Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 28

Kyerɛ Nea Yehowa Ne Yesu Ayɛ Ama Wo No Ho Anisɔ

Kyerɛ Nea Yehowa Ne Yesu Ayɛ Ama Wo No Ho Anisɔ

Sɛ w’adamfo bi yi ne yam kyɛ wo ade a, ɛyɛ a wote nka sɛn? Ɛma w’ani gye, na ɛyɛ a wopɛ sɛ woma w’adamfo no hu sɛ w’ani sɔ akyɛde a ɔde ama wo no. Yehowa ne Yesu nso akyɛ yɛn biribi a ɛsom bo sen biribi foforo biara. Ɛyɛ dɛn? Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ saa akyɛde a wɔde ama yɛn no?

1. Dɛn ne ɔkwan baako a yebetumi afa so akyerɛ nea Onyankopɔn ne Kristo ayɛ ama yɛn no ho anisɔ?

Bible ka sɛ “obiara a ogye [Yesu] di no” bɛtena ase daa. (Yohane 3:16) Dɛn na obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ ogye Yesu di? Sɛ obi de n’ano kɛkɛ ka sɛ ogye Yesu di a, na onwiei. Mmom, ɛsɛ sɛ onii no de n’abrabɔ ne ne kasa kyerɛ sɛ ɔwɔ gyidi. (Yakobo 2:17) Sɛ yɛde yɛn abrabɔ ne yɛn kasa kyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi a, ɛma adamfofa a ɛda yɛne Yesu ne n’Agya Yehowa ntam no mu yɛ den.—Kenkan Yohane 14:21.

2. Dwumadi titiriw bɛn na ɛboa yɛn ma yɛkyerɛ nea Yehowa ne Yesu ayɛ ama yɛn no ho anisɔ?

Ade rebɛkye ama Yesu awu no, ɔkyerɛɛ n’asuafo no ade soronko bi a ɔpɛ sɛ wɔyɛ de kae no de kyerɛ ne wu no ho anisɔ. Ɛno na Bible frɛ no “Awurade Anwummere Aduan” no. Ɛno ara na yɛsan frɛ no Kristo Wu Nkaedi no. (1 Korintofo 11:20) Yesu kaa sɛ, n’asomafo no ne nokware Kristofo a wɔbɛba akyiri nyinaa nyɛ saa dwumadi no, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkae sɛ ɔde ne nkwa too hɔ maa yɛn. Yesu de ahyɛde mae sɛ: “Monkɔ so nyɛ eyi mfa nkae me.” (Luka 22:19) Sɛ wokɔ Nkaedi no bi a, ɛkyerɛ sɛ ɔdɔ kɛse a Yehowa ne Yesu daa no adi kyerɛɛ yɛn no, w’ani sɔ.

SUA PII KA HO

Hwɛ nneɛma foforo a wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ w’ani sɔ ɔdɔ kɛse a Yehowa ne Yesu ada no adi akyerɛ yɛn no. Afei hwɛ nea enti a Kristo Wu Nkaedi no ho hia saa.

3. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea Yehowa ne Yesu ayɛ ama yɛn no?

Fa no sɛ nsu de wo rekɔ, ɛnna obi tɔɔ mu yii wo fii mu. Nea saa onipa no yɛ maa wo no, wohwɛ a, wo werɛ befi? Anaa anka wobɛyɛ biribi de akyerɛ sɛ w’ani sɔ nea wayɛ ama wo no?

Yehowa nti na yɛte ase. Monkenkan 1 Yohane 4:8-10. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Adɛn nti na Yesu afɔre no yɛ akyɛde a ɛsom bo paa?

  • Sɛ wohwɛ nea Yehowa ne Yesu ayɛ ama wo no a, ɛma wote nka sɛn?

Nea Yehowa ne Yesu ayɛ ama yɛn no, dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ? Monkenkan 2 Korintofo 5:15 ne 1 Yohane 4:11; 5:3. Sɛ mokenkan kyerɛwnsɛm biara wie a, munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Sɛ wohwɛ nea kyerɛwsɛm yi aka yi a, dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea Yehowa ne Yesu ayɛ ama yɛn no?

4. Suasua Yesu

Ade foforo a yebetumi ayɛ de akyerɛ nea Yehowa ne Yesu ayɛ ama yɛn no ho anisɔ ne sɛ, yebesuasua Yesu. Monkenkan 1 Petro 2:21. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Nneɛma bɛn na wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ woredi Yesu anammɔn akyi pɛɛ?

5. Kɔ Kristo Wu Nkaedi no bi

Monkenkan Luka 22:14, 19, 20 na wubehu nea ɛkɔɔ so wɔ Awurade Anwummere Aduan a edi kan no ase. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Dɛn na ɛkɔɔ so wɔ Awurade Anwummere Aduan no ase?

  • Paanoo no ne nsa no gyina hɔ ma dɛn? —Hwɛ nkyekyɛm 19 ne 20.

Ná Yesu pɛ sɛ afe biara, n’asuafo no di Awurade Anwummere Aduan no pɛnkoro. Da a owui no na na ɔpɛ sɛ wodi saa afahyɛ no. Enti afe biara, Yehowa Adansefo hyiam kae Kristo wu no sɛnea ɔhyɛe sɛ yɛnyɛ no. Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea ɛkɔ so wɔ saa dwumadi titiriw no ase a, hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho.

  • Dɛn na ɛkɔ so wɔ Nkaedi no ase?

Paanoo no ne bobesa no nyinaa gyina hɔ ma biribi. Paanoo no gyina hɔ ma Yesu nipadua a bɔne biara nni ho a ɔde bɔɔ afɔre maa yɛn no. Bobesa no gyina hɔ ma ne mogya

EBINOM KA SƐ: “Sɛ wopɛ sɛ wunya nkwa a, nea ehia ara ne sɛ wobɛfa Yesu sɛ wo kra ne w’agyenkwa.”

  • Sɛ obi ka saa a, wobɛyɛ dɛn de Yohane 3:16 ne Yakobo 2:17 aboa no ama wahu sɛ obi yɛ saa a, na onwiei?

NEA YƐASUA

Sɛ yenya Yesu mu gyidi na yɛkɔ ne wu Nkaedi no bi a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea wayɛ ama yɛn no.

Ntimu

  • Dɛn na obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ Yesu mu gyidi?

  • Dɛn na wopɛ sɛ woyɛ de kyerɛ sɛ w’ani sɔ nea Yehowa ne Yesu ayɛ ama wo no?

  • Adɛn nti na ɛho hia paa sɛ wokɔ Yesu Wu Nkaedi no bi?

Fa Wei Si W’ani So

YƐ NHWEHWƐMU

Dɛn na Kristo wu no ka yɛn ma yɛyɛ?

Ɔde Ne Nipadua Hyɛɛ Yehowa Anuonyam (9:28)

Dɛn ne gyidi? Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi? Kenkan saa asɛm yi, na wubenya nsɛmmisa yi ho nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri.

“Nya Yehowa Bɔhyɛ Ahorow Mu Gyidi” (Ɔwɛn-Aban, October 2016)

Bere a ɔbea bi suaa Yesu afɔrebɔ no ho ade no, ɛboaa no paa. Kenkan ne ho asɛm wɔ asɛm a yɛato din “Mʼabrabɔ Ho Atew, Na Manya Anidaso” a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi mu no.

“Bible Tumi Sesa Nnipa” (Ɔwɛn-Aban)

Yɛkɔ Nkaedi no a, nnipa kakraa bi na wodi paanoo no na wɔnom nsa no bi. Kenkan saa asɛm yi, na wubehu nea enti a ɛte saa.

“Sɛnea Yehowa Adansefo Hyɛ Awurade Anwummere Aduan No Ho Fã No Ne Asɔre a Aka No De Nyɛ Pɛ. Adɛn Ntia?” (Ɛwɔ jw.org)