Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 35

Sɛnea Yebetumi Asisi Gyinae Pa

Sɛnea Yebetumi Asisi Gyinae Pa

Nneɛma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛn mu biara sisi ho gyinae. Ebi ne baabi a yɛbɛtena, adwuma a yɛbɛyɛ de ahwɛ yɛn ho, sɛ́ yɛbɛware anaa yɛrenware. Gyinae a yesisi no bi wɔ hɔ a, ebetumi de ɔhaw abrɛ yɛn anaa ebetumi ama yɛn ani agye. Ebi nso betumi asɛe yɛne Yehowa ntam, anaasɛ ama yɛne ne ntam ayɛ papa. Enti sɛ yesi gyinae pa a, yɛn ani begye, na Yehowa nso ani begye.

1. Sɛn na Bible betumi aboa wo ama woasisi gyinae pa?

Ansa na wubesi gyinae biara no, di kan bɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa wo na si gyinae pa. Afei, dekode a worebesi ho gyinae no, yɛ ho nhwehwɛmu wɔ Bible mu hwɛ sɛ, dɛn na Yehowa ka fa ho. (Kenkan Mmebusɛm 2:3-6.) Ebi wɔ hɔ a, wubehu sɛ Yehowa ahyɛ mmara pɔtee bi a ɛkyerɛ nea ɛsɛ sɛ woyɛ. Sɛ wuhu biribi saa a, bɔ mmɔden sɛ wode bɛyɛ adwuma, efisɛ nea Yehowa aka no, ɛno paa na ɛbɛboa wo.

Nanso yɛmfa no sɛ wokan Bible no, woanhu mmara pɔtee bi nso ɛ? Wobɛyɛ no dɛn? Ɛno mpo no, Yehowa bɛkɔ so akyerɛ wo “ɔkwan a ɛsɛ sɛ wofa so.” (Yesaia 48:17) Ɔbɛyɛ no sɛn? Ɔbɛma woahu nnyinasosɛm anaa Bible mu asɛm bi a ɛbɛboa wo. Dɛn ne nnyinasosɛm? Ɛyɛ nokwasɛm ahorow bi a ɛwɔ Bible mu a ɛma yehu Onyankopɔn adwene ne sɛnea ɔte nka wɔ nneɛma ho. Mpɛn pii no, sɛ yɛkenkan asɛm bi a esii wɔ Bible mu a, ɛma yehu sɛnea Onyankopɔn te nka wɔ nneɛma bi ho. Wei boa yɛn ma yehu n’adwene, na ɛma yetumi sisi gyinae a ɛsɔ n’ani.

2. Sɛ wopɛ sɛ wusi gyinae bi a, nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ wudi kan susuw ho?

Bible ka sɛ: “Onyansafo de, anammɔn biara a obetu no, ɔhwɛ no yiye.” (Mmebusɛm 14:15) Wei kyerɛ sɛ, ansa na wubesi gyinae bi no, ɛsɛ sɛ wotɔ wo bo ase dwen ho yiye. Ɛsɛ sɛ wubisa wo ho sɛ: ‘Bible mu asɛm bɛn na ebetumi aboa me ama masi saa gyinae yi? Gyinae bɛn na misi a, ɛrenkɔfa ɔhaw mmrɛ me? Gyinae a merebesi yi, ɛbɛhaw afoforo anaa ɛrenhaw wɔn?’ Weinom nyinaa da nkyɛn a, asɛm a ehia paa a ɛsɛ sɛ wubisa wo ho ne sɛ, ‘Gyinae a mepɛ sɛ misi yi, ɛbɛma Yehowa ani agye anaa?’—Deuteronomium 32:29.

Yehowa nko ara na ɔfata sɛ ɔkyerɛ yɛn nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne. Sɛ yesua Bible no na sɛ yehu mmara ne nnyinasosɛm a ɛwom no yiye, na yɛde bɔ yɛn bra a, ɛbɛboa yɛn ama yɛatete yɛn ahonim anaa yɛn tiboa. Yɛn ahonim anaa yɛn tiboa na ɛma yehu sɛ biribi ye anaa enye. (Romafo 2:14, 15) Sɛ yɛn ahonim yɛ adwuma yiye a, ɛboa yɛn ma yesisi gyinae pa.

SUA PII KA HO

Ɔfã yi bɛma woahu sɛnea nnyinasosɛm a ɛwɔ Bible mu ne w’ahonim betumi aboa wo ama woasisi gyinae pa.

3. Ma Bible no nkyerɛ wo kwan

Sɛ yɛpɛ sɛ yesi gyinae bi a, Bible nnyinasosɛm bɛboa yɛn sɛn? Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Akyɛde a ɛsom bo bɛn na Yehowa de ama yɛn?

  • Adɛn nti na Yehowa de obiara pɛ ama no?

  • Dɛn na Yehowa de ama yɛn a ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi asisi gyinae pa?

Nnyinasosɛm a ɛwɔ Bible mu no, ɛho nhwɛso baako wɔ Efesofo 5:15, 16. Monkenkan, muwie a, munsusuw ho nhwɛ sɛnea ‘wubenya bere’ de . . .

  • akenkan Bible da biara.

  • ayɛ nneɛma a ɛbɛboa wo ama woayɛ okunu pa, ɔyere pa, ɔwofo pa, anaa abofra pa.

  • akɔ asafo nhyiam.

4. Yɛ nneɛma a ɛbɛboa ama w’ahonim ayɛ adwuma yiye, na woatumi asisi gyinae pa

Sɛ yɛpɛ sɛ yesi gyinae bi, na sɛ mmara pɔtee bi wɔ Bible mu a ɛma yehu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ a, ɛyɛ a ɛnyɛ den sɛ yebesi gyinae pa. Nanso sɛ Bible no nkaa biribi pɔtee a ɛsɛ sɛ yɛyɛ nso ɛ? Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Nneɛma bɛn na onuawa no yɛe sɛnea ɛbɛyɛ a n’ahonim bɛyɛ adwuma yiye, na watumi asi gyinae a ɛbɛsɔ Yehowa ani?

Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma obi si gyinae ma yɛn? Monkenkan Hebrifo 5:14. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Gyinae bi wɔ hɔ a, yenyae a anka obi asi ama yɛn. Nanso sɛnea kyerɛwsɛm no kae no, nneɛma mmienu bi wɔ hɔ a, yɛn ara na ɛsɛ sɛ yehu emu nsonsonoe. Ɛyɛ dɛn ne dɛn?

  • Dɛn na ɛbɛboa wo ama woatete w’ahonim ama ayɛ adwuma yiye na woatumi asisi gyinae pa?

Yɛn ahonim no te sɛ map; ɛkyerɛ yɛn kwan wɔ asetena mu

5. Sɛ obi de n’ahonim si gyinae a, ɛnsɛ sɛ yɛkasa tia no

Obiara ne n’ahonim, enti ɛsono sɛnea obiara besi gyinae bi. Sɛ obi de n’ahonim si gyinae a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛkasa tia no? Wo de, hwɛ nhwɛso mmienu a edidi so yi:

Nhwɛso 1: Sɛ onuawa bi resiesie ne ho akɔ adesua a, ɛyɛ a n’ani gye ho sɛ obetwiw n’anim. Nanso asafo foforo a wakɔ mu no, sɛ anuanom mmea a wɔwɔ hɔ no mu pii hu a, ɛyɛ a ɛhaw wɔn.

Monkenkan Romafo 15:1 ne 1 Korintofo 10:23, 24. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Wohwɛ nea kyerɛwnsɛm mmienu yi ka yi a, gyinae bɛn na onuawa no betumi asi? Sɛ w’ahonim ma wo kwan sɛ wobɛyɛ biribi, na sɛ obi foforo ahonim mma no kwan sɛ ɔbɛyɛ saa a, wobɛyɛ no dɛn?

Nhwɛso 2: Onua bi nim sɛ, sɛ obi nom nsa kakra a, Bible nkasa ntia. Nanso ɔno de, wasi gyinae sɛ ɔbɛtwe ne ho afi ho. Fa no sɛ onua no akɔ apontow bi ase. Oduu hɔ no, ohui sɛ anuanom a wɔwɔ hɔ no renom nsa. Dɛn na ɔbɛyɛ?

Monkenkan Ɔsɛnkafo 7:16 ne Romafo 14:1, 10. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Wohwɛ nea kyerɛwnsɛm mmienu yi ka yi a, gyinae bɛn na onua no betumi asi? Sɛ wuhu sɛ obi reyɛ biribi, na w’ahonim mma wo kwan sɛ wobɛyɛ saa a, wobɛyɛ no dɛn?

 Nneɛma bɛn na woyɛ a ɛbɛboa wo ama woasisi gyinae pa?

1. Srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na si gyinae pa.—Yakobo 1:5.

2. Yɛ nhwehwɛmu wɔ Bible ne nhoma ahorow a ɛboa yɛn ma yɛte Bible no ase mu. Wei bɛboa wo ama woanya nnyinasosɛm a wubetumi de ayɛ adwuma. Afei, nea wopɛ sɛ wusi ho gyinae no, wubetumi ne Kristofo a wɔwɔ osuahu anaa wɔasom akyɛ abɔ ho nkɔmmɔ.

3. Bisa wo ho sɛ, ‘Gyinae a merebesi yi, ebetumi ahaw me ne afoforo ahonim anaa?’

EBINOM KA SƐ: “Wubetumi ayɛ nea wopɛ biara. Ntie nea obi bɛka.”

  • Sɛ yɛpɛ sɛ yesi gyinae bi a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yedwen ho hwɛ sɛnea Onyankopɔn ne afoforo bɛte nka?

NEA YƐASUA

Sɛ yɛpɛ sɛ yesi gyinae bi a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛnea Yehowa te nka wɔ asɛm no ho. Afei, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ gyinae a yɛrebesi no bɛhaw afoforo anaa ɛrenhaw wɔn. Sɛ yetumi yɛ saa a, ɛbɛboa yɛn ama yɛasisi gyinae pa.

Ntimu

  • Wobɛyɛ dɛn asisi gyinae a ɛsɔ Yehowa ani?

  • Nneɛma bɛn na woyɛ a ɛbɛboa ama w’ahonim ayɛ adwuma yiye?

  • Sɛ obi de n’ahonim si gyinae a, dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yegye tom?

Fa Wei Si W’ani So

YƐ NHWEHWƐMU

Kenkan saa asɛm yi, na wubehu sɛnea wubetumi asisi gyinae a ɛsɔ Onyankopɔn ani.

“Sisi Gyinae A Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam” (Ɔwɛn-Aban, April 15, 2011)

Hwɛ video yi, na wubehu sɛnea Yehowa kyerɛ yɛn kwan.

Yehowa Kyerɛ Ne Nkurɔfo Kwan (9:50)

Ná ɛsɛ sɛ ɔbarima bi si gyinae bi. Ná ɛnna fam mma no, nanso hwɛ nea ɛboaa no ma otumi sii saa gyinae no.

Yehowa Remma Yɛn Nsa Nsi Fam Da (5:46)

Sɛ wopɛ sɛ wusi gyinae bi, na mmara pɔtee biara nni Bible mu a ɛbɛma woahu nea ɛsɛ sɛ woyɛ a, hwɛ nea ebetumi aboa wo ama woasi gyinae a ɛsɔ Yehowa ani.

“So Wuhia Bible Mmara Bere Nyinaa?” (Ɔwɛn-Aban, December 1, 2003)