Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 42

Dɛn Na Bible Ka Fa Sigyadi Ne Aware Ho?

Dɛn Na Bible Ka Fa Sigyadi Ne Aware Ho?

Sɛ wokɔ aman bi so a, ebinom wɔ adwene sɛ, sɛ obi anware a, anigye a ɛde anigye de, ɔrennya bi da. Nanso nea ɛwom ne sɛ, ɛnyɛ awarefo nyinaa na wɔn ani gye, na obi yɛ sigyani nso a, ɛnkyerɛ sɛ n’asɛm yɛ mmɔbɔ. Nokwasɛm ne sɛ, Bible no ka sɛ sigyadi ne aware nyinaa yɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ.

1. Mfaso a ɛwɔ sigyadi so no, ebi ne sɛn?

Bible ka sɛ: ‘Obiara a ɔbɛware no, ebesi no yiye. Nanso nea ɔnware no, ebesi no yiye asen nea ɔware.’ (Kenkan 1 Korintofo 7:32, 33, 38.) Adɛn nti na Bible ka sɛ, sɛ obi yɛ sigyani a, “ebesi no yiye” asen obi a waware? Sɛ Kristoni bi yɛ sigyani a, onni asɛyɛde pii te sɛ obi a waware, efisɛ onni ɔhokafo a ɛsɛ sɛ ɔhwɛ ma ne nsa ka nea ohia. Wei ma onya bere de yɛ nneɛma afoforo. Sɛ nhwɛso no, asigyafo bi tumi yɛ nneɛma pii wɔ Onyankopɔn som mu; wotumi tutu akwan kɔ mmeae afoforo kɔka asɛmpa no wɔ hɔ. Ɛno da nkyɛn a, wotumi nya bere pii de yɛ nneɛma a ɛbɛboa wɔn ama wɔabɛn Yehowa.

2. Sɛ obi ware wɔ mmara kwan so a, mfaso a ɛwɔ so no bi ne sɛn?

Sɛnea yɛadi kan ahu no, sigyadi so wɔ mfaso, na saa ara na aware nso wɔ ne de. Bible ka sɛ: “Baanu ye sen ɔbaako.” (Ɔsɛnkafo 4:9) Kristofo a wɔaware a wɔde Bible nnyinasosɛm yɛ adwuma no, wɔahu sɛ saa asɛm no yɛ nokware. Sɛ ɔbarima ne ɔbea bi ware wɔ mmara kwan so a, ɔbarima no hyɛ bɔ sɛ ɔbɛdɔ ne yere no na wabu no, na wama n’ani aku ne ho. Ɔbea no nso hyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ saa. Esiane sɛ obiara ahyɛ ne yɔnko bɔ nti, ɛboa ma wɔyɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛma aware no agyina. Nanso sɛ ɔbarima ne ɔbea te, na ɔnyɛɛ ne ho ade a, obiara tumi gyaw ne yɔnko hɔ bere a ɔpɛ biara. Mfaso foforo a ɛwɔ aware so ne sɛ, sɛ awarefo no wo a, ɛma mmofra no nya ahobammɔ.

3. Yehowa bu aware sɛn?

Yehowa na ɔhyehyɛɛ aware a edi kan no. Bere a ɔreka ɔbarima ne ɔbea no abom sɛ awarefo no, ɔkaa sɛ: “Ɔbarima begyaw ne papa ne ne maame hɔ na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho.” (Genesis 2:24) Yehowa pɛ sɛ okunu ne ɔyere dodɔ wɔn ho, na wɔbata wɔn ho kosi sɛ wobewu. Ade baako pɛ na Yehowa aka sɛ awarefo betumi agyina so agyae aware. Ɛne sɛ, baako befi ne yɔnko akyi akɔsɛe aware. Ɛba saa a, nea ne ho nni asɛm no wɔ kwan sɛ ogyae aware anaa ɔkɔ so tena aware no ase. a (Mateo 19:9) Ɛno pa ho a, Yehowa mpene awaredodow so.—1 Timoteo 3:2.

SUA PII KA HO

Sɛ woyɛ sigyani anaa woaware a, wobɛyɛ dɛn ama w’ani agye, na wobɛyɛ dɛn ama Yehowa nso ani agye? Ɔfã yi bɛma woanya nsɛmmisa yi ho mmuae.

4. Sɛ woyɛ sigyani a, wobɛyɛ dɛn de saa akyɛde no ayɛ adwuma yiye?

Ná Yesu bu sigyadi sɛ ɛyɛ akyɛde. (Mateo 19:11, 12) Monkenkan Mateo 4:23. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Ná Yesu yɛ sigyani. Sɛn na ɔde saa akyɛde no som Yehowa na ɔde boaa afoforo?

Sɛ Kristofo a wɔyɛ asigyafo de akyɛde a wɔwɔ no som Yehowa a, wɔn ani begye sɛnea Yesu ani gyei no. Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Nneɛma a mfaso wɔ so bɛn na Kristofo a wɔyɛ asigyafo betumi de asi wɔn ani so?

Wunim biribi?

Bible no nkyerɛ mfe pɔtee a ɛsɛ sɛ obi di ansa na waware. Nanso, ɛhyɛ yɛn nkuran sɛ, sɛ yɛpɛ sɛ yɛware a, yɛnhwɛ nhu sɛ ‘yɛnyɛ mmofra bio.’ Adɛn ntia? Efisɛ sɛ obi nnyin pii a, ɛyɛ a nna ho akɔnnɔ a ɛwɔ ne mu no ano yɛ den, na obetumi adi n’akɔnnɔ akyi asi gyinae a ɛnyɛ papa. —1 Korintofo 7:36.

5. Sɛ wopɛ sɛ woware a, tɔ wo bo ase hwehwɛ ɔhokafo a ɔfata

Sɛ obi pɛ sɛ ɔware a, ade baako a ehia sɛ odwen ho yiye paa ne onipa ko a ɔbɛware no. Monkenkan Mateo 19:4-6, 9. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ Kristoni pere ne ho ware?

Wobɛyɛ dɛn ahu sɛ onipa a wopɛ sɛ woware no no bɛyɛ okunu pa anaa ɔyere pa? Bible no betumi aboa wo ama woahu. Nneɛma a wobɛhwɛ no nyinaa, nea ehia paa a ɛsɛ sɛ wohwɛ ne sɛ, ɔdɔ Yehowa anaa. b Monkenkan 1 Korintofo 7:39 ne 2 Korintofo 6:14. Muwie a, munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Sɛ Kristoni bi pɛ sɛ ɔware a, adɛn nti na obi a ɔyɛ Kristoni nko ara na ɛsɛ sɛ ɔware no?

  • Sɛ yɛware obi a ɔnnɔ Yehowa a, wohwɛ a Yehowa bɛte nka sɛn?

Sɛ wode kɔndua to mmoa mmienu a ɛsono wɔn ahoɔden kɔn mu a, wɔn mmienu nyinaa bɛbrɛ. Saa ara na sɛ Kristoni bi ware obi a ɔnsom Yehowa a, wobehyia ɔhaw pii wɔ wɔn aware mu

6. Sɛnea Yehowa hu aware no, saa ara na wuhu no anaa?

Tete no, na Israelfo mmarima no bi tumi gyina biribiara kɛkɛ so gyae aware. Monkenkan Malaki 2:13, 14, 16. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Sɛ obi gyina biribiara kɛkɛ so gyae ne kunu anaa ne yere a, adɛn nti na Yehowa ani nnye ho?

Awaresɛe ne awaregyae nyɛ adepa. Efisɛ ɛma okunu anaa ɔyere a ne ho nni asɛm ne mmofra a wɔwɔ abusua no mu brɛ

Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Sɛ wo kunu anaa wo yere nsom Yehowa a, dɛn na wubetumi ayɛ na mo aware asɔ?

7. Fa Yehowa mmara yɛ adwuma wɔ w’aware mu

Ɛtɔ da a, ebetumi ayɛ den sɛ obi a waware de Yehowa mmara bɛyɛ adwuma wɔ n’aware mu. c Nanso, sɛ otumi yɛ saa a, Yehowa behyira no paa. Hwɛ VIDEO yi.

Monkenkan Hebrifo 13:4. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Wohwɛ a, mmara a Yehowa ahyehyɛ afa aware ho no, ntease wom? Adɛn nti na woreka saa?

Sɛ wokɔ aman pii so a, aban no ahyɛ mmara sɛ, sɛ nnipa mmienu pɛ sɛ wɔware anaa wogyae aware a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ no wɔ mmara kwan so. Yehowa hwɛ kwan sɛ Kristofo bedi saa mmara no so. Monkenkan Tito 3:1. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Sɛ woaware a, wugye di sɛ mo aware no, aban no gye tom anaa?

OBI BETUMI ABISA SƐ: “Metumi ne obi atena a menwaree no. Enti adɛn nti na ɛsɛ sɛ meware?”

  • Sɛ obi ka saa a, dɛn na wobɛka?

NEA YƐASUA

Sigyadi ne aware yɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ. Sɛ awarefo ne asigyafo nyinaa de Yehowa mmara bɔ wɔn bra a, wɔn ani begye, na wɔn koma bɛtɔ wɔn yam.

Ntimu

  • Sɛ obi nwaree a, nneɛma bɛn na obetumi ayɛ de akyerɛ sɛ ɔde ne sigyadi no reyɛ adwuma yiye?

  • Adɛn nti na Bible ka sɛ, sɛ yɛpɛ sɛ yɛware a, yɛnware obi a ɔyɛ Kristoni nko ara?

  • Ade baako pɛ na Bible ka sɛ obi betumi agyina so agyae aware. Ɛyɛ dɛn?

Fa Wei Si W’ani So

YƐ NHWEHWƐMU

Sɛ yɛka sɛ ware wɔ “Awurade mu nko ara” a, ɛkyerɛ sɛn?

“Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” (Ɔwɛn-Aban, July 1, 2004)

Wobɛyɛ dɛn ahu sɛ woaso aware anaa wonsoe? Sɛ woaso aware nso a, wobɛyɛ dɛn ahu onipa ko a ɛsɛ sɛ woware no? Hwɛ video ntiantiaa mmienu yi, na ɛbɛboa wo ama woanya nsɛmmisa yi ho mmuae.

Nhyɛase a Wɔto ma Aware (11:53)

Ná ɛsɛ sɛ onua bi de nneɛma bɔ afɔre na watumi asom Yehowa. Bere a ɔyɛɛ saa no, ohuu sɛ nhyira a Yehowa de ama no no som bo koraa sen nea ɔde abɔ afɔre no.

Ná Mepɛ Sɛ Ɔno Nso Sua Bible No Hu Nokware No (1:56)

Sɛ obi pɛ sɛ ogyae aware, anaa ɔne ne kunu anaa ne yere tetew mu a, nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ odi kan susuw ho?

“Di ‘Nea Onyankopɔn Aka Abom No’ Ni” (Ɔwɛn-Aban, December 2018)

a Sɛ yɛde awaresɛe to nkyɛn a, biribi wɔ hɔ a obi betumi agyina so atetew ne ho afi ne hokafo ho anaa? Hwɛ Nsɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu 4.

b Wokɔ aman bi so a, awofo na wɔhwehwɛ okunu anaa ɔyere ma wɔn mma. Mmeae a ɛtete saa no, sɛ awofo rehwehwɛ okunu anaa ɔyere ama wɔn ba a, ɛnyɛ onipa no sika anaa ne dibea na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ, mmom ɛsɛ sɛ wɔhwɛ sɛ ɔdɔ Yehowa. Sɛ wɔyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ wɔdɔ wɔn ba no.

c Sɛ wo ne obi te na sɛ monwaree a, wo ara na ɛsɛ sɛ wusi gyinae sɛ wobɛware onipa no anaa worenware no.