Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 27

Ɔkwan Bɛn So Na Yesu Wu No Betumi Agye Yɛn Nkwa?

Ɔkwan Bɛn So Na Yesu Wu No Betumi Agye Yɛn Nkwa?

Asoɔden a Adam ne Hawa yɛe nti, seesei bɔne wɔ yɛn ho, yehu amane, na yewuwu. a Nanso, wei nkyerɛ sɛ anidaso nyinaa asa. Bɔne ne owu a abɛsɛn amansan kɔn mu no, Yehowa nam ne ba Yesu Kristo so bɛma yɛade yɛn ho afi ho. Bible ma yehu sɛ Yesu de ne nkwa too hɔ de yɛɛ agyede maa yɛn. Yɛka agyede a, ɛyɛ dɛn? Ɛyɛ biribi a yetua de gye obi. Enti, Yehowa de Yesu nkwa a edi mu a bɔne biara nni ho no na ɛyɛɛ agyede maa yɛn. (Kenkan Mateo 20:28.) Hokwan a na anka Yesu wɔ sɛ ɔbɛtena ase daa wɔ asaase so no, ɔde bɔɔ afɔre. Ofi ne pɛ mu de ne nkwa bɔɔ afɔre maa yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn nsa bɛka biribiara a Adam ne Hawa hweree no. Yesu san kyerɛe sɛ ɔne Yehowa dɔ yɛn paa. Adesua yi bɛboa wo ama woakyerɛ Yesu wu no ho anisɔ paa.

1. Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛma yɛanya Yesu wu no so mfaso nnɛ?

Esiane sɛ yɛyɛ abɔnefo nti, yɛyɛ nneɛma pii a Yehowa ani nnye ho. Nanso sɛ yenu yɛn ho, yɛbɔ Yehowa mpae wɔ Yesu din mu srɛ no sɛ ɔmfa yɛn bɔne nkyɛ yɛn, na yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛrenyɛ saa bɔne no bio a, ɔde bɛkyɛ yɛn, na yɛne no ntam bɛyɛ kama paa. (1 Yohane 2:1) Bible ka sɛ: “Bɔne nti Kristo wui prɛko; ɔtreneeni wu maa abɔnefo na ɔde mo akɔ Onyankopɔn nkyɛn.”1 Petro 3:18.

2. Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛma yɛanya Yesu wu no so mfaso daakye?

Yehowa somaa Yesu sɛ ɔmfa ne nkwa a bɔne biara nni ho no mmɛbɔ afɔre “na obiara a ogye no di no ansɛe, na mmom wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) Nea Yesu yɛe nti, ɛrenkyɛ, nneɛma bɔne a Adam asoɔden no akɔfa aba nyinaa, Yehowa beyi afi hɔ. Wei kyerɛ sɛ, sɛ yenya Yesu afɔrebɔ no mu gyidi a, yebetumi atena ase daa wɔ paradise asaase so!—Yesaia 65:21-23.

SUA PII KA HO

Ɔfã yi bɛma yɛahu nea enti a Yesu de ne nkwa too hɔ maa yɛn no ho ade pii, na ɛbɛsan ama yɛahu sɛnea wubetumi anya ne wu no so mfaso.

3. Yesu wu no agye yɛn afi bɔne ne owu mu

Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho.

  • Bere a Adam yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden no, dɛn na ɔhweree?

Monkenkan Romafo 5:12. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Bɔne a Adam yɛe no, ɔhaw bɛn na akɔfa abrɛ wo?

Monkenkan Yohane 3:16. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Adɛn nti na Yehowa somaa ne Ba no baa asaase so?

  1. A. Ná Adam yɛ ɔbarima a bɔne nni ne ho. Nanso ɔyɛɛ Onyankopɔn so asoɔden, na ɔkɔfaa bɔne ne owu brɛɛ nnipa nyinaa

  2. B. Ná Yesu yɛ ɔbarima a bɔne nni ne ho. Esiane sɛ otiee Onyankopɔn nti, wama ayɛ yiye sɛ nnipa bɛde wɔn ho afi bɔne ho, na wɔatena ase daa

4. Nnipa nyinaa betumi anya Yesu wu no so mfaso

Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho.

  • Ɛbɛyɛ dɛn ayɛ yiye sɛ ɔbaakofo bewu agye nnipa nyinaa?

Monkenkan 1 Timoteo 2:5, 6. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Ná Adam yɛ onipa a bɔne biara nni ne ho. Nanso nea ɔyɛe no akɔfa bɔne ne owu abrɛ nnipa nyinaa. Yesu nso, na bɔne biara nni ne ho, enti na n’afɔre no yɛ “agyede a ɛfata.” Adɛn ntia?

5. Agyede no yɛ Yehowa akyɛde a ɔde ama wo

Obiara a ɔyɛ Yehowa adamfo no hu agyede no sɛ akyɛde a Yehowa de ama no. Sɛ nhwɛso no, monkenkan Galatifo 2:20. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Dɛn na ɔsomafo Paul kae a ɛkyerɛ sɛ na obu agyede no sɛ akyɛde a Yehowa de ama no?

Bere a Adam yɛɛ bɔne no, ɔkɔfaa owu bɛtoo n’asefo nyinaa so. Nanso Yehowa somaa ne Ba no sɛ ommewu sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi atena ase daa.

Sɛ worekenkan kyerɛwnsɛm a edi so yi a, fa w’ani bu sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Yehowa tee nka bere a na ne Ba no rehu amane no. Kenkan Yohane 19:1-7, 16-18. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Nea Yehowa ne Yesu ayɛ ama wo no, ɛma wote nka sɛn?

OBI BETUMI ABISA SƐ: “Ɛbɛyɛ dɛn ayɛ yiye sɛ ɔbaakofo bewu ama nnipa nyinaa?”

  • Obi bisa saa a, wubeyi ano sɛn?

NEA YƐASUA

Esiane sɛ Yesu bewui nti, ama ayɛ yiye sɛ Yehowa de yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn. Afei nso, ne wu no betumi ama yɛatena ase daa.

Ntimu

  • Adɛn nti na Yesu wui?

  • Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Yesu nkwa a edi mu no yɛ agyede a ɛfata paa?

  • Sɛn na Yesu wu no betumi aboa wo?

Fa Wei Si W’ani So

YƐ NHWEHWƐMU

Kenkan saa asɛm yi, na wubehu nea enti a Yesu nkwa a edi mu no yɛ agyede.

“Ɔkwan Bɛn So na Yesu Afɔrebɔ no Yɛ ‘Agyede Ma Nnipa Pii’?” (Ɛwɔ jw.org)

Kenkan saa asɛm yi, na wubehu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama wɔagye yɛn afi bɔne ne owu mu.

“Yesu Yɛ Agyenkwa—Ɔkwan Bɛn So?” (Ɛwɔ jw.org)

Sɛ yɛyɛ bɔne kɛse bi mpo a, Yehowa betumi de akyɛ yɛn anaa?

“Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae” (Ɔwɛn-Aban, May 1, 2013)

Kenkan saa asɛm yi, na wubehu sɛnea Kristo afɔre no ho ade a ɔbarima bi suae no boaa no ma ɔsesaa n’abrabɔ.

“Made Me Ho Afi Aturuturasɛm Ho” (Ɛwɔ jw.org)

a Asɛmfua a yɛakyerɛ ase bɔne no, ɛnyɛ nea ɛkyerɛ nko ara ne sɛ obi bɛyɛ biribi a enye. Ɛsan nso kyerɛ sintɔ a yenya fii Adam ne Hawa hɔ no.