Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 32

Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!

Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!

Onyankopɔn Ahenni afi ase redi tumi wɔ soro. Efii ase afe 1914. Saa bere no nso na awiei mmere no fii ase. Wei kyerɛ sɛ, ɛrenkyɛ nnipa amammu bɛba awiei. Yɛrebɛhwɛ Bible nkɔmhyɛ bi a ɛma yehu saa. Afei, Bible ma yehu sɛ awiei mmere no mu no, nnipa bɛda suban ahorow bi adi, na nneɛma bi besisi wɔ wiase. Yebesusuw ɛno nso ho.

1. Bible nkɔmhyɛ bɛn na ɛma yehu sɛ, Ahenni no fii ase dii tumi afe 1914?

Daniel nhoma no kaa “mmere ason” bi ho asɛm. Ɛkaa sɛ, saa mmere nson no ba awiei a, Onyankopɔn Ahenni no befi ase adi tumi. (Daniel 4:16, 17) Mmere nson a Daniel nhoma no kaa ho asɛm no, bere a Yesu baa asaase no, ɔno nso kaa ho asɛm wɔ ɔkwan foforo so. Ɔkaa sɛ ɛyɛ “mmere a wɔde ama amanaman no,” na ɔkyerɛɛ mu sɛ, saa bere no nnya mmaa awiei. (Luka 21:24) Adesua yi mu no, yebehu sɛ mmere nson no baa awiei wɔ afe 1914 mu.

2. Efi afe 1914 reba no, nneɛma bɛn na asisi wɔ wiase, na suban bɛn na nnipa ada no adi?

Bere bi, Yesu asuafo no bisaa no sɛ: “Dɛn na ɛbɛyɛ wo mmae ho sɛnkyerɛnne, na sɛ wiase yi awiei bere no du a, dɛn na ɛbɛyɛ ho sɛnkyerɛnne?” (Mateo 24:3) Yesu maa wohuu sɛ, sɛ wɔde no si agua so sɛ Onyankopɔn Ahenni so Hene a, nneɛma bi te sɛ akokoakoko, aduankɔm, ne asaasewosow besisi. (Kenkan Mateo 24:7.) Afei nso, Bible ka too hɔ sɛ, “awiei mmere” no mu no, suban a nnipa bɛda no adi no bɛma asetena ‘ayɛ den.’ (2 Timoteo 3:1-5) Efi afe 1914 reba no, nneɛma a Yesu kaa sɛ ebesisi no, kɔ ara na ɛrekɔ anim, na nnipa abrabɔ nso sɛe ara na ɛresɛe.

3. Adɛn nti na efi bere a Onyankopɔn Ahenni fii ase dii tumi no, wiase no agye nsam saa?

Bere a wɔde Yesu sii agua so sɛ Onyankopɔn Ahenni so Hene no, ankyɛ koraa na ɔne Satan ne n’abɔfo koe wɔ soro. Satan dii nkogu, na Bible ka sɛ, “wɔtow no kyenee asaase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui.” (Adiyisɛm 12:9, 10, 12) Satan bo afuw paa, efisɛ onim sɛ Onyankopɔn bɛsɛe no. Ɛyaw ne amanehunu a abu so wɔ wiase nyinaa, ɔno na ɔhyɛ akyi. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ nneɛma agye nsam wɔ wiase saa! Nanso, ɔhaw a Satan akɔfa aba no, Onyankopɔn Ahenni beyi ne nyinaa afi hɔ.

SUA PII KA HO

Yɛyɛ dɛn hu sɛ Ahenni no fii ase dii tumi afe 1914, na dɛn na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yɛyɛ? Yebenya nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ saa ɔfã yi mu.

4. Bible no boa yɛn ma yetumi bu akontaa hu sɛ, afe 1914 na Onyankopɔn Ahenni fii ase dii tumi

Onyankopɔn maa Babilon Hene Nebukadnesar soo dae bi. Ná dae no fa biribi a ebesi daakye ho. Wohwɛ dae no ne sɛnea Daniel kyerɛɛ ase no a, wuhu sɛ ɛmfa Nebukadnesar ahenni nko ara ho. Mmom, na ɛsan fa Onyankopɔn Ahenni no nso ho.—Monkenkan Daniel 4:17. a

Kenkan Daniel 4:20-26. Wuwie a, nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 133 no, hwɛ so na fa bua nsɛmmisa a edidi so yi:

Dua a Nebukadnesar Soo Ho Dae No, Ɛfa Onyankopɔn Ahenni No Ho Sɛn?

NKƆMHYƐ NO (Daniel 4:20-36)

Ahenni

(A) Dua tenten kɛse bi

Wobetwa Ahenni no so

(B) “Muntwa dua no,” na momma ‘mmere ason ntwam’

Ahenni no bɛsan adi tumi

(D) “W’ahenni no bɛsan abedi wo nsam bio”

Nkɔmhyɛ no baa mu mprenu. Bere a edi kan no,  . . .

  • (E) Ná dua no gyina hɔ ma hena? —Hwɛ nkyekyɛm 22.

  • (Ɛ) Bere bɛn na wotwaa n’ahenni no so?—Kenkan Daniel 4:29-33.

  • (F) “Mmere ason” no baa awiei no, dɛn na ɛtoo Nebukadnesar?—Kenkan Daniel 4:34-36.

SƐNEA ƐBAA MU—NEA EDI KAN

Ahenni

(E) Babilon Hene Nebukadnesar

Wobetwa Ahenni no so

(Ɛ) Afe 606 awiei mu hɔ baabi no, Nebukadnesar bɔɔ dam, enti wantumi anni ade mfe nson

Ahenni no bɛsan adi tumi

(F) Nebukadnesar dam no tetee n’ani so, na obedii hene bio

Bere a nkɔmhyɛ no baa mu ne mprenu so no . . .

  • (G) Ná dua no gyina hɔ ma dɛn?—Kenkan 1 Beresosɛm 29:23.

  • (H) Bere bɛn na wotwaa ahenni no so? Yɛyɛ dɛn hu sɛ bere a Yesu wɔ asaase so no, na ahenni no nsan mmedii tumi?—Kenkan Luka 21:24.

  • (I) Bere bɛn na ahenni no san fii ase dii tumi, na esii wɔ he?

SƐNEA ƐBAA MU—NEA ƐTO SO MMIENU

Ahenni

(G) Israel ahemfo a na wɔte Onyankopɔn agua so anaa wɔyɛ Onyankopɔn Ahenni no ananmusifo

Wobetwa Ahenni no so

(H) Bere a wɔsɛee Yerusalem no, obiara ansi Yehowa ananmu anni hene wɔ Israel mfe 2,520

Ahenni no bɛsan adi tumi

(I) Wɔde Yesu sii agua so sɛ Onyankopɔn Ahenni so Hene wɔ soro

Mmere nson no tenten yɛ sɛn?

Sɛ yɛkan kyerɛwsɛm bi na yɛnte ase a, kyerɛwsɛm afoforo betumi aboa yɛn ama yɛate ase. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Adiyisɛm nhoma no ma yehu sɛ mmere mmiɛnsa ne fã yɛ nnafua 1,260. (Adiyisɛm 12:6, 14) Sɛ yɛde mmere mmiɛnsa ne fã bɔ ho mmienu a, yebenya mmere nson. Saa ara na sɛ yɛde nnafua 1,260 bɔ ho mmienu a, yebenya nnafua 2,520. Wohwɛ Bible no mu a, ɛtɔ da a, wotumi de da koro gyina hɔ ma afe. (Hesekiel 4:6) Saa pɛpɛɛpɛ na ɛte wɔ nkɔmhyɛ yi mu. Ɛno nti, mmere nson a Daniel nhoma no ka ho asɛm no yɛ mfe 2,520.

5. Efi afe 1914 reba no, wiase asesa

Yesu ka too hɔ sɛ, sɛ wɔde no si agua so sɛ Ɔhene a, nneɛma bi besisi wɔ wiase. Monkenkan Luka 21:9-11. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Nneɛma a Yesu kaa sɛ ebesisi no, emu nea ɛwɔ he na w’ankasa wode w’ani ahu anaa woate ho asɛm?

Ɔsomafo Paul ma yehuu sɛ, sɛ aka kakraa ama nnipa amammu aba awiei a, nnipa bɛda suban ahorow bi adi. Monkenkan 2 Timoteo 3:1-5. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Suban ahorow a ɔsomafo Paul bobɔɔ so no, emu nea ɛwɔ he na woahu sɛ nnipa reda no adi nnɛ?

6. Yɛ biribi fa kyerɛ sɛ wugye di sɛ Onyankopɔn Ahenni no redi tumi

Monkenkan Mateo 24:3, 14. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Adwuma titiriw bɛn na ɛrekɔ so nnɛ a ɛma yehu sɛ, Onyankopɔn Ahenni no afi ase redi tumi?

  • Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa adwuma no bi?

Onyankopɔn Ahenni no afi ase redi tumi, na ɛrenkyɛ koraa, ebedi asaase nyinaa so. Monkenkan Hebrifo 10:24, 25. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Seesei a yɛahu sɛ “ɛda no rebɛn no,” dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn mu biara yɛ?

Sɛ wuhu biribi a ebetumi aboa afoforo na agye wɔn nkwa a, dɛn na wobɛyɛ?

OBI BETUMI ABISA SƐ: “Adɛn nti na Yehowa Adansefo ka sɛ afe 1914 yɛ afe titiriw?”

  • Sɛ obi bisa wo saa asɛm no a, wubeyi ano sɛn?

NEA YƐASUA

Nkɔmhyɛ ne nneɛma a ɛrekɔ so wɔ wiase no da nkyɛn a, Bible no san boa yɛn ma yetumi bu akontaa hu sɛ, Onyankopɔn Ahenni no afi ase redi tumi. Sɛ yɛka Ahenni no ho asɛm kyerɛ nkurɔfo na yɛkɔ asafo nhyiam a, ɛkyerɛ sɛ yegye di sɛ afi ase redi tumi.

Ntimu

  • Bere a mmere nson a Daniel nhoma no kaa ho asɛm no baa awiei no, dɛn na esii?

  • Dɛn na ɛma wugye di paa sɛ Onyankopɔn Ahenni no fii ase dii tumi afe 1914?

  • Dɛn na wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ wugye di sɛ, Ahenni no afi ase redi tumi?

Fa Wei Si W’ani So

YƐ NHWEHWƐMU

Abakɔsɛm akyerɛwfo ne afoforo ka sɛ efi afe 1914 reba no, wiase no asesa koraa. Kenkan saa asɛm yi, na wubehu nsɛm a wɔaka no bi.

“Bere Bɛn Na Nnipa Abrabɔ Sɛee Koraa?” (Nyan!, April 2007)

Kenkan saa asɛm yi, na wubehu sɛnea nkɔmhyɛ a ɛwɔ Mateo 24:14 no boaa ɔbarima bi.

“Ná Mepɛ Baseball Sen Biribiara!” (Ɔwɛn-Aban No. 3 2017)

 Yɛyɛ dɛn hu sɛ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel ti 4 no fa Onyankopɔn Ahenni no ho? Kenkan saa asɛm yi, na wubehu.

“Bere Bɛn na Onyankopɔn Ahenni Fii Ase Dii Tumi?—Ɔfã 1” (Ɔwɛn-Aban, October 1, 2014)

Adanse bɛn na ɛma yehu sɛ, “mmere nson” a Daniel ti 4 kaa ho asɛm no baa awiei wɔ afe 1914?

“Bere Bɛn na Onyankopɔn Ahenni Fii Ase Dii Tumi? (Ɔfã 2)” (Ɔwɛn-Aban, November 1, 2014)

a Ɔfã a yɛato din Yɛ Nhwehwɛmu a ɛwɔ adesua yi mu no, sɛ wudu hɔ a, kenkan Ɔwɛn-Aban  mmienu a etwa to no, na wubenya asɛm yi ho nkyerɛkyerɛmu pii.