Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 40

Yɛbɛyɛ Dɛn Ama Yɛn Ho Atew Wɔ Onyankopɔn Ani So?

Yɛbɛyɛ Dɛn Ama Yɛn Ho Atew Wɔ Onyankopɔn Ani So?

Sɛ ɔbaatan resiesie ne ba ho akɔ sukuu a, odi kan guare no, owie a ɔhyɛ no ataade a ani tew kama. Onim sɛ, sɛ abofra no benya apɔwmuden a, ɛsɛ sɛ ne ho tew. Afei nso, sɛ abofra no ho tew a, ɛbɛma afoforo abɔ awofo no din pa. Yɛn Agya Yehowa nso pɛ sɛ yɛn ho tew, efisɛ ɔdɔ yɛn. Ɔpɛ sɛ yedi yɛn ho ni, na yɛma yɛn kasa ne yɛn abrabɔ ho tew. Afei, ɔmpɛ sɛ yedwinnwen nneɛma fĩ ho. Sɛ yɛma yɛn ho tew a, yɛn ara na ɛboa yɛn, na ɛsan hyɛ Yehowa anuonyam.

1. Dɛn na yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yedi yɛn ho ni?

Yehowa aka akyerɛ yɛn sɛ: ‘Yɛnyɛ kronkron.’ (1 Petro 1:16) Sɛ yebetumi ayɛ kronkron a, gye sɛ yedi yɛn ho ni, na yɛma yɛn abrabɔ ho tew. Nneɛma bɛn na yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yedi yɛn ho ni? Ebi ne sɛ yebeguare. Afei, yɛn ntaade yɛ fĩ a, ɛsɛ sɛ yɛhoro, na yesiesie yɛn fie. Bio nso, sɛ yɛwɔ kar a, ɛsɛ sɛ yɛhoro ho kama, na yɛhwɛ sɛ emu tew. Ɛno da nkyɛn a, yebetumi aboa asiesie yɛn Ahenni Asa so. Sɛ yedi yɛn ho ni a, ɛhyɛ Yehowa anuonyam.—2 Korintofo 6:3, 4.

2. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛn ho tew a, suban ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho?

Bible tu yɛn fo sɛ, “yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fĩ nyinaa ho.” (2 Korintofo 7:1) Wei kyerɛ sɛ, biribiara a yɛyɛ a ebetumi asɛe yɛn nipadua ne yɛn adwene no, ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho. Nneɛma a yedwen ho no, ɛsɛ sɛ ɛsɔ Yehowa ani. Ɛno nti, sɛ adwemmɔne ba yɛn tirim a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ntɛm yi fi yɛn adwenem. (Dwom 104:34) Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛma yɛn kasa ho atew.—Kenkan Kolosefo 3:8.

Nneɛma bɛn na sɛ yɛyɛ a ebetumi asɛe yɛn nipadua ne yɛn abrabɔ? Nneɛma bi te sɛ tawa, wii, ne nnubɔne a ɛtete saa betumi asɛe yɛn nipadua. Enti ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho. Sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho a, ɛbɛma yɛanya apɔwmuden, na ɛbɛkyerɛ sɛ nkwa a Yehowa de ama yɛn no som bo ma yɛn. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛn abrabɔ nso ho tew a, nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho? Mmarima bi wɔ hɔ a, wotumi twetwe wɔn barima ma wɔn ho ba, na mmea bi nso tumi de wɔn nsa hyehyɛ wɔn ase ma wɔn ho ba. Afoforo nso hwɛ ponografi anaa aguamansɛm. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛn abrabɔ ho tew a, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho twe yɛn ho fi saa nneɛma yi nyinaa ho. (Dwom 119:37; Efesofo 5:5) Sɛ obi ayɛ saa nneɛma yi bi ama aka ne hɔ a, ebetumi ayɛ den ama no sɛ obegyae, nanso Yehowa betumi aboa no.—Kenkan Yesaia 41:13.

SUA PII KA HO

Sɛ yedi yɛn ho ni a, sɛn na ɛhyɛ Yehowa anuonyam? Sɛ subammɔne bi aka yɛn hɔ a, yɛbɛyɛ dɛn agyae? Ɔfã yi bɛboa yɛn ama yɛanya saa nsɛmmisa yi ho mmuae.

3. Sɛ yedi yɛn ho ni a, ɛhyɛ Yehowa anuonyam

Sɛ yɛhwɛ mmara a Yehowa de maa tete Israelfo no a, ɛma yehu sɛ Yehowa pɛ sɛ yedi yɛn ho ni. Monkenkan Exodus 19:10 ne 30:17-19. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Dɛn na ɛwɔ kyerɛwnsɛm yi mu a ɛma yehu sɛ Yehowa pɛ sɛ yedi yɛn ho ni?

  • Nneɛma bɛn na woyɛ a ɛbɛboa wo ama woakɔ so adi wo ho ni?

Sɛ yebetumi adi yɛn ho ni a, egye bere ne adwumaden. Nanso ɛmfa ho baabi a yɛte anaa sɛnea yɛn sikasɛm te no, yebetumi adi yɛn ho ni ama ayɛ yiye. Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Sɛ wɔn a yɛka asɛmpa no kyerɛ wɔn no hu sɛ yedi yɛn ho ni a, ɔkwan bɛn so na ɛhyɛ Yehowa anuonyam?

4. Sɛ subammɔne bi aka wo hɔ a, wubetumi agyae

Sɛ subammɔne bi aka yɛn hɔ a, Yehowa betumi aboa yɛn ama yɛagyae

Sɛ woyɛ obi a wonom sigaret anaa nnubɔne a, wubegye atom sɛ, sɛ obi nom bi a, ɛnna fam sɛ obegyae. Ade baako a ebetumi aboa wo ama woagyae ne sɛ, ɛyɛ a bisa wo ho sɛ, ‘Saa suban yi, aboa me anaa ahaw me?’ Monkenkan Mateo 22:37-39. Muwie a munsusuw ho nhwɛ sɛnea obi nom tawa anaa nnubɔne a, etumi sɛe . . .

  • ɔne Yehowa ntam.

  • ɔne n’abusuafo ne ne nnamfo ntam.

Sɛ subammɔne bi aka wo hɔ a, tu ho anammɔn, na dwen ho hwɛ nneɛma pɔtee a wubetumi ayɛ na ama woagyae. a Hwɛ VIDEO yi.

Monkenkan Filipifo 4:13. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Sɛ obi wɔ subammɔne bi a, ɔkwan bɛn so na mpaebɔ, Bible a obesua, ne asafo nhyiam a ɔbɛkɔ betumi aboa no ama wagyae?

5. Dɛn na ɛbɛboa wo ma woayi adwemmɔne afi wo tirim, na woagyae subammɔne biara?

Monkenkan Kolosefo 3:5. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Sɛ obi hwɛ ponografi, ɔde aguamansɛm ho mfoni anaa video fa ɛlɛtrɔnik mfiri so mena nkurɔfo, anaa ɔtwetwe ne barima anaa ɔde ne nsa hyehyɛ n’ase sɛnea ɛbɛyɛ a ne ho bɛba a, ne ho ntew wɔ Yehowa ani so. Dɛn na kyerɛwsɛm yi ka a ɛma yehu saa?

  • Yehowa hwɛ kwan sɛ yɛbɛma yɛn abrabɔ ho atew. Wohwɛ a, ntease wom? Adɛn nti na woreka saa?

Hwɛ nea ɛbɛboa wo ma woatumi ayi adwemmɔne afi wo tirim. Hwɛ VIDEO yi.

Yesu maa mfatoho bi a ɛma yehu sɛ, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara ma yɛn abrabɔ ho tew. Kenkan Mateo 5:29, 30. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Ná ɛnyɛ nea Yesu reka ne sɛ yenni yɛn ho dɛm. Mmom na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ, sɛ yɛreyɛ biribi a ɛmma yɛn ho ntew wɔ Yehowa ani so a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nan si fam na yegyae. Sɛ adwemmɔne ba obi tirim a, anammɔn bɛn na ɛsɛ sɛ otu no ntɛm? b

Sɛ worebɔ mmɔden sɛ wubeyi adwemmɔne afi wo tirim a, kae sɛ mmɔden a worebɔ nyinaa Yehowa hu, na n’ani sɔ. Monkenkan Dwom 103:13, 14. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Ebia na wopɛ sɛ wugyae subammɔne bi, nanso wode tare a, na awae. Ɔkwan bɛn so na kyerɛwsɛm yi betumi ahyɛ wo den, na woampa abaw?

Sɛ wohwe ase a, mpa abaw!

Ebia wopɛ sɛ wugyae subammɔne bi. Nanso ɛyɛ yiye ara a, na asan agye agu. Ɛba saa a, ebia wobɛka sɛ ‘Afei de, mabrɛ, merentumi bio!’ Nanso kae sɛ, sɛ obi rekɔ mmirika na sɛ ɔhwe ase a, ɛno nkyerɛ sɛ wadi nkogu anaa ɛsɛ sɛ ɔsan kɔhyɛ ase bio. Sɛ woreko subammɔne bi nso a, saa ara na ɛte. Sɛ wohwe ase a, ɛno nkyerɛ sɛ woadi nkogu, na saa ara nso na ɛnkyerɛ sɛ mmɔden a woabɔ nyinaa ayɛ kwa. Kae sɛ wubetumi ahwe ase. Nanso sɛ ɛba saa a, mfa ahwease nyɛ nna. Yere wo ho, mpa abaw! Yehowa bɛboa wo ama woagyae saa subammɔne no.

EBINOM KA SƐ: “Suban wei de, aka me hɔ. Merentumi nnyae.”

  • Sɛ obi ka saa a, kyerɛwsɛm bɛn na wubetumi de ahyɛ no nkuran ama wahu sɛ Yehowa betumi aboa no ama wagyae subammɔne no?

NEA YƐASUA

Sɛ yedi yɛn ho ni, yɛannwinnwen nneɛma bɔne ho, na yɛma yɛn abrabɔ ho tew a, ɛma yɛsɔ Yehowa ani.

Ntimu

  • Adɛn nti na ehia paa sɛ yɛma yɛn ho tew?

  • Nneɛma bɛn na wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ wudi wo ho ni?

  • Dɛn na ɛbɛboa wo na woannwinnwen nneɛma bɔne ho? Dɛn na ɛbɛboa ama w’abrabɔ ho atew?

Fa Wei Si W’ani So

YƐ NHWEHWƐMU

Sɛ wunni sika mpo a, nneɛma nketenkete bɛn na wubetumi ayɛ de adi wo ho ni?

Apɔwmuden Ne Ahotew—Hohoro Wo Nsa (3:01)

Kenkan saa asɛm yi, na wubehu nneɛma a obi yɛ a ebetumi aboa no ama wagyae sigaretnom.

“Dɛn Na Ɛbɛboa Wo Ama Woagyae Sigaretnom?” (Nyan!, May 2010)

Sɛ obi hwɛ ponografi a, ɔhaw bɛn na ebetumi akɔfa abrɛ no?

“Aguamansɛm—Ɛyɛ Agoru Anaa Ɛyɛ Hu?” (Ɔwɛn-Aban, August 1, 2013)

Ná ɔbarima bi ahwɛ ponografi ara ma aka no hɔ. Hwɛ nea ɛboaa no ma otumi gyaee.

“Mehwee Ase Mpɛn Pii Nanso Midii Nkonim” (Ɔwɛn-Aban No. 4 2016)

a Sɛ wohwɛ ɔfã a yɛato din Yɛ Nhwehwɛmu a ɛwɔ adesua yi mu no a, wubehu asɛm bi a ɛne, “Dɛn Na Ɛbɛboa Wo Ama Woagyae Sigaretnom?” Ɛbɛma woahu nea obi yɛ a ebetumi aboa no ama wagyae sigaretnom.

b Sɛ ɔbarima bi taa twetwe ne barima anaa ɔbea bi taa de ne nsa hyehyɛ n’ase sɛnea ɛbɛyɛ a ne ho bɛba, na sɛ ɔpɛ sɛ ogyae a, asɛm a yɛato din “Ɛyɛ a Megoro Me Ho Ma Me Ho Ba—Mɛyɛ Dɛn Agyae?” betumi aboa no. Saa asɛm no wɔ nhoma a yɛato din Nsɛm a Mmabun Bisa—Mmuae a Ɛbɛboa Wɔn, Ɔfã 1, ti 25.