Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 45

Dɛn Na Yɛyɛ a Ɛkyerɛ Sɛ Yennyina Ɔfã Biara Akyi?

Dɛn Na Yɛyɛ a Ɛkyerɛ Sɛ Yennyina Ɔfã Biara Akyi?

Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ, ɛnsɛ sɛ ‘wɔka wiase no ho’ anaa wɔde wɔn ho bɔ wiase no. (Yohane 15:19) Wei kyerɛ sɛ, sɛ ɛba amanyɔsɛm anaa akodi a, ɛnsɛ sɛ yɛtaa ɔfã biara akyi. Nanso yɛreka yi, ɛnna fam sɛ yɛbɛyɛ saa. Ɛtɔ da a, esiane sɛ yenni ɔfã biara nti, ebinom tumi di yɛn ho fɛw anaa wɔserew yɛn. Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn akɔ so adi Yehowa Nyankopɔn nokware, na yɛankogyina ɔfã biara akyi?

1. Sɛn na nokware Kristofo hu nnipa aban?

Kristofo bu aban a edi tumi wɔ ɔman a wɔte mu no, na Yesu asɛm a ɔkaa sɛ “muntua Kaesare de mma Kaesare” no, wɔde yɛ adwuma. Ɛno nti, mmara biara a aban no ahyɛ no, wodi so. Ebi ne sɛ, wotua tow. (Marko 12:17) Bible ma yehu sɛ, sɛ ɛnyɛ Yehowa na ama kwan a, anka nnipa aban biara rentumi nni tumi. (Romafo 13:1) Wei ma yehu sɛ, tumi a nnipa aban wɔ no nnu Yehowa de ho baabiara. Enti yɛn de, Onyankopɔn na yɛde yɛn ani to no so, na yenim sɛ n’Ahenni no nko ara na ebetumi ayi nnipa haw afi hɔ.

2. Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yenni ɔfã biara?

Yesu amfa ne ho anhyehyɛ amanyɔsɛm mu. Saa ara na yɛn nso, yɛmfa yɛn ho nhyehyɛ amanyɔsɛm mu. Bere bi, Yesu yɛɛ anwonwade bi. Bere a nkurɔfo a wɔwɔ hɔ no hui no, wɔyɛe sɛ wɔbɛkyere no asi no hene. Nanso, wamfa ne ti annye. (Yohane 6:15) Adɛn ntia? Akyiri yi ɔkaa sɛ, “m’Ahenni mfi wiase.” (Yohane 18:36) Yɛn a yɛyɛ Yesu akyidifo nso, nneɛma bɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yennyina ɔfã biara akyi? Baako ne sɛ, yɛnkɔ ɔko. (Kenkan Mika 4:3.) Afei nso, ɛwom sɛ yemmu ɔman no ahyɛnsode te sɛ frankaa animtiaa, nanso yɛmfa nidi soronko biara mma no. (1 Yohane 5:21) Bio nso, yɛntaa amanyɔkuw anaa frankaatufo biara akyi, na saa ara nso na yɛnkasa ntia wɔn. Yɛyɛ saa nneɛma yi nyinaa de kyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni no nko ara na yɛtaa akyi anaa yɛde yɛn ho ato so.

SUA PII KA HO

Tebea ahorow bi wɔ hɔ a, ebetumi ama ayɛ den sɛ yɛrennyina ɔfã biara akyi. Tebea a ɛtete saa mu no, dɛn na yɛbɛyɛ na yɛasɔ Yehowa ani? Yebesusuw saa asɛm yi ho wɔ ɔfã yi mu.

3. Nokware Kristofo nnyina ɔfã biara akyi

Yebetumi asuasua nhwɛso pa a Yesu ne n’akyidifo no yɛe no. Monkenkan Romafo 13:1, 5-7 ne 1 Petro 2:13, 14. Afei, hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛda obu adi kyerɛ aban atumfoɔ?

  • Nneɛma bɛn na yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase hyɛ atumfoɔ no ase?

Sɛ ɔko si aman mmienu ntam a, ɛyɛ a aman bi tumi ka sɛ wonnyina ɔfã biara akyi, nanso wobɛkɔ mu no, na wɔyɛ nneɛma bi de boa aman a wɔreko no. Enti sɛ yɛka sɛ obi nnyina ɔfã biara akyi a, dɛn paa na ɛkyerɛ? Monkenkan Yohane 17:16. Afei, hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Sɛ yɛka sɛ obi nnyina ɔfã biara akyi a, ɛkyerɛ sɛn?

Sɛ ɛba sɛ atumfoɔ anaa aban no ka sɛ yɛ biribi a etia Onyankopɔn mmara a, dɛn na wobɛyɛ? Monkenkan Asomafo Nnwuma 5:28, 29. Afei, hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Sɛ aban no hyehyɛ mmara bi, na sɛ ɛne Onyankopɔn mmara nhyia a, hena na ɛsɛ sɛ yetie no?

  • Tebea ahorow bi wɔ hɔ a, sɛ Kristoni bi hyia a, ɛnsɛ sɛ otie aban no. Ebi ne dɛn?

4. Nneɛma a yedwinnwen ho ne nneɛma a yɛyɛ no, ɛsɛ sɛ ɛkyerɛ sɛ yennyina ɔfã biara akyi

Monkenkan 1 Yohane 5:21. Afei, hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Adɛn nti na Ayenge sii gyinae sɛ ɔrennɔm amanyɔkuw biara anaa ɔrenkyia frankaa?

  • Wohwɛ a, osii gyinae pa?

Tebea afoforo bɛn na yehyia a, ebetumi ama ayɛ den sɛ yɛrennyina ɔfã biara akyi? Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Sɛ agokansi bi rekɔ so wɔ aman mmienu anaa nea ɛboro saa ntam a, yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yennyina ɔfã biara akyi?

  • Sɛ aban bi si gyinae, na sɛ ɛkɔ tia wo anaasɛ ɛboa wo mpo a, wobɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ wunnyina ɔfã biara akyi?

  • Wɔn a yɛne wɔn bɔ, ne amanneɛbɔ a yɛte wɔ TV, radio, anaa intanɛt so no betumi ama ayɛ den sɛ yɛrennyina ɔfã biara akyi. Ɔkwan bɛn so?

Tebea ahorow bɛn mu na ɛsɛ sɛ Kristoni hwɛ yiye na wanka biribi anaa wanyɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ ogyina ɔfã bi akyi?

OBI BETUMI ABISA SƐ: “Adɛn nti na wunkyia frankaa anaa wonto ɔman nnwom?”

  • Obi bisa saa a, wubeyi ano sɛn?

NEA YƐASUA

Kristofo yɛ nea wobetumi biara sɛ wɔremfa wɔn ho mfɔrefɔre amanyɔsɛm. Enti wɔde wɔn nsusuwii, wɔn nneyɛe, ne wɔn kasa nyinaa kyerɛ sɛ wonnyina ɔfã biara akyi.

Ntimu

  • Ɔman biara a yɛte mu no, sɛn na ɛsɛ sɛ yehu aban a ɛwɔ hɔ no?

  • Sɛ ɛba amanyɔsɛm a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yegyina ɔfã biara akyi?

  • Tebea ahorow bɛn na ebetumi ama ayɛ den sɛ yɛrennyina ɔfã biara akyi?

Fa Wei Si W’ani So

YƐ NHWEHWƐMU

Hwɛ video yi, na wubehu nneɛma bi a ebia ɛho behia sɛ yɛde bɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrennyina ɔfã biara akyi.

Yehowa Nnii Yɛn Huammɔ Da (3:14)

Dɛn na mmusua betumi ayɛ de asiesie wɔn ho, na sɛ wohyia tebea bi a ebetumi ama ayɛ den sɛ wɔrennyina ɔfã biara akyi a, wɔahu nea wɔbɛyɛ?

Kura Ɔfã Biara a Yenni No Mu Wɔ Baguam (4:25)

Ebinom adwene yɛ wɔn sɛ, sɛ obi bɔ ne man ho ban a, ɛyɛ abasobɔde a ɛsen biara a obetumi anya wɔ n’asetenam. Nanso hwɛ nea enti a yebetumi aka sɛ saa asɛm no nyɛ nokware.

“Onyankopɔn Fam De Ade Nyinaa Betumi Ayɛ Yiye” (5:19)

Sɛ worehwehwɛ adwuma a, wobɛyɛ dɛn apaw adwuma a ɛremma womfa wo ho mfɔrefɔre wiase no?

“Obiara Bɛsoa N’ankasa Adesoa” (Ɔwɛn-Aban, March 15, 2006)