Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 46

Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wuhyira Wo Ho So Na Wobɔ Asu?

Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wuhyira Wo Ho So Na Wobɔ Asu?

Ansa na wobɛbɔ asu no, ɛsɛ sɛ wuhyira wo ho so ma Yehowa. Sɛ yɛka sɛ obi ahyira ne ho so a, ɛkyerɛ sɛn? Ɛkyerɛ sɛ onii no abɔ mpae ahyɛ Yehowa bɔ sɛ ɔbɛsom ɔno nko ara, na ɔbɛma n’apɛde ahia no asen biribiara. (Dwom 40:8) Sɛ ɔyɛ saa wie a, obetumi abɔ asu. Ɛno bɛma afoforo ahu sɛ wahyira ne ho so ama Yehowa. Gyinae a ɛho hia paa a obi betumi asi wɔ n’asetena mu ne sɛ obehyira ne ho so ama Yehowa. Sɛ obi si saa gyinae a ɛho hia yi a, ɛbɛsesa n’abrabɔ koraa. Ɛnde, dɛn na ɛbɛma obi atu saa anammɔn yi?

1. Dɛn na ɛma obi si gyinae sɛ obehyira ne ho so?

Nea enti a yehyira yɛn ho so ma Yehowa ne sɛ, yɛdɔ no. (1 Yohane 4:10, 19) Bible tu yɛn fo sɛ, yɛmfa yɛn ‘koma nyinaa ne yɛn kra nyinaa ne yɛn adwene nyinaa ne yɛn ahoɔden nyinaa nnɔ Yehowa yɛn Nyankopɔn.’ (Marko 12:30) Sɛ obi ka sɛ ɔdɔ Onyankopɔn a, na onwiei. Ɛsɛ sɛ ɔde n’abrabɔ nso kyerɛ sɛ ɔdɔ no. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ ɔbarima ne ɔbea bi dɔ wɔn ho a, wosi gyinae sɛ wɔbɛware. Saa ara na yɛn nso, sɛ yɛdɔ Yehowa a, yebesi gyinae ahyira yɛn ho so ama no na yɛabɔ asu.

2. Wɔn a wɔbɔ asu bɛyɛ Yehowa Adansefo no, nhyira bɛn na wonya?

Sɛ wobɔ asu a, wobɛba abɛka Yehowa abusua no ho. Wobɛba abehu sɛ ɔdɔ wo paa, na wo ne n’adamfofa mu bɛyɛ den asen seesei. (Kenkan Malaki 3:16-18.) Yehowa bɛba abɛyɛ w’Agya. Ɛno da nkyɛn a, wobɛba abehu sɛ, sɛɛ wowɔ anuanom mmarima ne mmea wɔ wiase baabiara a wɔdɔ Yehowa, na wɔdɔ wo. (Kenkan Marko 10:29, 30.) Nanso, ansa na wubetumi abɔ asu no, nneɛma bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ woyɛ. Ɛsɛ sɛ wusua Yehowa ho ade, wodɔ no, na wunya ne Ba no mu gyidi. Afei, ɛsɛ sɛ wuhyira wo ho so ma Yehowa. Sɛ woyɛ saa nneɛma yi na wobɔ asu a, na woasi nkwa kwan no so; w’ani begye, na wobɛtena ase daa. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: ‘Asubɔ na seesei egye yɛn nkwa.’1 Petro 3:21.

SUA PII KA HO

Ɔfã yi bɛma woahu nea enti a ehia sɛ wuhyira wo ho so ma Yehowa na wobɔ asu.

3. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa paw onii a yɛbɛsom no

Tete no, na Israelfo no bi adwene yɛ wɔn sɛ wobetumi asom Yehowa, na wɔasan asom ɔbosom bi a wɔfrɛ no Baal. Nanso Yehowa ka kyerɛɛ ne diyifo Elia sɛ, ɔmma Israelfo no nhu sɛ wɔrentumi nyɛ saa mma ɛnyɛ yiye. Monkenkan 1 Ahene 18:21. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Gyinae bɛn na na ɛsɛ sɛ Israelfo no si?

Sɛnea na ɛsɛ sɛ Israelfo no si gyinae sɛ wɔbɛsom Yehowa anaa wɔbɛsom abosom no, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛpaw onii a yɛbɛsom no. Monkenkan Luka 16:13. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Adɛn nti na yɛrentumi nsom Yehowa nsan nsom obi anaa biribi foforo biara?

  • Yɛbɛyɛ dɛn ama Yehowa ahu sɛ ɔno na yɛpɛ sɛ yɛsom no?

4. Ɔdɔ a Yehowa ada no adi akyerɛ wo no, dwinnwen ho

Yehowa ama yɛn akyɛde a ɛsom bo bebree. Dɛn na yɛn nso yebetumi ayɛ ama no? Hwɛ VIDEO yi.

Nneɛma bɛn na Yehowa ayɛ ama wo a ɛkyerɛ sɛ ɔdɔ wo? Monkenkan Dwom 104:14, 15 ne 1 Yohane 4:9, 10. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Nneɛma a Yehowa de akyɛ wo no mu nea ɛwɔ he na w’ani sɔ paa?

  • Sɛ wohwɛ nneɛma a Yehowa de akyɛ wo no a, ɛma wote nka sɛn wɔ ne ho?

Sɛ obi kyɛ yɛn biribi a yɛn ani gye ho paa a, ɛyɛ a yɛpɛ sɛ yɛkyerɛ ho anisɔ. Monkenkan Deuteronomium 16:17. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Sɛ wohwɛ nneɛma a Yehowa ayɛ ama wo no a, dɛn na wo nso wopɛ sɛ woyɛ de kyerɛ ho anisɔ?

5. Sɛ wuhyira wo ho so a, wubenya nhyira bebree

Nnipa pii adwene yɛ wɔn sɛ, sɛ wogye din, wonya adwuma papa bi yɛ, anaa wonya sika a, ɛno na ɛbɛma wɔn ani agye. Wohwɛ a, saa asɛm no yɛ nokware? Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Ɛwom, na onua no ani gye bɔɔlbɔ ho paa, nanso adɛn nti na ogyaee?

  • Sɛnea yehui wɔ video no mu no, osii gyinae sɛ obehyira ne ho so ama Yehowa, na ɔremma bɔɔlbɔ nnye no mmɔ so. Wohwɛ a, osii gyinae pa? Adɛn nti na woreka saa?

Ansa na ɔsomafo Paul rebɛyɛ Kristoni no, na ɔyɛ adwuma a anuonyam wom. Ná wasua Yudafo mmara, na ɔkyerɛkyerɛfo bi a wagye din paa na ɔkyerɛɛ no ade. Nanso, ogyaw ne nyinaa hɔ bɛyɛɛ Kristoni. Paul nuu ne ho anaa? Monkenkan Filipifo 3:8. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Nneɛma a Paul gyaw hɔ bɛyɛɛ Kristoni no, adɛn nti na ɔkaa sɛ ɛyɛ “nwura dodow” anaa bɔɔla?

  • Bere a ɔde saa nneɛma no bɔɔ afɔre no, dɛn na onyae?

  • Sɛ obi si gyinae sɛ ɔbɛsom Yehowa, na obi nso si gyinae sɛ ɔbɛyɛ nea n’ankasa pɛ a, wɔn mu hena na wasi gyinae pa? Adɛn nti na woreka saa?

Paul de nneɛma pii bɔɔ afɔre ansa na ɔrebɛyɛ Kristoni. Nanso nhyira a onyae no, na ɛdɔɔso koraa sen nneɛma a ɔde bɔɔ afɔre no

EBINOM KA SƐ: “Minim sɛ wei ne nokware no. Nanso, menyɛɛ m’adwene sɛ mɛbɔ asu.”

  • Wohwɛ a, mfaso wɔ so sɛ wubehyira wo ho so ama Yehowa anaa? Adɛn nti na woreka saa?

NEA YƐASUA

Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa nti na yehyira yɛn ho so ma no, na yɛbɔ asu.

Ntimu

  • Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn koma nyinaa dɔ Yehowa na yɛsom no?

  • Wɔn a wɔabɔ asu abɛyɛ Yehowa Adansefo no, nhyira bɛn na Yehowa de ma wɔn?

  • Wopɛ sɛ wuhyira wo ho so ma Yehowa anaa?

Fa Wei Si W’ani So

YƐ NHWEHWƐMU

Hwɛ video yi, na wubehu nea enti a ɔbea bi a na ɔto nnwom ne ɔbarima bi a na ɔbɔ bɔɔl sii gyinae sɛ wobehyira wɔn ho so ama Yehowa.

Mmabun Bisa Sɛ—Ɛdɛn na Mede M’asetena Bɛyɛ?​—Gyinae a Ebinom Asi (6:54)

Kenkan Ɔwɛn-Aban yi, na wubehu nneɛma foforo nti a ɛsɛ sɛ wuhyira wo ho so ma Yehowa.

“Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wuhyira Wo Ho So Ma Yehowa?” (Ɔwɛn-Aban, January 15, 2010)

Hwɛ nnwom ho video yi, na wubehu sɛnea wɔn a wohyira wɔn ho so ma Yehowa no ani gye.

Mede Me Nkwa Ma Wo (4:30)

Kenkan asɛm a yɛato din “Mibisaa Me ho Mfe Pii Sɛ, ‘Adɛn Nti na Yɛwɔ Ha?’” a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi mu no, na wubehu nea ɛmaa ɔbea bi sii gyinae sɛ ɔde Yehowa som bedi kan wɔ n’asetena mu.

“Bible Tumi Sesa Nnipa” (Ɔwɛn-Aban, November 1, 2012)