Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 39

Sɛnea Onyankopɔn Bu Mogya

Sɛnea Onyankopɔn Bu Mogya

Mogya ho hia paa. Sɛ obi nni mogya a, ɔrentumi ntena nkwa mu mma ɛnyɛ yiye. Nanso Onyankopɔn nko ara na obetumi akyerɛ yɛn nea yebetumi de mogya ayɛ, ne nea yɛrentumi mfa nyɛ, efisɛ ɔno na ɔbɔɔ yɛn. Ɛnde, dɛn na waka afa mogya ho? Sɛ obi di mogya anaa ɔde fa ne ntini mu kɔ ne nipadua mu a, wayɛ bɔne? Sɛ woresi nneɛma a ɛtete saa ho gyinae a, wobɛyɛ dɛn asi gyinae a ɛsɔ Yehowa ani?

1. Yehowa bu mogya sɛn?

Yehowa ka kyerɛɛ n’asomfo a wɔtenaa ase tete no sɛ: “Ɔhonam biara nkwa ne ne mogya.” (Leviticus 17:14) Yehowa ani so no, mogya gyina hɔ ma nkwa. Esiane sɛ nkwa yɛ akyɛde a ɛsom bo a efi Yehowa hɔ nti, mogya nso yɛ biribi a ɛsom bo paa.

2. Dɛn na Onyankopɔn mpɛ sɛ yɛde mogya yɛ?

Ansa na Kristosom reba no, Yehowa de ahyɛde maa n’asomfo sɛ, ɛnsɛ sɛ wodi mogya. (Kenkan Genesis 9:4 ne Leviticus 17:10.) Bere a Kristosom fii ase no nso, ɔsan sii saa ahyɛde no so. Ɔnam akwankyerɛ kuw no so ka kyerɛɛ Kristofo no sɛ, ‘wɔntwe wɔn ho mfi mogya ho.’—Kenkan Asomafo Nnwuma 15:28, 29.

Sɛ yɛka sɛ obi ntwe ne ho mfi mogya ho a, ɛkyerɛ sɛn? Sɛ dɔkota ka kyerɛ wo sɛ, twe wo ho fi nsã ho a, ɛkyerɛ sɛn? Nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɛnsɛ sɛ wode nsã ka w’ano koraa. Nanso sɛ wudi nnuan a wɔde nsã afra, anaa wode nsã fa wo ntini mu kɔ wo nipadua mu a, wubetumi aka sɛ woatwe wo ho afi nsã ho anaa? Daabi. Saa pɛpɛɛpɛ na mmara a Yehowa ahyɛ sɛ yɛntwe yɛn ho mfi mogya ho no te. Ɛkyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ yedi mogya anaa yɛwe aboa a wɔakum no a wonhwiee ne mogya ngui. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yedi aduan biara a wɔde mogya afra.

Ɛnde, sɛ ɛba sɛ worekɔsa wo ho yare, na sɛ mogya ho asɛm sɔre nso ɛ? Akwan a wɔfa so de mogya yɛ adwuma no bi wɔ hɔ a, etia Onyankopɔn mmara. Ebi ne mogya a wɔde fa obi ntini mu kɔ ne nipadua mu. Ebi wɔ hɔ nso a, ɛnyɛ mogya no ara na wɔde ma onipa no, mmom nneɛma titiriw nnan a ɛka bom yɛ mogya a ɛne mogya mu nkwammoaa kɔkɔɔ, mogya mu nkwammoaa fitaa, mogya mu nkwammoaa ntraantraa, ne mogya mu nsu no, wotumi de emu bi ma onipa no. Wei nso tia Yehowa mmara. Nanso akwan a wɔfa so sa yare no bi wɔ hɔ a, wonhyɛ da nhu mmara pɔtee bi wɔ Bible mu a ɛkasa tia. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, nneɛma titiriw nnan a ɛka bom yɛ mogya no, nnuruyɛfo tumi kyekyɛ mu nketenkete yi biribi fi mu de sa obi yare. Ebi wɔ hɔ nso a, wɔfa ɔkwan bi so de onipa no ara mogya yɛ adwuma, bere a wɔresa no yare. Sɛ yɛrekogye ayaresa, na wɔpɛ sɛ wɔfa akwan yi bi so sa yɛn yare a, yɛn ara na ɛsɛ sɛ yesi ho gyinae. aGalatifo 6:5.

SUA PII KA HO

Ɔkwan a wopɛ sɛ wɔfa so sa wo yare no, sɛ woresi ho gyinae a, wobɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ mogya som bo ma wo sɛnea ɛsom bo ma Yehowa no? Ɔfã yi bɛboa wo ama woanya saa asɛmmisa yi ho mmuae.

3. Sɛ woresi ɔkwan a wopɛ sɛ wɔfa so sa wo yare no ho gyinae a, wobɛyɛ dɛn asi gyinae a ɛsɔ Yehowa ani?

Ɔkwan a wopɛ sɛ wɔfa so sa wo yare no, sɛ woresi ho gyinae a, wobɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ mogya som bo ma wo sɛnea ɛsom bo ma Onyankopɔn no? Hwɛ VIDEO yi. Muwie a, munsusuw ho nhwɛ nea enti a ehia sɛ woyɛ nneɛma a edidi so yi ansa na woasi gyinae.

  • Bɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmma wo nyansa.—Yakobo 1:5.

  • Yɛ nhwehwɛmu na pɛ Bible mu nnyinasosɛm a ebetumi aboa wo ma woasi gyinae pa.—Mmebusɛm 13:16.

  • Hwehwɛ akwan a wɔfa so sa yare wɔ baabi a wote no.

  • Bisa wo ho sɛ, ‘Akwan yi mu nea ɛwɔ he na Bible kasa tia anaa mempɛ?’

  • Gyinae biara a wubesi no, hwɛ sɛ ɛremma wo tiboa mmu wo fɔ.—Asomafo Nnwuma 24:16. b

  • Kae sɛ gyinae bi sɛɛ de, ɛsɛ sɛ obiara de n’ahonim si. Enti ɛnsɛ sɛ woma wo kunu, wo yere, asafo mu panyin, nea ɔne wo sua ade, anaa obi foforo biara si gyinae ma wo.—Romafo 14:12.

  • Gyinae a wubesi no, kyerɛw to hɔ.

4. Yehowa Adansefo rekogye ayaresa a, ɛyɛ a wɔpɛ nea edi mu paa

Sɛ yɛyare na yɛrekogye ayaresa a, yebetumi de Onyankopɔn mmara a ɛfa mogya ho no ayɛ adwuma, na yɛasan anya ayaresa a edi mu anaa? Yiw. Hwɛ VIDEO yi.

Monkenkan Tito 3:2. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Sɛ yɛrekyerɛkyerɛ ɔkwan a yɛpɛ sɛ wɔfa so sa yɛn yare no mu akyerɛ adɔkotafo a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛda obu adi na yɛkyerɛ sɛ yedwo?

Nea yɛrentumi nnye

Nea ɛsɛ sɛ Kristoni biara si ho gyinae

A. Mogya mu nsu

Mogya mu nsu mu nneɛma nketenkete

B. Mogya mu nkwammoaa fitaa

Mogya mu nkwammoaa fitaa mu nneɛma nketenkete

D. Mogya mu nkwammoaa ntraantraa

Mogya mu nkwammoaa ntraantraa mu nneɛma nketenkete

E. Mogya mu nkwammoaa kɔkɔɔ

Mogya mu nkwammoaa kɔkɔɔ mu nneɛma nketenkete

 5. Yebetumi agye mogya mu nneɛma nketenkete anaa?

Nneɛma titiriw nnan na ɛka bom yɛ mogya. Ɛno ne mogya mu nkwammoaa kɔkɔɔ, mogya mu nkwammoaa fitaa, mogya mu nkwammoaa ntraantraa, ne mogya mu nsu. Nneɛma nketenkete c na ɛka bom ma yenya mogya mu nkwammoaa yi mu biara. Wotumi de saa mogya mu nneɛma nketenkete yi yɛ nnuru de ko nyarewa ahorow. Nnuru no bi wɔ hɔ a, sɛ mogya retu obi a, etumi ma etwa.

Sɛ ɛba no mogya mu nneɛma nketenkete a wɔde sa yare a, ɛsɛ sɛ Kristoni biara de n’ahonim si ho gyinae sɛ ɔpɛ anaa ɔmpɛ. Kristoni bi betumi aka sɛ ɔmpɛ sɛ wɔde mogya mu nneɛma nketenkete no mu biara bɛsa no yare. Kristoni foforo nso betumi aka sɛ n’ahonim nhaw no sɛ wɔde mogya mu nneɛma nketenkete bɛsa no yare.

Sɛ woresi wei ho gyinae a, bisa wo ho sɛ:

  • Sɛ me dɔkota bisa me nea enti a mepɛ sɛ wɔde mogya mu nneɛma nketenkete sa me yare anaa nea enti a mempɛ a, sɛn na mɛkyerɛkyerɛ mu akyerɛ no?

OBI BETUMI ABISA SƐ: “Sɛ migye mogya a, na ayɛ dɛn?”

  • Wudwen ho sɛn?

NEA YƐASUA

Yehowa pɛ sɛ yebu mogya sɛ ɛyɛ kronkron anaa ɛsom bo.

Ntimu

  • Adɛn nti na Yehowa bu mogya sɛ ɛyɛ kronkron?

  • Mmara a Onyankopɔn ahyɛ sɛ yɛntwe yɛn ho mfi mogya ho no, yɛyɛ dɛn hu sɛ, sɛ obi gye mogya a, wabu saa mmara no so?

  • Sɛ woresi gyinae afa mogya a wɔde sa yare ho a, wobɛyɛ dɛn asi gyinae a ɛsɔ Yehowa ani?

Fa Wei Si W’ani So

YƐ NHWEHWƐMU

Ansa na wubesi gyinae sɛ wopɛ sɛ wɔde mogya yɛ adwuma bere a wɔresa wo yare anaa wompɛ no, nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ wususuw ho?

“Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” (Ɔwɛn-Aban, October 15, 2000)

Nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ wususuw ho ansa na woasi gyinae sɛ wobɛma wɔde mogya mu nneɛma nketenkete asa wo yare anaa woremma wɔnyɛ saa?

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” (Ɔwɛn-Aban, June 15, 2004)

Kenkan saa asɛm yi, na wubehu nea ɛboaa dɔkotani bi ma ogye toom sɛ mmara a Yehowa ahyɛ afa mogya ho no, ntease wom.

“Nea Onyankopɔn Aka Afa Mogya Ho No, Migye Toom” (Nyan!)

Asafo mu mpanyimfo a wɔwɔ Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw no mu no, hwɛ nea wɔyɛ de boa wɔn nuanom Kristofo.

Yehowa Boa Wɔn a Wɔyare No (10:23)

a Hwɛ Adesua 35 a n’asɛmti ne “Sɛnea Yebetumi Asisi Gyinae Pa.”

b Hwɛ  nkyekyɛm 5, “Yebetumi Agye Mogya Mu Nneɛma Nketenkete Anaa?”; Nsɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu 3, “Akwan a Wɔfa So De Mogya Yɛ Adwuma Wɔ Ayaresa Mu.”

c Nneɛma titiriw nnan a ɛka bom yɛ mogya no, adɔkotafo binom nso hu no sɛ ɛyɛ mogya mu nneɛma nketenkete. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ wokyerɛkyerɛ mu ma wo dɔkota no hu sɛ, mogya oo, mogya mu nkwammoaa kɔkɔɔ oo, mogya mu nkwammoaa fitaa oo, mogya mu nkwammoaa ntraantraa oo, mogya mu nsu oo, wompɛ emu biara.