Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 30

W’adɔfo a Wɔawuwu No Bɛba Nkwa Mu Bio!

W’adɔfo a Wɔawuwu No Bɛba Nkwa Mu Bio!

Wɔtaa ka sɛ, owu sɛe fie, kyerɛ sɛ, sɛ obi wu a, ɛde yaw ne awerɛhow na ɛba. Ɛno nti na Bible ka sɛ owu yɛ yɛn tamfo no. (1 Korintofo 15:26) Adesua 27 mu no, yehuu sɛ Yehowa beyi saa ɔtamfo no afi hɔ. Ɛnde wɔn a wɔawuwu no nso ɛ? Adesua yi mu no, wubehu sɛ Yehowa ahyɛ bɔ nwonwaso bi. Ɛne sɛ obenyan nnipa ɔpepepem pii a wɔawuwu no aba nkwa mu ama wɔabɛtena ase daa! Wohwɛ a, ɛbɛyɛ yiye? Wɔn a wobenyan wɔn no, wɔbɛtena soro, anaa wɔbɛtena asaase yi so?

1. Dɛn na Yehowa pɛ sɛ ɔyɛ ma yɛn adɔfo a wɔawuwu no?

Yehowa rehwɛ kwan paa sɛ obenyan awufo aba nkwa mu bio. Ná ɔbarima bi a ɔwɔ gyidi paa a ne din de Hiob wɔ awerɛhyem sɛ, sɛ owu a, Onyankopɔn werɛ remfi no. Ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Wobɛfrɛ, na megye wo so [afi Adamoa mu].”—Kenkan Hiob 14:13-15.

2. Yɛyɛ dɛn hu sɛ wɔn a wɔawuwu no betumi aba nkwa mu bio?

Bere a Yesu wɔ asaase so no, Onyankopɔn maa no tumi ma ɔde nyanee awufo. Yesu nyanee ababaa bi a na wadi mfe 12, na ɔsan nso nyanee okunafo bi babarima. (Marko 5:41, 42; Luka 7:12-15) Akyiri yi, Yesu adamfo Lasaro wui. Ɔno nso, Yesu nyanee no. Saa bere no, na Lasaro awu ama wɔasie no ama nnanan koraa atwam. Ansa na ɔrebenyan no no, ɔbɔɔ Onyankopɔn mpae, na ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: “Lasaro, pue bra!” Afei “ɔbarima a wawu no pue bae.” (Yohane 11:43, 44) Anigye a n’abusuafo ne ne nnamfo nyae de, ɛsɛ w’ani!

3. Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma w’adɔfo a wɔawuwu no?

Bible ahyɛ bɔ sɛ, ebinom “bɛsɔre afi awufo mu.” (Asomafo Nnwuma 24:15) Wɔn a Yesu nyanee wɔn nyinaa, na wonni soro, kyerɛ sɛ, bere a wowui no, wɔankɔ soro ansa na Yesu renyan wɔn aba asaase so. (Yohane 3:13) Onyanee wɔn baa asaase so ha yi ara, na wɔn ani gyei paa. Ɛrenkyɛ koraa, Yesu bɛsan anyan nnipa ɔpepepem pii ama wɔabɛtena ase daa wɔ Paradise asaase so. Yesu kaa sɛ, wobenyan wɔn a wɔwɔ “nkae ada mu nyinaa.” Wɔn a ɛte sɛ nea obiara werɛ afi wɔn nanso wɔwɔ Onyankopɔn nkae mu no, wobenyan wɔn.—Yohane 5:28, 29.

SUA PII KA HO

Hwɛ adanse a ɛwɔ Bible mu a ɛkyerɛ sɛ Yesu wɔ tumi a ɔde benyan awufo, na ɔbɛyɛ saa nso. Afei nso, hwɛ sɛnea owusɔre no betumi akyekye wo werɛ na ama woanya anidaso.

4. Yesu kyerɛe sɛ ɔwɔ tumi a ɔde benyan awufo

Monkenkan Yohane 11:14, 38-44, na wubehu nea Yesu yɛ maa n’adamfo Lasaro. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Dɛn na ɛma yehu sɛ ampa ara, na Lasaro awu?​—Hwɛ nkyekyɛm 39.

  • Bere a Lasaro wui no, sɛ ɔkɔɔ soro a, wohwɛ a, anka Yesu bɛsan anyan no ama wabɛtena asaase yi so?

Hwɛ VIDEO yi.

5. Wobenyan nnipa pii!

Monkenkan Dwom 37:29. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Nnipa ɔpepepem pii a wobenyan wɔn no, ɛhe na wɔbɛtena?

Ɛnyɛ wɔn a wɔsom Yehowa nko ara na Yesu benyan wɔn. Monkenkan Asomafo Nnwuma 24:15. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Hena na worehwɛ kwan sɛ wubehu no bio?

Susuw wei ho hwɛ: Sɛ papa bi pɛ sɛ onyan ne ba a wada a, ɛno ara ne sɛ ɔbɛfrɛ no. Saa ara na Yesu nso benyan wɔn a wɔawuwu no a ɔremmrɛ ho koraa

6. Owusɔre no betumi akyekye wo werɛ na ama wo anidaso

Yairo babea no ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no akyekye nnipa pii a owu nti, wɔredi awerɛhow no werɛ. Kenkan saa asɛm no wɔ Luka 8:40-42, 49-56.

Ansa na Yesu rebenyan Yairo babea no, ɔka kyerɛɛ Yairo sɛ: “Nsuro. Wo de, nya gyidi.” (Hwɛ nkyekyɛm 50.) Sɛn na owusɔre no ho anidaso no betumi aboa wo . . .

  • bere a wo dɔfo bi awu?

  • bere a wo nkwa da asiane mu?

Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho.

  • Sɛn na owusɔre no ho anidaso no akyekye Phelicity awofo werɛ na ahyɛ wɔn den?

EBINOM KA SƐ: “Wɔn a wɔyɛ apapafo no, sɛ wowu a, wɔbɛkɔ soro.”

  • Wudwen ho sɛn?

  • Sɛ obi ka saa a, kyerɛwsɛm bɛn na wubetumi de aboa no ama wahu sɛ wɔn a wobenyan wɔn no, wɔn mu dodow no ara bɛtena asaase yi so?

NEA YƐASUA

Bible ahyɛ bɔ sɛ wobenyan nnipa ɔpepepem pii a wɔawuwu no aba nkwa mu bio. Yehowa pɛ sɛ onyan wɔn, na wama Yesu tumi a ɔde bɛyɛ saa.

Ntimu

  • Yehowa ne Yesu ani gye ho sɛ wobenyan wɔn a wɔawuwu no anaa?

  • Ɛhe na nnipa ɔpepepem pii a wobenyan wɔn no bɛtena—ɛyɛ soro anaa asaase so? Adɛn nti na woreka saa?

  • Dɛn na ɛma wugye di paa sɛ w’adɔfo a wɔawuwu no betumi aba nkwa mu bio?

Fa Wei Si W’ani So

YƐ NHWEHWƐMU

Sɛ wo dɔfo bi wu a, dɛn na wubetumi ayɛ na awerɛhow anhyɛ wo so? Kenkan saa asɛm yi, na wubehu nea wubetumi ayɛ.

“Nea Ɛbɛboa Wɔn a Wɔn Biribi Awu” (Nyan! No. 3 2018)

Sɛ obi redi awerɛhow a, Bible mu afotusɛm betumi aboa no anaa?

Sɛ Yɛn Dɔfo Bi Wu a, Dɛn Na Ɛbɛboa Yɛn? (5:06)

Sɛ abofra bi dɔfo wu a, dɛn na ɛbɛboa no na awerɛhow anhyɛ ne so?

Agyede No (2:07)

Wobenyan ebinom akɔ soro anaa? Henanom na wɔrennyan wɔn? Kenkan saa asɛm yi, na wubenya nsɛmmisa yi ho mmuae.

“Dɛn Ne Owusɔre?” (Ɛwɔ jw.org)