  • Wohwɛ a, ɛsɛ sɛ wɔn a wodi Yesu akyi no suro Satan ne ahonhommɔne no anaa?

Wubetumi adi Satan ne ahonhommɔne no so nkonim. Monkenkan Yakobo 4:7. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Wobɛyɛ dɛn abɔ wo ho ban afi Satan ne ahonhommɔne no ho?

EBINOM KA SƐ: “Sɛ wobɔ video game anaa wohwɛ sini a ahonhonsɛm wom a, mfomso biara nni ho. Yɛde gyigye yɛn ani kɛkɛ.”

  • Adɛn nti na ɛyɛ hu sɛ obi benya adwene a ɛte saa?

NEA YƐASUA

Abɔfo anokwafo boa yɛn. Satan ne ahonhommɔne no yɛ Yehowa atamfo, na ɛyɛ a wɔfa ahonhonsɛm so daadaa nkurɔfo.

Ntimu

  • Ɔkwan bɛn so na abɔfo reboa nkurɔfo ama wɔasua Yehowa ho ade?

  • Henanom ne Satan ne abɔfo bɔne no?

  • Adɛn nti na wopɛ sɛ wotwe wo ho fi biribiara a ɛfa ahonhonsɛm ho?

Fa Wei Si W’ani So

YƐ NHWEHWƐMU

Hwɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yesu ne ɔbɔfo panyin Mikael no.

“Hena Ne Ɔbɔfo Panyin Mikael?” (Ɛwɔ jw.org)

Kenkan saa asɛm yi, na wubehu adanse a ɛkyerɛ sɛ Ɔbonsam yɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa.

“Ɔbonsam Wɔ Hɔ Ampa?” (Ɛwɔ jw.org)

Kenkan saa asɛm yi, na wubehu sɛnea maame bi dee ne ho fii ahonhommɔne ho.

“Onyaa Asetram Atirimpɔw” (Ɔwɛn-Aban, July 1, 1993)

Kenkan saa asɛm yi, na wubehu sɛnea Satan fa ahonhonsɛm so daadaa nkurɔfo.

“Nkonyaayi, Asumansɛm, Ne Abayisɛm Ho Nokwasɛm” (Ɔkwan a Ɛkɔ Daa Nkwa mu No, ɔfã 5)