Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 48

Hwɛ W’ayɔnkofa Yiye

Hwɛ W’ayɔnkofa Yiye

Adamfo de, wowɔ bi a, eye. Sɛ w’ani gye a, wo ne no ara, sɛ ɛto nea ɛyɛ den nso a, ɔwɔ hɔ ma wo. Nanso Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ, ɛnyɛ obiara na ɛsɛ sɛ yɛfa no adamfo. Ɛnde wobɛyɛ dɛn ahu sɛ asomasi anaa ɔbenten bɛyɛ adamfo pa? Nsɛmmisa a edidi so yi betumi aboa wo.

1. Ɔkwan bɛn so na yɔnko a wobɛfa no betumi ama w’abrabɔ ayɛ papa anaa asɛe?

Wɔtaa ka sɛ, kyerɛ me w’adamfo na menkyerɛ wo wo suban. Saa asɛm no kyerɛ sɛ, wɔn a yɛfa wɔn nnamfo no, ɛnyɛ den koraa sɛ yebesuasua wɔn suban. Sɛ ɛyɛ sohyia midia so mpo a, yetumi suasua wɔn. Saa pɛpɛɛpɛ na Bible no ka. Ɛka sɛ: “Nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo, na nea ɔne nkwaseafo bɔ no, ebewie no bɔne.” (Mmebusɛm 13:20) Sɛ wofa wɔn a wɔdɔ Yehowa na wɔsom no no nnamfo a, wobetumi aboa wo ama woabɛn no, na woasisi gyinae pa. Nanso, sɛ wofa wɔn a wɔnnɔ Yehowa nnamfo a, wobetumi ama woatwe wo ho afi Yehowa ho. Wei nti, Bible tu yɛn fo sɛ, sɛ yɛpɛ sɛ yɛfa adamfo a, yɛnyɛ ahwɛyiye! Sɛ yɛfa nnamfo a wɔdɔ Nyankopɔn a, wɔbɛboa yɛn ama yɛn suban ayɛ papa, na yɛn nso yɛbɛboa wɔn ama wɔanya suban pa. Nnamfo pa ‘hyehyɛ wɔn ho nkuran, na wɔhyehyɛ wɔn ho den.’—1 Tesalonikafo 5:11.

2. Sɛ yɛfa nnamfo pa a, ɛma Yehowa te nka sɛn, na yɛfa nnamfo bɔne nso a, ɔte nka sɛn?

Ɛnyɛ obiara kɛkɛ na Yehowa fa no adamfo. Bible ka sɛ, “Atreneefo na wɔyɛ ne nnamfo paa.” (Mmebusɛm 3:32) Enti sɛ yɛfa obi a ɔnnɔ Yehowa adamfo a, wohwɛ a ɔbɛte nka sɛn? Ɛbɛyɛ no yaw paa! (Kenkan Yakobo 4:4.) Nanso sɛ yɛfa wɔn a wɔdɔ Yehowa no nnamfo a, n’ani begye, na ɔno nso bɛfa yɛn adamfo.—Dwom 15:1-4.

SUA PII KA HO

Ɔfã yi bɛma woahu nea enti a ɛho hia paa sɛ wohwɛ w’ayɔnkofa yiye. Afei nso, ɛbɛma woahu sɛnea wubetumi anya nnamfo pa.

3. Hwɛ yiye na woamfa wɔn a wɔnnɔ Yehowa nnamfo

Wɔn a wɔnnɔ Yehowa, na wɔmfa ne mmara nsɛm mmɔ wɔn bra no, ɛnsɛ sɛ yɛfa wɔn nnamfo. Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Sɛ yɛanhwɛ yiye a, yɛne nkurɔfo a wɔnnɔ Yehowa bɛbɔ bere a yɛn ani nna. Ɔkwan bɛn so?

Monkenkan 1 Korintofo 15:33. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Nnipa bɛn na ɛnsɛ sɛ yɛne wɔn bɔ fekuw? Adɛn ntia?

Monkenkan Dwom 119:63. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Dɛn na ɛsɛ sɛ wohwɛ ansa na woafa obi adamfo?

Sɛ wode aduaba baako a aporɔw fra nea ɛmporɔwee a, ne nyinaa bɛsɛe. Sɛ w’adamfo baako pɛ mpo nnɔ Yehowa a, ɔhaw bɛn na ebetumi akɔfa abrɛ wo?

4. Sɛ obi yɛ abofra oo, ɔpanyin oo, ɔwɔ sika oo, onni bi oo, ofi he oo, ɔte sɛn oo, obetumi abɛyɛ yɛn adamfo

Bible ka Israelfo mmienu bi a na wɔyɛ nnamfo pa ho asɛm. Yɛfrɛ wɔn Dawid ne Yonatan. Ná Yonatan anyin sen Dawid koraa. Afei nso, na Yonatan yɛ ɔhene ba. Nanso, na mframa mfa ɔne Dawid ntam. Monkenkan 1 Samuel 18:1. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Ɛnyɛ yɛn atipɛnfo anaa wɔn a yɛne wɔn wɔ dibea baako nko ara na ɛsɛ sɛ yɛfa wɔn nnamfo. Adɛn ntia?

Monkenkan Romafo 1:11, 12. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Ɔkwan bɛn so na nnamfo a wɔdɔ Yehowa betumi ahyɛ wɔn ho nkuran?

Hwɛ VIDEO yi, na wubehu sɛnea aberante bi nyaa adamfo bi a na ɔnhwɛ kwan koraa. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Nnipa a na Akil ne wɔn bɔ wɔ sukuu mu no, adɛn nti na na ɛhaw n’awofo?

  • Adɛn nti na na Akil pɛ sɛ ɔne saa nkurɔfo no bɔ?

  • Akil tee nka sɛ ɔnyɛ ankonam bio. Dɛn na ɛboaa no?

5. Sɛnea wubetumi anya nnamfo pa

Hwɛ VIDEO yi, na wubehu nea ɛbɛboa wo ama woanya nnamfo pa, ne nea woyɛ a, ɛbɛma woayɛ adamfo pa.

Monkenkan Mmebusɛm 18:24 ne 27:17. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Dɛn na nnamfo pa yɛ de boa wɔn ho?

  • Wowɔ nnamfo a wɔte saa anaa? Sɛ wunni bi a, wobɛyɛ dɛn anya bi?

Monkenkan Filipifo 2:4. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Sɛ wubetumi anya nnamfo pa a, ɛsɛ sɛ w’ankasa woyɛ adamfo pa. Wobɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ woyɛ adamfo pa?

Sɛ wubetumi anya nnamfo pa a, ɛsɛ sɛ w’ankasa woyɛ adamfo pa

EBINOM KA SƐ: “Adamfo biara yɛ adamfo.”

  • Sɛ obi ka saa a, dɛn na wobɛka?

NEA YƐASUA

Sɛ yɛfa nnamfo pa a, ɛma Yehowa ani gye, na ɛboa yɛn ankasa.

Ntimu

  • Wohwɛ a, wɔn a yɛfa wɔn nnamfo no, ɛho hia Yehowa anaa? Adɛn nti na woreka saa?

  • Henanom na ɛnsɛ sɛ yɛfa wɔn nnamfo?

  • Wobɛyɛ dɛn anya nnamfo pa? Sɛ wunya bi a, dɛn na wobɛyɛ na ama mo adamfofa no mu ayɛ den?

Fa Wei Si W’ani So

YƐ NHWEHWƐMU

Sɛ wowɔ nnamfo pa, na sɛ wuhyia ɔhaw bi a, wɔbɛboa wo sɛn?

“Wo Ne Wo Nuanom Mfa Nnamfo Denneennen Ansa Na Awiei No Aba” (Ɔwɛn-Aban, November 2019)

Kenkan saa asɛm yi, na wubehu nea woyɛ a ɛbɛboa wo ma woanya nnamfo pa.

“Mɛyɛ Dɛn Anya Nnamfo Pa?” (Nsɛm a Mmabun Bisa—Mmuae a Ɛbɛboa Wɔn, Ɔfã 1, ti 8)

Sɛ obi pɛ sɛ ɔfa adamfo wɔ intanɛt so a, nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ osusuw ho?

Wokɔ Sohyial Nɛtwɛk So a, Hwɛ Yie (4:12)

Kenkan asɛm a yɛato din “Na Merehwehwɛ Agya” a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi mu no, na wubehu nea ɛboaa ɔbarima bi ma ohuu sɛ, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ n’ayɔnkofa yiye.

“Bible Tumi Sesa Nnipa” (Ɔwɛn-Aban, April 1, 2012)